< איוב 5 >

קרא-נא היש עונך ואל-מי מקדשים תפנה 1
“Wopɛ a frɛ, na hwan na ɔbɛgye wo soɔ? Akronkronfoɔ no mu hwan nkyɛn na wobɛkorɔ?
כי-לאויל יהרג-כעש ופתה תמית קנאה 2
Ahisɛm kum ɔkwasea, na anibereɛ kum atetekwaa.
אני-ראיתי אויל משריש ואקוב נוהו פתאם 3
Mʼankasa mahunu ɔkwasea a ɔrefefɛ, nanso, mpofirim, wɔdomee ne fie.
ירחקו בניו מישע וידכאו בשער ואין מציל 4
Ne mma ne banbɔ ntam ɛkwan ware, wɔdwerɛ wɔn wɔ asɛnniiɛ a wɔnnya ɔkamafoɔ.
אשר קצירו רעב יאכל--ואל-מצנים יקחהו ושאף צמים חילם 5
Deɛ ɛkɔm de noɔ no di ne nnɔbaeɛ, na ɔfa firi nkasɛɛ mu mpo, na deɛ osukɔm de noɔ no pere di nʼahodeɛ akyi.
כי לא-יצא מעפר און ומאדמה לא-יצמח עמל 6
Ahokyere mmpue mfiri dɔteɛ mu na ɔhaw nso mmpue mfiri fam.
כי-אדם לעמל יולד ובני-רשף יגביהו עוף 7
Nanso wɔwo nnipa to ɔhaw mu mpɛn dodoɔ a ogyaframa turi kɔ ɔsoro.
אולם--אני אדרש אל-אל ואל-אלהים אשים דברתי 8
“Nanso sɛ ɛyɛ me a, anka mɛdwane atoa Onyankopɔn; na mede mʼasɛm ato nʼanim.
עשה גדלות ואין חקר נפלאות עד-אין מספר 9
Ɔyɛ anwanwadeɛ a wɔntumi nhwehwɛ mu, ne nsɛnkyerɛnneɛ a wɔntumi nkan ne dodoɔ.
הנתן מטר על-פני-ארץ ושלח מים על-פני חוצות 10
Ɔtɔ nsuo gu asase so; na ɔde kɔ wira mu.
לשום שפלים למרום וקדרים שגבו ישע 11
Ɔde ahobrɛasefoɔ si deɛ ɛkorɔn, na ɔma wɔn a wɔdi awerɛhoɔ nya asomdwoeɛ.
מפר מחשבות ערומים ולא-תעשנה ידיהם תשיה 12
Ɔsɛe anifirefoɔ nhyehyɛeɛ, ma wɔn nsa si fam.
לכד חכמים בערמם ועצת נפתלים נמהרה 13
Ɔkyere anyansafoɔ wɔ wɔn anifire mu, na ɔbɔ anitefoɔ nhyehyɛeɛ gu.
יומם יפגשו-חשך וכלילה ימששו בצהרים 14
Esum duru wɔn awia ketee; na wɔkeka owigyinaeɛ te sɛ anadwo.
וישע מחרב מפיהם ומיד חזק אביון 15
Ɔgye ahiafoɔ firi afena a ɛhyɛ wɔn anomu; ɔgye wɔn firi ahoɔdenfoɔ nkyehoma mu.
ותהי לדל תקוה ועלתה קפצה פיה 16
Enti, ahiafoɔ wɔ anidasoɔ, na ntɛnkyea ka nʼano to mu.
הנה אשרי אנוש יוכחנו אלוה ומוסר שדי אל-תמאס 17
“Nhyira ne onipa a Onyankopɔn tene no, enti mmu Otumfoɔ ntenetene no animtiaa.
כי הוא יכאיב ויחבש ימחץ וידו תרפינה 18
Ɛfiri sɛ, ɔno na ɔpira na ɔno ara akyekyere; ɔpira nanso ne nsa sa yadeɛ.
בשש צרות יצילך ובשבע לא-יגע בך רע 19
Ɔbɛgye wo afiri ɔhaw ahodoɔ nsia mu; nson so, a bɔne biara renka wo.
ברעב פדך ממות ובמלחמה מידי חרב 20
Ɛkɔm ba a, ɔbɛgye wo afiri owuo mu, na ɔko mu nso, ɔbɛgye wo afiri afena ano.
בשוט לשון תחבא ולא-תירא משד כי יבוא 21
Wɔbɛbɔ wo ho ban afiri kasatwie ho na sɛ ɔsɛeɛ ba a, ɛnsɛ sɛ wosuro.
לשד ולכפן תשחק ומחית הארץ אל-תירא 22
Wobɛsere ɔsɛeɛ ne ɔkɔm; na ɛnsɛ sɛ wosuro asase so mmoa.
כי עם-אבני השדה בריתך וחית השדה השלמה-לך 23
Wo ne afuo so aboɔ bɛyɛ apam, na emu nkekaboa nso ne wo bɛtena asomdwoeɛ mu.
וידעת כי-שלום אהלך ופקדת נוך ולא תחטא 24
Wobɛhunu sɛ wo ntomadan wɔ banbɔ; na sɛ wosese wʼahodeɛ a, wobɛhunu sɛ hwee nyeraeɛ.
וידעת כי-רב זרעך וצאצאיך כעשב הארץ 25
Wobɛhunu sɛ wo mma bɛyɛ bebree; na wʼasefoɔ bɛdɔre sɛ ɛserɛ.
תבוא בכלח אלי-קבר כעלות גדיש בעתו 26
Wode ahoɔden bɛkɔ damena mu, te sɛ afiafi a wɔaboa ano wɔ otwa berɛ mu.
הנה-זאת חקרנוה כן-היא שמענה ואתה דע-לך 27
“Yɛahwehwɛ yei mu, na ɛyɛ nokorɛ ɛno enti tie na fa toto wʼabrabɔ ho.”

< איוב 5 >