< איוב 40 >

ויען יהוה את-איוב ויאמר 1
Afei Awurade buaa Hiob se,
הרב עם-שדי יסור מוכיח אלוה יעננה 2
“Nea ɔne Otumfo no wɔ asɛm no bɛteɛ ne so ana? Ma nea ɔbɔ Onyankopɔn kwaadu no mmua no ɛ!”
ויען איוב את-יהוה ויאמר 3
Na Hiob buaa Awurade se,
הן קלתי מה אשיבך ידי שמתי למו-פי 4
“Mensɛ na memfata, ɛbɛyɛ dɛn na matumi anya mmuae? Mede me nsa mua mʼano.
אחת דברתי ולא אענה ושתים ולא אוסיף 5
Makasa baako, nanso minni mmuae mprenu so, na merenkasa bio.”
ויען-יהוה את-איוב מנסערה (מן סערה) ויאמר 6
Afei, Awurade fi ahum mu buaa Hiob se,
אזר-נא כגבר חלציך אשאלך והודיעני 7
“Hyɛ wo ho den sɛ ɔbarima; mebisa wo nsɛm, na ɛsɛ sɛ wubua me.
האף תפר משפטי תרשיעני למען תצדק 8
“Wobɛka mʼatemmu ho asɛm bɔne ana? Wubebu me fɔ de abu wo ho bem ana?
ואם-זרוע כאל לך ובקול כמהו תרעם 9
Wowɔ abasa te sɛ Onyankopɔn de, na wo nne betumi abobɔ mu sɛ ne de ana?
עדה נא גאון וגבה והוד והדר תלבש 10
Ɛno de fa anuonyam ne ɔhyerɛn hyehyɛ wo ho, na fura nidi ne kɛseyɛ.
הפץ עברות אפך וראה כל-גאה והשפילהו 11
Hwie wʼabufuwhyew mmoroso no gu, hwɛ ɔhantanni biara na brɛ no ase,
ראה כל-גאה הכניעהו והדך רשעים תחתם 12
hwɛ ɔhantanni biara na si no fam na tiatia amumɔyɛfo so wɔ faako a wogyina hɔ.
טמנם בעפר יחד פניהם חבש בטמון 13
Sie wɔn nyinaa bɔ mu wɔ mfutuma mu; kata wɔn anim wɔ ɔda mu.
וגם-אני אודך כי-תושע לך ימינך 14
Na afei mʼankasa megye ato mu sɛ wo ara wo basa nifa betumi agye wo nkwa.
הנה-נא בהמות אשר-עשיתי עמך חציר כבקר יאכל 15
“Hwɛ susono, nea meyɛɛ no kaa wo ho na ɔwe sare te sɛ nantwi.
הנה-נא כחו במתניו ואונו בשרירי בטנו 16
Hwɛ ahoɔden a ɔwɔ wɔ nʼasen mu ne ahoɔden a ɛwɔ ne yafunu so were mu!
יחפץ זנבו כמו-ארז גידי פחדו ישרגו 17
Ne dua hinhim sɛ sida; ne srɛ mu ntin yɛ peperee.
עצמיו אפיקי נחשה גרמיו כמטיל ברזל 18
Ne nnompe te sɛ kɔbere mfrafrae dorobɛn, nʼabasa ne ne nʼanan te sɛ nnade praban.
הוא ראשית דרכי-אל העשו יגש חרבו 19
Odi Onyankopɔn nsa ano adwuma mu kan, nanso ne Yɛfo betumi de nʼafoa akɔ ne so.
כי-בול הרים ישאו-לו וכל-חית השדה ישחקו-שם 20
Nkoko fifi wɔn nnɔbae ma no, na wuram mmoa nyinaa goru bɛn hɔ.
תחת-צאלים ישכב-- בסתר קנה ובצה 21
Nsɔensɔe nnua ase na ɔda, na dontori mu demmire akata no so.
יסכהו צאלים צללו יסבוהו ערבי-נחל 22
Nsɔensɔe nwini no kata ne so; na nsunoa nnua twa ne ho hyia.
הן יעשק נהר לא יחפוז יבטח כי-יגיח ירדן אל-פיהו 23
Nsu nworoso nhaw no; mpo sɛ Yordan bobɔ ba nʼano a, onni ɔhaw.
בעיניו יקחנו במוקשים ינקב-אף 24
Obi betumi akyere no animono; anaa obi betumi de afiri ayi no na wabɔre ne hwene mu ana?

< איוב 40 >