< איוב 4 >
ויען אליפז התימני ויאמר | 1 |
Na Temanni Elifas buaa Hiob se,
הנסה דבר אליך תלאה ועצר במלין מי יוכל | 2 |
“Sɛ obi pɛ sɛ ɔne wo kasa a, worennya ntoboase ana? Hena na wobetumi aka nʼano ato mu?
הנה יסרת רבים וידים רפות תחזק | 3 |
Dwene sɛnea wakyerɛkyerɛ nnipa bebree, sɛnea woahyɛ nsa a emu ayɛ mmerɛw no den.
כושל יקימון מליך וברכים כרעות תאמץ | 4 |
Wo nsɛm ahyɛ wɔn a wɔahintiw no den; woahyɛ nkotodwe a ayɛ mmerɛw mu den.
כי עתה תבוא אליך ותלא תגע עדיך ותבהל | 5 |
Na afei a ɔhaw aba no, wʼaba mu abu; adwira wo, na wo werɛ ahow.
הלא יראתך כסלתך תקותך ותם דרכיך | 6 |
So ɛnsɛ sɛ wo nyamesuro yɛ wʼahotoso na wʼakwan a ɛho nni asɛm no yɛ wʼanidaso ana?
זכר-נא--מי הוא נקי אבד ואיפה ישרים נכחדו | 7 |
“Dwene ho: Wɔasɛe obi a ne ho nni asɛm pɛn ana? Ɛhefa na wɔsɛee obi a ɔyɛ pɛ?
כאשר ראיתי חרשי און וזרעי עמל יקצרהו | 8 |
Sɛnea mahu no, wɔn a wofuntum bɔne ne wɔn a wodua ɔhaw no twa so aba.
מנשמת אלוה יאבדו ומרוח אפו יכלו | 9 |
Onyankopɔn home ano, wɔsɛe; nʼabufuw turuw a wɔyera.
שאגת אריה וקול שחל ושני כפירים נתעו | 10 |
Gyata betumi abobɔ mu na wɔaworo so, nanso wɔabubu gyata akɛse no se.
ליש אבד מבלי-טרף ובני לביא יתפרדו | 11 |
Gyata annya hanam a owu, na gyatabere mma no bɔ hwete.
ואלי דבר יגנב ותקח אזני שמץ מנהו | 12 |
“Wɔbɛkaa kokoamsɛm bi kyerɛɛ me na mʼaso tee no sɛ asomsɛm.
בשעפים מחזינות לילה בנפל תרדמה על-אנשים | 13 |
Wɔ anadwo daeso basabasa mu, bere a nnipa adeda nnahɔɔ no,
פחד קראני ורעדה ורב עצמותי הפחיד | 14 |
ehu ne nketenkete kyeree me ɛmaa me nnompe nyinaa wosowee.
ורוח על-פני יחלף תסמר שערת בשרי | 15 |
Honhom bi twaa mʼani so, na me ho nwi sɔre gyinae.
יעמד ולא אכיר מראהו-- תמונה לנגד עיני דממה וקול אשמע | 16 |
Egyinae, nanso, manhu nʼabɔsu. Biribi begyinaa mʼanim, na metee nne bɔkɔɔ bi a ɛrebisa se,
האנוש מאלוה יצדק אם מעשהו יטהר-גבר | 17 |
‘Onipa desani betumi ateɛ asen Onyankopɔn? Na mpo ɔhoɔdenfo betumi ayɛ kronkron asen ne Yɛfo ana?
הן בעבדיו לא יאמין ובמלאכיו ישים תהלה | 18 |
Sɛ Onyankopɔn ntumi mfa ne ho nto nʼankasa asomfo so, sɛ ɔka nʼabɔfo mfomso kyerɛ wɔn a,
אף שכני בתי-חמר--אשר-בעפר יסודם ידכאום לפני-עש | 19 |
na nkantom wɔn a wɔtete dɔte afi mu, wɔn a wɔn fapem sisi mfutuma mu na wɔdwerɛw wɔn ntɛm so sen abubummaba!
מבקר לערב יכתו מבלי משים לנצח יאבדו | 20 |
Efi anɔpahema kosi anwummere wobubu wɔn mu nketenkete; na wɔyera korakora a obiara nhu wɔn bio.
הלא-נסע יתרם בם ימותו ולא בחכמה | 21 |
So wommiamia wɔn ntamadan ahama mu, a ɛno nti wowuwu a wonni nyansa ana?’