< ירמיה 15 >
ויאמר יהוה אלי אם יעמד משה ושמואל לפני אין נפשי אל העם הזה שלח מעל פני ויצאו | 1 |
Afei Awurade ka kyerɛɛ me se, “Sɛ mpo, Mose ne Samuel begyinaa mʼanim a anka me koma rentɔ nkɔ saa nnipa yi so. Ma womfi mʼani so! Ma wɔnkɔ!
והיה כי יאמרו אליך אנה נצא ואמרת אליהם כה אמר יהוה אשר למות למות ואשר לחרב לחרב ואשר לרעב לרעב ואשר לשבי לשבי | 2 |
Na sɛ wobisa wo se, ‘Ɛhe na yɛnkɔ’ a, ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Awurade se: “‘Wɔn a wɔahyɛ owu ama wɔn no, bɛkɔ owu mu; wɔn a wɔahyɛ afoa ama wɔn no bɛtotɔ wɔ afoa ano; wɔn a wɔahyɛ ɔkɔm ama wɔn no, ɔkɔm bɛde wɔn; wɔn a wɔahyɛ nnommumfa ama wɔn no bɛkɔ nnommum mu.’
ופקדתי עליהם ארבע משפחות נאם יהוה את החרב להרג ואת הכלבים לסחב ואת עוף השמים ואת בהמת הארץ לאכל ולהשחית | 3 |
“Mede adesɛefo ahorow anan bɛba wɔn so,” Awurade na ose, “afoa a ebekunkum wɔn, akraman a wɔbɛtwe wɔn ase akɔ, wim nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtetew wɔn nam asɛe wɔn.
ונתתים לזועה (לזעוה) לכל ממלכות הארץ--בגלל מנשה בן יחזקיהו מלך יהודה על אשר עשה בירושלם | 4 |
Mɛma wɔayɛ akyiwade ama asase so ahenni nyinaa, esiane nea Yudahene Hesekia babarima Manase yɛɛ wɔ Yerusalem nti.
כי מי יחמל עליך ירושלם ומי ינוד לך ומי יסור לשאל לשלם לך | 5 |
“Hena na obehu wo mmɔbɔ, Yerusalem? Hena na obegyam wo? Hena na obegyina abisa sɛnea wo ho te?
את נטשת אתי נאם יהוה אחור תלכי ואט את ידי עליך ואשחיתך נלאיתי הנחם | 6 |
Woapo me,” Awurade na ose. “Wugu akyirisan so ara. Ɛno nti mɛteɛ me nsa wɔ wo so na masɛe wo. Me yam renhyehye me mma wo bio.
ואזרם במזרה בשערי הארץ שכלתי אבדתי את עמי מדרכיהם לוא שבו | 7 |
Mede nhuhuwso apampaa behuhuw wɔn so wɔ asase no kuropɔn apon ano. Mede owu ne ɔsɛe bɛba me nkurɔfo so, efisɛ wɔnsakraa wɔn akwan ɛ.
עצמו לי אלמנותו מחול ימים הבאתי להם על אם בחור שדד בצהרים הפלתי עליה פתאם עיר ובהלות | 8 |
Mɛma wɔn akunafo adɔɔso asen mpoano nwea. Mede ɔsɛefo bɛba owigyinae, abɛhaw wɔn mmerante nanom; mpofirim mede ɔyaw ne ehu bɛba wɔn so.
אמללה ילדת השבעה נפחה נפשה באה (בא) שמשה בעד יומם--בושה וחפרה ושאריתם לחרב אתן לפני איביהם--נאם יהוה | 9 |
Ɔbeatan a wawo ason bɛtɔ beraw, na wagyaa mu. Ne wia bɛtɔ wɔ bere a ade nsaa ɛ; wobegu nʼanim ase abrɛ no ase. Mede nkae no bɛma afoa wɔ wɔn atamfo anim,” Awurade na ose.
אוי לי אמי--כי ילדתני איש ריב ואיש מדון לכל הארץ לא נשיתי ולא נשו בי כלה מקללוני | 10 |
Ao, me na a wowoo me, onipa a asase no sofo nyinaa ne me ham, di aperepere! Memfɛm obi biribi na memmɔɔ bosea mfii obi hɔ ɛ, nanso obiara dome me.
אמר יהוה אם לא שרותך (שריתיך) לטוב אם לוא הפגעתי בך בעת רעה ובעת צרה--את האיב | 11 |
Awurade kae se, “Nokware megye wo ama botae pa bi; ampa ara mɛma wʼatamfo apa wo kyɛw wɔ amanehunu ne ahohia mmere mu.
הירע ברזל ברזל מצפון ונחשת | 12 |
“Onipa betumi abu dade mu dade a efi atifi fam, anaa kɔbere?
חילך ואוצרותיך לבז אתן לא במחיר ובכל חטאותיך ובכל גבוליך | 13 |
“Mo ahode ne mo nnwetɛbona mede bɛma sɛ wɔmfom a wɔrentua ka, esiane mo nnebɔne nyinaa wɔ mo man no mu nti.
והעברתי את איביך בארץ לא ידעת כי אש קדחה באפי עליכם תוקד | 14 |
Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfo wɔ ɔman a munnim so so, mʼabufuw bɛma ogya adɛw na ɛbɛhyew mo.”
אתה ידעת יהוה זכרני ופקדני והנקם לי מרדפי--אל לארך אפך תקחני דע שאתי עליך חרפה | 15 |
Wote ase, Awurade; kae me na hwɛ me so. Tɔ wɔn a wɔtaa me no so were. Wowɔ abodwokyɛre, mma me nwu; hwɛ sɛnea wo nti wɔbɔ me ahohora.
נמצאו דבריך ואכלם ויהי דבריך (דברך) לי לששון ולשמחת לבבי כי נקרא שמך עלי יהוה אלהי צבאות | 16 |
Wo nsɛm bae no, midii; ɛyɛɛ mʼahosɛpɛw ne me koma apɛde, na wo din da me so, Ao, Asafo Awurade Nyankopɔn.
לא ישבתי בסוד משחקים ואעלז מפני ידך בדד ישבתי כי זעם מלאתני | 17 |
Mantena wɔn a wogye wɔn ani fekuw mu, ne wɔn annye wɔn ani; metew me ho tenae, efisɛ wo nsa daa me so na wʼabufuw hyɛɛ me ma.
למה היה כאבי נצח ומכתי אנושה מאנה הרפא--היו תהיה לי כמו אכזב מים לא נאמנו | 18 |
Adɛn nti na me yaw to ntwa da na mʼapirakuru ayɛ akisikuru a ano yɛ den? Wopɛ sɛ woyɛ sɛ nnaadaa asuwa ma me, sɛ asuti a ɛyow ana?
לכן כה אמר יהוה אם תשוב ואשיבך לפני תעמד ואם תוציא יקר מזולל כפי תהיה ישבו המה אליך ואתה לא תשוב אליהם | 19 |
Enti sɛɛ na Awurade se, “Sɛ wosakra wʼadwene a megye wo ato mu bio na woasom me; sɛ nsɛm a edi mu fi wʼanom, na ɛnyɛ nsɛm huhuw a, wobɛyɛ me kasamafo. Ma saa nnipa yi nnan mmra wo nkyɛn, na wo de, ɛnsɛ sɛ wodan kɔ wɔn nkyɛn.
ונתתיך לעם הזה לחומת נחשת בצורה ונלחמו אליך ולא יוכלו לך כי אתך אני להושיעך ולהצילך נאם יהוה | 20 |
Mede wo bɛyɛ ɔfasu ama saa nnipa yi, bammɔ fasu a wɔde kɔbere ato; wɔne wo bedi asi nanso wɔrenni wo so nkonim, efisɛ me ne wo wɔ hɔ sɛ meyi wo na magye wo nkwa,” Awurade, na ose.
והצלתיך מיד רעים ופדתיך מכף ערצים | 21 |
“Megye wo nkwa afi amumɔyɛfo nsam na mayi wo afi atirimɔdenfo nsam.”