< איוב 31 >
ברית כרתי לעיני ומה אתבונן על-בתולה | 1 |
“Me ne mʼani yɛɛ apam sɛ meremfiri akɔnnɔ mu nhwɛ ababaawa.
ומה חלק אלוה ממעל ונחלת שדי ממרמים | 2 |
Ɛdeɛn ne onipa kyɛfa a ɛfiri ɔsoro Onyankopɔn nkyɛn? Ɛdeɛn ne nʼagyapadeɛ a ɛfiri ɔsoro Otumfoɔ no nkyɛn?
הלא-איד לעול ונכר לפעלי און | 3 |
Ɛnyɛ ɔsɛeɛ mma amumuyɛfoɔ? Ɛnyɛ asiane mma wɔn a wɔyɛ bɔne?
הלא-הוא יראה דרכי וכל-צעדי יספור | 4 |
Ɔnhunu mʼakwan na ɔnkan anammɔn biara a metuo anaa?
אם-הלכתי עם-שוא ותחש על-מרמה רגלי | 5 |
“Sɛ manante wɔ nkontompo mu anaasɛ matu mmirika adi nnaadaasɛm akyi a,
ישקלני במאזני-צדק וידע אלוה תמתי | 6 |
ma Onyankopɔn nkari me wɔ nsania papa so na ɔbɛhunu sɛ me ho nni asɛm.
אם תטה אשרי מני הדרך ואחר עיני הלך לבי ובכפי דבק מאום | 7 |
Sɛ mʼanammɔntuo afom ɛkwan, sɛ mʼakoma adi mʼani akyi, anaasɛ me nsa ho agu fi a
אזרעה ואחר יאכל וצאצאי ישרשו | 8 |
ɛnneɛ ma afoforɔ nni deɛ madua, na ma wɔntutu me mfudeɛ ngu.
אם-נפתה לבי על-אשה ועל-פתח רעי ארבתי | 9 |
“Sɛ ɔbaa bi atɔ mʼakoma so, anaasɛ matɛ me yɔnko bi ɛpono akyi a,
תטחן לאחר אשתי ועליה יכרעון אחרין | 10 |
ɛnneɛ, me yere nyam ɔbarima foforɔ aduane, na mmarima afoforɔ ne no nna.
כי-הוא (היא) זמה והיא (והוא) עון פלילים | 11 |
Ɛfiri sɛ, anka ɛno na ɛbɛyɛ aniwusɛm ne bɔne a ɛsɛ sɛ wɔtwe aso wɔ so.
כי אש היא עד-אבדון תאכל ובכל-תבואתי תשרש | 12 |
Ɛyɛ ogya a ɛhye kɔduru ɔsɛeɛ mu na ɛbɛtumi atutu mʼagyapadeɛ nyinaa ase.
אם-אמאס--משפט עבדי ואמתי ברבם עמדי | 13 |
“Sɛ mabu mʼasomfoɔ mmarima ne mmaa ntɛnkyea ɛberɛ a wɔ ne me nyaa asɛm,
ומה אעשה כי-יקום אל וכי-יפקד מה אשיבנו | 14 |
na sɛ Onyankopɔn de si mʼanim a, ɛdeɛn na mɛyɛ? Sɛ wɔfrɛ me akontabuo a, mmuaeɛ bɛn na mɛma?
הלא-בבטן עשני עשהו ויכננו ברחם אחד | 15 |
Ɛnyɛ deɛ ɔbɔɔ me wɔ yafunu mu no na ɔbɔɔ wɔn? Ɛnyɛ onipa korɔ no na ɔbɔɔ yɛn nyinaa wɔ yɛn maamenom yafunu mu?
אם-אמנע מחפץ דלים ועיני אלמנה אכלה | 16 |
“Ohiani bi wɔ hɔ a ɔhia mmoa a mammoa no? Anaa mabu akunafoɔ bi abasa mu?
ואכל פתי לבדי ולא-אכל יתום ממנה | 17 |
Mabɔ mʼaduane ho atirimuɔden a mamma nwisiaa bi?
כי מנעורי גדלני כאב ומבטן אמי אנחנה | 18 |
Dabi, ɛfiri me mmeranteberɛ mu, matete wɔn sɛdeɛ agya bɛyɛ, na me nkwa nna nyinaa mu, mahwɛ akunafoɔ.
אם-אראה אובד מבלי לבוש ואין כסות לאביון | 19 |
Sɛ mahunu obi a ɔnni aduradeɛ na ɔrebrɛ, anaa ohiani bi a ɔnni atadeɛ,
אם-לא ברכוני חלצו ומגז כבשי יתחמם | 20 |
na sɛ wamfiri akoma mu anhyira me wɔ ɛberɛ a mede me nnwan ho nwi kaa no hye,
אם-הניפותי על-יתום ידי כי-אראה בשער עזרתי | 21 |
sɛ mama me nsa so atia awisiaa bi, ɛsiane sɛ mewɔ tumi wɔ asɛnniiɛ enti a,
כתפי משכמה תפול ואזרעי מקנה תשבר | 22 |
ɛnneɛ ma mʼabasa mpan mfiri mʼabatiri, ma ɛmmubu mfiri ne pɔ so.
כי פחד אלי איד אל ומשאתו לא אוכל | 23 |
Mesuroo ɔsɛeɛ a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn, na nʼanimuonyam ho suro enti mantumi anyɛ saa nneɛma yi.
אם-שמתי זהב כסלי ולכתם אמרתי מבטחי | 24 |
“Sɛ mede me werɛ ahyɛ sikakɔkɔɔ mu anaasɛ maka akyerɛ sikakɔkɔɔ amapa sɛ, ‘Wo na wobɔ me ho ban,’
אם-אשמח כי-רב חילי וכי-כביר מצאה ידי | 25 |
sɛ masɛpɛ me ho wɔ mʼahodeɛ bebrebe enti, ahodeɛ a me nsa aka yi,
אם-אראה אור כי יהל וירח יקר הלך | 26 |
sɛ mahwɛ owia a ɛhyerɛn anaa ɔsrane a ɛnam animuonyam mu,
ויפת בסתר לבי ותשק ידי לפי | 27 |
ama aka mʼakoma a obiara nnim na me nsa yɛɛ wɔn atuu de anidie maa wɔn a,
גם-הוא עון פלילי כי-כחשתי לאל ממעל | 28 |
ɛnneɛ na yeinom nso bɛyɛ bɔne a wɔbu ho atɛn, ɛfiri sɛ na manni Onyankopɔn a ɔte ɔsoro no nokorɛ.
אם-אשמח בפיד משנאי והתעררתי כי-מצאו רע | 29 |
“Mʼani nnyee wɔ me ɔtamfoɔ amanehunu ho anaa menseree no wɔ ɔhaw a aba ne so.
ולא-נתתי לחטא חכי-- לשאל באלה נפשו | 30 |
Memmaa mʼano nyɛɛ bɔne sɛ mɛdome obi nkwa.
אם-לא אמרו מתי אהלי מי-יתן מבשרו לא נשבע | 31 |
Mʼasomfoɔ a wɔwɔ me fidua mu nkaa da sɛ, ‘Ɔma ɛkɔm de yɛn.’
בחוץ לא-ילין גר דלתי לארח אפתח | 32 |
Ɔhɔhoɔ biara anna abɔntene so da, ɛfiri sɛ me ɛpono ano daa hɔ da biara maa akwantufoɔ,
אם-כסיתי כאדם פשעי-- לטמון בחבי עוני | 33 |
Makata me bɔne so sɛdeɛ nnipa yɛ de mʼafɔdie ahyɛ mʼakoma mu?
כי אערוץ המון רבה-- ובוז-משפחות יחתני ואדם לא-אצא פתח | 34 |
Suro a mesuro nnipadɔm ne ahohora a ɛfiri mmusua hɔ no enti meyɛɛ komm a mamfiri adi?
מי יתן-לי שמע לי-- הן-תוי שדי יענני וספר כתב איש ריבי | 35 |
(“Ao, sɛ anka mewɔ obi a ɔbɛtie me. Mede me din ahyɛ mʼanoyie ase, ma Otumfoɔ no mmua me; ma deɛ ɔbɔ me kwaadu no ntwerɛ ne soboɔbɔ.
אם-לא על-שכמי אשאנו אענדנו עטרות לי | 36 |
Ampa ara, anka mede bɛhyɛ mʼabatiri, anka mede bɛhyɛ sɛ ahenkyɛ.
מספר צעדי אגידנו כמו-נגיד אקרבנו | 37 |
Anka mɛbu mʼanammɔntuo biara ho akonta akyerɛ no; anka mɛkɔ nʼanim sɛ ɔheneba.)
אם-עלי אדמתי תזעק ויחד תלמיה יבכיון | 38 |
“Sɛ mʼasase team tia me na nisuo fɔ nʼakofie nyinaa,
אם-כחה אכלתי בלי-כסף ונפש בעליה הפחתי | 39 |
sɛ madi so aba a mentuaa ka anaasɛ mabu ɛso apaafoɔ no abamu a,
תחת חטה יצא חוח--ותחת-שערה באשה תמו דברי איוב | 40 |
ma nkasɛɛ mfifiri nsi ayuo anan mu na wira mfu nsi atokoɔ anan mu.” Hiob nsɛm no asi.