< איוב 7 >

הלא-צבא לאנוש על- (עלי-) ארץ וכימי שכיר ימיו 1
“Asase so som nyɛ den mma onipa anaa? Ne nkwa nna nte sɛ ɔpaani deɛ?
כעבד ישאף-צל וכשכיר יקוה פעלו 2
Sɛdeɛ akoa ani gyina anwummerɛ sunsumma, anaasɛ ɔpaani ho pere no nʼakatua ho no,
כן הנחלתי לי ירחי-שוא ולילות עמל מנו-לי 3
saa ara na wɔatwa abosome hunu ato me hɔ, ne anadwo a ɔhaw wɔ mu ama me.
אם-שכבתי-- ואמרתי מתי אקום ומדד-ערב ושבעתי נדדים עדי-נשף 4
Sɛ meda a, medwene bisa sɛ, ‘Ɛberɛ bɛn na adeɛ bɛkye?’ Nanso anadwo twam nkakrankakra, na mepere kɔsi ahemadakye.
לבש בשרי רמה וגיש (וגוש) עפר עורי רגע וימאס 5
Asonsono ne aporɔporɔ ahyɛ me honam ma, me honam asɛe na ɛrefiri nsuo.
ימי קלו מני-ארג ויכלו באפס תקוה 6
“Me nna kɔ ntɛm sene ɔnwomfoɔ akurokurowa, na ɛkɔ awieeɛ a anidasoɔ biara nni muo.
זכר כי-רוח חיי לא-תשוב עיני לראות טוב 7
Ao Onyankopɔn, kae sɛ me nkwanna te sɛ ahomeɛ; na merennya anigyeɛ bio da.
לא-תשורני עין ראי עיניך בי ואינני 8
Ani a ɛhunu me seesei renhunu me bio; mobɛhwehwɛ me, nanso na menni hɔ bio.
כלה ענן וילך כן יורד שאול לא יעלה (Sheol h7585) 9
Sɛdeɛ omununkum yera na ɛtu korɔ no, saa ara na deɛ ɔkɔ damena mu no nsane mma bio. (Sheol h7585)
לא-ישוב עוד לביתו ולא-יכירנו עוד מקמו 10
Ɔrensane mma ne fie da biara da; nʼatenaeɛ renkae no bio.
גם-אני לא אחשך-פי אדברה בצר רוחי אשיחה במר נפשי 11
“Ɛno enti meremmua mʼano; mɛfiri me honhom ahoyera mu akasa, mɛfiri me kra ɔyea mu anwiinwii.
הים-אני אם-תנין כי-תשים עלי משמר 12
Meyɛ ɛpo anaa aboa kɛseɛ a ɔwɔ ebunu mu anaa, na mode me ahyɛ ɔwɛmfoɔ nsa yi?
כי-אמרתי תנחמני ערשי ישא בשיחי משכבי 13
Sɛ medwene sɛ menya awerɛkyekyerɛ wɔ me mpa so, na mʼakonwa adwodwo mʼanwiinwii ano a,
וחתתני בחלמות ומחזינות תבעתני 14
ɛno mpo na wode adaeɛso yi me hu na wode anisoadehunu hunahuna me,
ותבחר מחנק נפשי מות מעצמותי 15
ɛno enti mepɛ akɔmfohyɛ ne owuo, sene me onipadua yi.
מאסתי לא-לעלם אחיה חדל ממני כי-הבל ימי 16
Memmu me nkwa; mentena ase afebɔɔ. Monnyaa me; na me nna nka hwee.
מה-אנוש כי תגדלנו וכי-תשית אליו לבך 17
“Ɔdasani ne hwan a ne ho hia wo sei, na wʼani ku ne ho,
ותפקדנו לבקרים לרגעים תבחננו 18
na wohwehwɛ ne mu anɔpa biara na wosɔ no hwɛ ɛberɛ biara?
כמה לא-תשעה ממני לא-תרפני עד-בלעי רקי 19
Worenyi wʼani mfiri me so da, anaasɛ worennyaa me ɛberɛ tiawa bi mpo anaa?
חטאתי מה אפעל לך-- נצר האדם למה שמתני למפגע לך ואהיה עלי למשא 20
Sɛ mayɛ bɔne a, ɛdeɛn na mayɛ woɔ, Ao adasamma so wɛmfoɔ? Adɛn enti na watu wʼani asi me soɔ? Mayɛ adesoa ama wo anaa?
ומה לא-תשא פשעי-- ותעביר את-עוני כי-עתה לעפר אשכב ושחרתני ואינני 21
Adɛn enti na wonkata me mmarato so na womfa me bɔne nkyɛ me? Ɛrenkyɛre biara, mɛda mfuturo mu. Wobɛhwehwɛ me nanso na menni hɔ bio.”

< איוב 7 >