< ירמיה 29 >

ואלה דברי הספר אשר שלח ירמיה הנביא מירושלם--אל יתר זקני הגולה ואל הכהנים ואל הנביאים ואל כל העם אשר הגלה נבוכדנאצר מירושלם בבלה 1
Yei ne krataa mu nsɛm a odiyifoɔ Yeremia twerɛ firii Yerusalem kɔmaa nnommumfoɔ no mu mpanimfoɔ nkaeɛ, asɔfoɔ, adiyifoɔ ne nnipa a wɔaka nyinaa a Nebukadnessar afa wɔn nnommum afiri Yerusalem akɔ Babilonia.
אחרי צאת יכניה המלך והגבירה והסריסים שרי יהודה וירושלם והחרש והמסגר--מירושלם 2
(Yei yɛ ɛberɛ a ɔhene Yehoiakin ne ɔhemmaa no, asɛnniiɛ adwumayɛfoɔ, Yuda ne Yerusalem ntuanofoɔ, adwumfoɔ ahodoɔ nyinaa afiri Yerusalem akɔ nnommumfa mu no akyi.)
ביד אלעשה בן שפן וגמריה בן חלקיה אשר שלח צדקיה מלך יהודה אל נבוכדנאצר מלך בבל--בבלה לאמר 3
Ɔde krataa no hyɛɛ Safan babarima Elasa ne Hilkia babarima Gemaria nsa, wɔn na Yudahene Sedekia somaa wɔn kɔɔ Ɔhene Nebukadnessar nkyɛn wɔ Babilonia. Krataa no mu nsɛm nie:
כה אמר יהוה צבאות אלהי ישראל לכל הגולה--אשר הגליתי מירושלם בבלה 4
Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, ka kyerɛ wɔn a mema wɔfaa wɔn nnommum firi Yerusalem kɔɔ Babilonia no nyinaa:
בנו בתים ושבו ונטעו גנות ואכלו את פרין 5
“Monsisi afie, na momfa mmɔ atenaseɛ; monyɛ nturo na monni mu aba.
קחו נשים והולידו בנים ובנות וקחו לבניכם נשים ואת בנותיכם תנו לאנשים ותלדנה בנים ובנות ורבו שם ואל תמעטו 6
Monwareware, na monwowo mmammarima ne mmammaa. Monhwehwɛ yerenom mma mo mmammarima na momfa mo mmammaa nso mma awadeɛ, na wɔn nso nwowo mmammarima ne mmammaa. Monnɔre wɔ hɔ na mo so ante.
ודרשו את שלום העיר אשר הגליתי אתכם שמה והתפללו בעדה אל יהוה כי בשלומה יהיה לכם שלום 7
Afei, monhwehwɛ kuropɔn a mema wɔtuu mo kɔtenaa so no asomdwoeɛ ne yiedie. Mommɔ Awurade mpaeɛ mma no, ɛfiri sɛ ne yiedie mu na mo nso mobɛdi yie.”
כי כה אמר יהוה צבאות אלהי ישראל אל ישיאו לכם נביאיכם אשר בקרבכם וקסמיכם ואל תשמעו אל חלמתיכם אשר אתם מחלמים 8
Aane, yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: “Mommma adiyifoɔ ne nkɔmhyɛfoɔ a wɔwɔ mo mu no nnaadaa mo. Monntie wɔn adaeɛ a mohyɛ wɔn nkuran ma wɔsoso no.
כי בשקר הם נבאים לכם בשמי לא שלחתים נאם יהוה 9
Wɔhyɛ nkɔntorɔ wɔ me din mu. Mensomaa wɔn,” Awurade na ɔseɛ.
כי כה אמר יהוה כי לפי מלאת לבבל שבעים שנה אפקד אתכם והקמתי עליכם את דברי הטוב להשיב אתכם אל המקום הזה 10
Deɛ Awurade seɛ nie: “Sɛ mosom Babilonia mfeɛ aduɔson a, mɛba abɛhwɛ mo na mɛma mʼadom mu bɔhyɛ sɛ mede mo bɛba ha bio no aba mu.
כי אנכי ידעתי את המחשבת אשר אנכי חשב עליכם--נאם יהוה מחשבות שלום ולא לרעה לתת לכם אחרית ותקוה 11
Menim nhyehyɛeɛ a mewɔ ma mo,” Awurade na ɔseɛ, “Nhyehyɛeɛ a ɛde mo bɛsi yie na ɛrenha mo, nhyehyɛeɛ a ɛbɛma mo anidasoɔ ne awieeɛ pa.
וקראתם אתי והלכתם והתפללתם אלי ושמעתי אליכם 12
Afei mobɛfrɛ me na moaba abɛbɔ me mpaeɛ, na mɛtie mo.
ובקשתם אתי ומצאתם כי תדרשני בכל לבבכם 13
Mobɛhwehwɛ me na mobɛhunu me, sɛ mode mo akoma nyinaa hwehwɛ me dea.
ונמצאתי לכם נאם יהוה ושבתי את שביתכם (שבותכם) וקבצתי אתכם מכל הגוים ומכל המקומות אשר הדחתי אתכם שם נאם יהוה והשבתי אתכם--אל המקום אשר הגליתי אתכם משם 14
Mobɛhunu me,” Awurade na ɔseɛ, “na mɛyi mo afiri nkoasom mu de mo asane aba. Mɛboaboa mo ano afiri amanaman ne beaeɛ a mepamoo mo kɔɔ so no nyinaa,” Awurade na ɔseɛ, “na mede mo bɛsane aba baabi a metuu mo firi kɔɔ nnommum mu no bio.”
כי אמרתם הקים לנו יהוה נבאים בבלה 15
Mobɛka sɛ, “Awurade ama yɛn adiyifoɔ wɔ Babilonia,”
כי כה אמר יהוה אל המלך היושב אל כסא דוד ואל כל העם היושב בעיר הזאת אחיכם אשר לא יצאו אתכם בגולה 16
nanso, sei na Awurade ka fa ɔhene a ɔte Dawid ahennwa so ne nnipa a wɔaka wɔ kuropɔn no mu nyinaa, mo manfoɔ a wɔne mo ankɔ nnommumfa mu no,
כה אמר יהוה צבאות הנני משלח בם את החרב את הרעב ואת הדבר ונתתי אותם כתאנים השערים אשר לא תאכלנה מרע 17
aane, yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Mɛma akofena, ɛkɔm ne yaredɔm aba wɔn so, na wɔayɛ sɛ borɔdɔma a asɛeɛ enti wɔntumi nni.
ורדפתי אחריהם בחרב ברעב ובדבר ונתתים לזועה (לזעוה) לכל ממלכות הארץ לאלה ולשמה ולשרקה ולחרפה בכל הגוים אשר הדחתים שם 18
Mede akofena, ɛkɔm ne yaredɔm bɛti wɔn, na mɛyɛ wɔn atantanneɛ ama ahennie a ɛwɔ asase no so nyinaa, ne nnome ne ahodwiredeɛ, fɛdideɛ ne animtiabudeɛ wɔ amanaman a mepamoo wɔn kɔɔ so no mu.
תחת אשר לא שמעו אל דברי נאם יהוה--אשר שלחתי אליהם את עבדי הנבאים השכם ושלח ולא שמעתם נאם יהוה 19
Ɛfiri sɛ, wɔantie me nsɛm,” sei na Awurade seɛ, “nsɛm a mede somaa mʼasomfoɔ adiyifoɔ mpɛn bebree baa mo nkyɛn. Na mo nnommumfoɔ nso antie,” Awurade na ɔseɛ.
ואתם שמעו דבר יהוה כל הגולה--אשר שלחתי מירושלם בבלה 20
Afei montie Awurade asɛm, mo nnommumfoɔ a mama mo afiri Yerusalem akɔ Babilonia no nyinaa.
כה אמר יהוה צבאות אלהי ישראל אל אחאב בן קוליה ואל צדקיהו בן מעשיה הנבאים לכם בשמי שקר הנני נתן אתם ביד נבוכדראצר מלך בבל והכם לעיניכם 21
Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn ka fa Kolaia babarima Ahab ne Maaseia babarima Sedekia a wɔde me din rehyɛ mo nkɔmtorɔ no ho nie: “Mede wɔn bɛhyɛ Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na wakum wɔn wɔ mo anim.
ולקח מהם קללה לכל גלות יהודה אשר בבבל לאמר ישמך יהוה כצדקיהו וכאחב אשר קלם מלך בבל באש 22
Esiane wɔn enti, Yuda nnommumfoɔ a wɔwɔ Babilonia nyinaa de saa nnome yi bɛdome sɛ: ‘Awurade nyɛ wo sɛ, Sedekia ne Ahab a Babiloniahene hyee wɔn wɔ ogya mu no.’
יען אשר עשו נבלה בישראל וינאפו את נשי רעיהם וידברו דבר בשמי שקר אשר לוא צויתם ואנכי הוידע (היודע) ועד נאם יהוה 23
Na wɔayɛ akyiwadeɛ a ɛboro so wɔ Israel: wɔne wɔn yɔnkonom yerenom adeda de asɛe awadeɛ, na wɔde me din adi atorɔ a mennka nkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ. Menim na medi ho adanseɛ,” Awurade na ɔseɛ.
ואל שמעיהו הנחלמי תאמר לאמר 24
Ka kyerɛ Nehelamni Semaia sɛ,
כה אמר יהוה צבאות אלהי ישראל--לאמר יען אשר אתה שלחת בשמכה ספרים אל כל העם אשר בירושלם ואל צפניה בן מעשיה הכהן ואל כל הכהנים לאמר 25
“Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Watwerɛ krataa wɔ wo din mu akɔma nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, ɔsɔfoɔ Maaseia babarima Sefania, ne asɔfoɔ a aka no nyinaa. Woka kyerɛɛ Sefania sɛ,
יהוה נתנך כהן תחת יהוידע הכהן להיות פקדים בית יהוה לכל איש משגע ומתנבא ונתתה אתו אל המהפכת ואל הצינק 26
‘Awurade ahyɛ wo ɔsɔfoɔ asi Yehoiada anan mu sɛ hwɛ Awurade efie no so; Ɛsɛ sɛ wode nkɔnsɔnkɔnsɔn ne dadeɛ kɔnnua gu obiara a wabɔ dam na ɔyɛ ne ho sɛ odiyifoɔ.
ועתה למה לא גערת בירמיהו הענתתי--המתנבא לכם 27
Afei adɛn enti na wontwi Yeremia a ɔfiri Anatot a ɔyɛ ne ho sɛ odiyifoɔ wɔ mo mu no anim?
כי על כן שלח אלינו בבל לאמר--ארכה היא בנו בתים ושבו ונטעו גנות ואכלו את פריהן 28
Ɔde saa nkra yi abrɛ yɛn wɔ Babilonia: Ɛbɛkyɛ. Ɛno enti monsisi afie mfa mmɔ atenaseɛ; monyɛ nturo na monni emu aba.’”
ויקרא צפניה הכהן את הספר הזה באזני ירמיהו הנביא 29
Ɔsɔfoɔ Sefania kenkanee krataa no kyerɛɛ odiyifoɔ Yeremia.
ויהי דבר יהוה אל ירמיהו לאמר 30
Na Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ,
שלח על כל הגולה לאמר כה אמר יהוה אל שמעיה הנחלמי יען אשר נבא לכם שמעיה ואני לא שלחתיו ויבטח אתכם על שקר 31
“Fa saa nkra yi kɔma nnommumfoɔ no nyinaa sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade ka fa Nehelamni Semaia ho: Esiane sɛ wahyɛ mo nkɔm a mpo mansoma no, na wama moagye atorɔ adi enti,
לכן כה אמר יהוה הנני פקד על שמעיה הנחלמי ועל זרעו--לא יהיה לו איש יושב בתוך העם הזה ולא יראה בטוב אשר אני עשה לעמי נאם יהוה כי סרה דבר על יהוה 32
deɛ Awurade seɛ nie: Nokorɛm, mɛtwe Nehelamni Semaia ne nʼasefoɔ aso. Ɔrennya obiara a ɔbɛka wɔ saa nkurɔfoɔ yi mu, na ɔrenhunu nneɛma pa a mɛyɛ ama me nkurɔfoɔ, ɛfiri sɛ waka atuateɛ nsɛm atia me,’” Awurade na ɔseɛ.

< ירמיה 29 >