< איוב 33 >

ואולם--שמע-נא איוב מלי וכל-דברי האזינה 1
“Na afei, Hiob, tie me nsɛm; yɛ aso ma biribiara a mɛka.
הנה-נא פתחתי פי דברה לשוני בחכי 2
Merebebue mʼano; me nsɛm aba me tɛkrɛma so.
ישר-לבי אמרי ודעת שפתי ברור מללו 3
Me nsɛm fi koma a ɛteɛ mu; na mʼano de ahonim pa ka nea minim.
רוח-אל עשתני ונשמת שדי תחיני 4
Onyankopɔn Honhom na abɔ me; Otumfo no home ma me nkwa.
אם-תוכל השיבני ערכה לפני התיצבה 5
Sɛ wubetumi a, ma me mmuae; siesie wo ho, na ka si mʼanim.
הן-אני כפיך לאל מחמר קרצתי גם-אני 6
Wo ne me nyinaa yɛ pɛ wɔ Onyankopɔn anim; me nso wɔbɔɔ me fii dɔte mu.
הנה אמתי לא תבעתך ואכפי עליך לא-יכבד 7
Ɛnsɛ sɛ wusuro me, na ɛnsɛ sɛ me nsa yɛ den wɔ wo so.
אך אמרת באזני וקול מלין אשמע 8
“Nanso woaka ama mate, mete saa nsɛm no, na wokae se,
זך אני בלי-פשע חף אנכי ולא עון לי 9
‘Meyɛ kronkron na minni bɔne; me ho tew na afɔdi biara nni me ho.
הן תנואות עלי ימצא יחשבני לאויב לו 10
Nanso Onyankopɔn anya me ho mfomso wafa me sɛ ne tamfo.
ישם בסד רגלי ישמר כל-ארחתי 11
Ɔde me nan hyɛ mpokyerɛ mu; na nʼani wɔ mʼakwan nyinaa so.’
הן-זאת לא-צדקת אענך כי-ירבה אלוה מאנוש 12
“Nanso meka mekyerɛ wo se, eyi mu de woayɛ mfomso, efisɛ Onyankopɔn so sen ɔdesani.
מדוע אליו ריבות כי כל-דבריו לא יענה 13
Na adɛn nti na wunwiinwii hyɛ no sɛ ommua onipa nsɛm biara ana?
כי-באחת ידבר-אל ובשתים לא ישורנה 14
Nanso Onyankopɔn kasa wɔ akwan ahorow so, na ebia nnipa nte.
בחלום חזיון לילה--בנפל תרדמה על-אנשים בתנומות עלי משכב 15
Ɔkasa wɔ daeso ne anadwo anisoadehu mu, bere a nna afa nnipa na wɔada hatee wɔ wɔn mpa so no,
אז יגלה אזן אנשים ובמסרם יחתם 16
otumi kasa gu wɔn asom na ɔde kɔkɔbɔ yi wɔn hu,
להסיר אדם מעשה וגוה מגבר יכסה 17
sɛ ɔbɛdan onipa afi nneyɛe bɔne ho na watwe no afi ahantan ho,
יחשך נפשו מני-שחת וחיתו מעבר בשלח 18
sɛ ɔmma ne kra nkɔ amoa mu na ɔnhwere ne nkwa wɔ afoa ano.
והוכח במכאוב על-משכבו וריב (ורוב) עצמיו אתן 19
Anaasɛ wotumi de mpa so yaw twe onipa aso nnompe mu yaw a ennyae da,
וזהמתו חיתו לחם ונפשו מאכל תאוה 20
kosi sɛ ne kɔn nnɔ aduan na ne kra nso po aduan a ɛyɛ akɔnnɔ pa ara;
יכל בשרו מראי ושפי (ושפו) עצמתיו לא ראו 21
ɔfɔn yɛ basaa, na ne nnompe a anka ɛho akata no, ho da hɔ.
ותקרב לשחת נפשו וחיתו לממתים 22
Ne kra bɛn ɔda, na ne nkwa bɛn owu abɔfo.
אם-יש עליו מלאך--מליץ אחד מני-אלף להגיד לאדם ישרו 23
“Nanso sɛ ɔbɔfo bi wɔ nʼafa sɛ odimafo a, ɛyɛ apem mu baako, na ɔbɛkyerɛ no nea eye ma no,
ויחננו--ויאמר פדעהו מרדת שחת מצאתי כפר 24
obehu no mmɔbɔ na waka se, ‘Munnyaa no na wankɔ ɔda mu; na manya mpatade ama no,’
רטפש בשרו מנער ישוב לימי עלומיו 25
afei ne were yɛ foforo sɛ abofra; na esi ne dedaw mu yɛ sɛ mmerantebere mu de.
יעתר אל-אלוה וירצהו וירא פניו בתרועה וישב לאנוש צדקתו 26
Ɔbɔ Onyankopɔn mpae na onya adom fi ne hɔ, ohu Onyankopɔn anim na ɔde ahosɛpɛw teɛ mu; na Onyankopɔn gye no bio sɛ ɔtreneeni.
ישר על-אנשים ויאמר חטאתי וישר העויתי ולא-שוה לי 27
Afei ɔba nnipa mu bɛka se, ‘Meyɛɛ bɔne na mekyeaa nea ɛteɛ, nanso mannya nea ɛfata me.
פדה נפשי (נפשו) מעבר בשחת וחיתי (וחיתו) באור תראה 28
Ogyee me kra na wamma no ankɔ ɔda mu, enti mɛtena ase na madi hann no mu dɛ.’
הן-כל-אלה יפעל-אל-- פעמים שלוש עם-גבר 29
“Onyankopɔn yɛ eyinom nyinaa ma onipa, mprenu ne ne mprɛnsa so,
להשיב נפשו מני-שחת-- לאור באור החיים 30
sɛnea ne kra renkɔ ɔda mu, na nkwa hann no ahyerɛn ne so.
הקשב איוב שמע-לי החרש ואנכי אדבר 31
“Yɛ aso, Hiob, na tie me; yɛ dinn na menkasa.
אם-יש-מלין השיבני דבר כי-חפצתי צדקך 32
Na sɛ wowɔ biribi ka a, bua me; kasa, na mepɛ sɛ wobu wo bem.
אם-אין אתה שמע-לי החרש ואאלפך חכמה 33
Sɛ ɛnte saa nso a, ɛno de tie me. Yɛ dinn na mɛkyerɛ wo nyansa.”

< איוב 33 >