< ירמיה 41 >
ויהי בחדש השביעי בא ישמעאל בן נתניה בן אלישמע מזרע המלוכה ורבי המלך ועשרה אנשים אתו אל גדליהו בן אחיקם--המצפתה ויאכלו שם לחם יחדו במצפה | 1 |
Ɔbosome a ɛtɔ so nson mu no, Elisama babarima Netania babarima Ismael a ɔyɛ ɔdehyeɛ a na anka ɔyɛ ɔhene adwumayɛfoɔ no mu baako no ne mmarima edu baa Ahikam babarima Gedalia nkyɛn wɔ Mispa. Ɛberɛ a wɔn nyinaa gu so redidi no,
ויקם ישמעאל בן נתניה ועשרת האנשים אשר היו אתו ויכו את גדליהו בן אחיקם בן שפן בחרב--וימת אתו אשר הפקיד מלך בבל בארץ | 2 |
Netania babarima Ismael ne ne mmarima edu no a wɔka ne ho no sɔreeɛ na wɔde akofena wɔɔ Ahikam babarima Gedalia, a ɔyɛ Safan nana nso no kumm no. Na ɔyɛ obi a Babiloniahene ayi no sɛ amrado wɔ asase no so.
ואת כל היהודים אשר היו אתו את גדליהו במצפה ואת הכשדים אשר נמצאו שם--את אנשי המלחמה הכה ישמעאל | 3 |
Ismael kumm Yudafoɔ a na wɔka Gedalia ho wɔ Mispa ne Babilonia asraafoɔ a na wɔwɔ hɔ no nso.
ויהי ביום השני להמית את גדליהו ואיש לא ידע | 4 |
Adeɛ kyeeɛ no, ansa na obiara bɛte Gedalia wuo no,
ויבאו אנשים משכם משלו ומשמרון שמנים איש מגלחי זקן וקרעי בגדים ומתגדדים ומנחה ולבונה בידם להביא בית יהוה | 5 |
mmarima aduɔwɔtwe a wɔawerɛ wɔn bɔgyesɛ, asunsuane wɔn ntadeɛ mu na wɔasesa wɔn honam ani firi Sekem, Silo ne Samaria baeɛ a wɔde aduane afɔrebɔdeɛ ne nnuhwam reba Awurade efie.
ויצא ישמעאל בן נתניה לקראתם מן המצפה הלך הלך ובכה ויהי כפגש אתם ויאמר אליהם באו אל גדליהו בן אחיקם | 6 |
Netania babarima Ismael de agyaadwoɔ firii Mispa kɔhyiaa wɔn. Ɛberɛ a ɔhyiaa wɔn no ɔkaa sɛ, “Mommra Ahikam babarima Gedalia nkyɛn.”
ויהי כבואם אל תוך העיר וישחטם ישמעאל בן נתניה אל תוך הבור--הוא והאנשים אשר אתו | 7 |
Wɔduruu kuropɔn no mu no, Netania babarima Ismael ne mmarima a wɔka ne ho no kumm wɔn na wɔtoo wɔn afunu guu abura bi mu.
ועשרה אנשים נמצאו בם ויאמרו אל ישמעאל אל תמתנו--כי יש לנו מטמנים בשדה חטים ושערים ושמן ודבש ויחדל ולא המיתם בתוך אחיהם | 8 |
Nanso nnipa no mu edu ka kyerɛɛ Ismael sɛ, “Nkum yɛn! Yɛwɔ ayuo ne atokoɔ, ngo ne ɛwoɔ a yɛde asie wɔ afuo bi mu.” Enti ɔgyaa wɔn na wankum wɔn nso.
והבור אשר השליך שם ישמעאל את כל פגרי האנשים אשר הכה ביד גדליהו--הוא אשר עשה המלך אסא מפני בעשא מלך ישראל אתו מלא ישמעאל בן נתניהו--חללים | 9 |
Abura a Ismael too nnipa a ɔkunkumm wɔn no afunu ne Gedalia guu mu no, na ɛyɛ deɛ ɔhene Asa atu sɛ ɔde bɛbɔ ne ho ban atia Israelhene Baasa. Netania babarima Ismael de afunu hyɛɛ no ma.
וישב ישמעאל את כל שארית העם אשר במצפה את בנות המלך ואת כל העם הנשארים במצפה אשר הפקיד נבוזראדן רב טבחים את גדליהו בן אחיקם וישבם ישמעאל בן נתניה וילך לעבר אל בני עמון | 10 |
Ismael faa nnipa a na wɔaka wɔ Mispa no nyinaa nnommum; ɔhene mmammaa ne wɔn a wɔkaa hɔ no nyinaa a Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no ayi Ahikam babarima Gedalia sɛ ɔnhwɛ wɔn so no. Netania babarima Ismael faa wɔn nnommum na ɔsii mu kɔɔ Amonfoɔ nkyɛn.
וישמע יוחנן בן קרח וכל שרי החילים אשר אתו את כל הרעה אשר עשה ישמעאל בן נתניה | 11 |
Ɛberɛ a Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔka ne ho no nyinaa tee awudisɛm a Netania babarima Ismael adie no,
ויקחו את כל האנשים וילכו להלחם עם ישמעאל בן נתניה וימצאו אתו אל מים רבים אשר בגבעון | 12 |
wɔfaa wɔn asraafoɔ nyinaa sɛ wɔ ne Netania babarima Ismael rekɔko. Wɔkɔtoo no wɔ ɔtadeɛ kɛseɛ bi a ɛwɔ Gibeon no ho.
ויהי כראות כל העם אשר את ישמעאל את יוחנן בן קרח ואת כל שרי החילים אשר אתו--וישמחו | 13 |
Ɛberɛ a nnipa a wɔka Ismael ho no nyinaa hunuu Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔka ne ho no, wɔn ani gyeeɛ.
ויסבו כל העם אשר שבה ישמעאל מן המצפה וישבו וילכו אל יוחנן בן קרח | 14 |
Nnipa a na Ismael afa wɔn nnommum wɔ Mispa no nyinaa dane kɔɔ Karea babarima Yohanan afa.
וישמעאל בן נתניה נמלט בשמנה אנשים מפני יוחנן וילך אל בני עמון | 15 |
Nanso Netania babarima Ismael ne ne mmarima baawɔtwe dwane firii Yohanan anim kɔɔ Amonfoɔ nkyɛn.
ויקח יוחנן בן קרח וכל שרי החילים אשר אתו את כל שארית העם אשר השיב מאת ישמעאל בן נתניה מן המצפה אחר הכה את גדליה בן אחיקם--גברים אנשי המלחמה ונשים וטף וסרסים אשר השיב מגבעון | 16 |
Afei, Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔka ne ho no dii Mispa nkaeɛfoɔ a ɔgyee wɔn firii Netania babarima Ismael nsam ɛberɛ a ɔkumm Ahikam babarima Gedalia no akyi no anim: Ɔde asraafoɔ, mmaa, mmɔfra ne asɛnniiɛ adwumayɛfoɔ firi Gibeon baeɛ.
וילכו וישבו בגרות כמוהם (כמהם) אשר אצל בית לחם--ללכת לבוא מצרים | 17 |
Wɔsii mu sɛ wɔrekɔ Misraim no, wɔsoɛe wɔ Gerut Kimham a ɛbɛn Betlehem.
מפני הכשדים כי יראו מפניהם כי הכה ישמעאל בן נתניה את גדליהו בן אחיקם אשר הפקיד מלך בבל בארץ | 18 |
Na wɔredwane Babiloniafoɔ no. Na wɔsuro Babiloniafoɔ no ɛfiri sɛ na Netania babarima Ismael akum Ahikam babarima Gedalia a Babiloniahene yii no sɛ amrado a ɔhwɛ asase no so no.