< ישעה 9 >

כי לא מועף לאשר מוצק לה כעת הראשון הקל ארצה זבלון וארצה נפתלי והאחרון הכביד--דרך הים עבר הירדן גליל הגוים 1
Nanso, wɔn a na wɔwɔ ahohiahia mu no, wɔrenni awerɛhoɔ bio. Kane no ɔbrɛɛ Sebulon ne Naftali nsase no ase, nanso daakye bi ɔbɛhyɛ Galilea a ɛyɛ amanamanmufoɔ ɔman na ne kwan da Yordan ne ɛpo ntam no animuonyam.
העם ההלכים בחשך ראו אור גדול ישבי בארץ צלמות אור נגה עליהם 2
Nnipa a wɔnam sum mu ahunu hann kɛseɛ; wɔn a wɔte asase a ɛso sum kabii soɔ no, hann bi apue wɔn so.
הרבית הגוי לא (לו) הגדלת השמחה שמחו לפניך כשמחת בקציר כאשר יגילו בחלקם שלל 3
Woatrɛ ɔman no mu; woama wɔn ani agye mmoroso; wɔdi ahurisie wɔ wʼanim sɛdeɛ nnipa di ahurisie otwaberɛ, sɛdeɛ nnipa ho sɛpɛ wɔn wɔ ɛberɛ a wɔrekyɛ afodeɛ.
כי את על סבלו ואת מטה שכמו שבט הנגש בו--החתת כיום מדין 4
Sɛdeɛ da a Midian dii nkoguo no, saa ara na woadwɛre kɔnnua a ɛda wɔn so no; saa ara na woayi nhyɛsofoɔ poma a ɛda wɔn mmatire so.
כי כל סאון סאן ברעש ושמלה מגוללה בדמים והיתה לשרפה מאכלת אש 5
Ɔkofoɔ mpaboa a wɔhyɛ de kɔ sa ne atadeɛ biara a mogya akeka mu no wɔbɛgya agu hɔ na wɔahye. Wɔde bɛsɔ ogya.
כי ילד ילד לנו בן נתן לנו ותהי המשרה על שכמו ויקרא שמו פלא יועץ אל גבור אבי עד שר שלום 6
Ɛfiri sɛ, wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin, na amammuo no bɛda ne mmati so. Na wɔbɛfrɛ no Ɔfotufoɔ Nwanwani, Otumfoɔ Onyankopɔn, Daa Agya, Asomdwoeɛ Wura.
לם רבה (למרבה) המשרה ולשלום אין קץ על כסא דוד ועל ממלכתו להכין אתה ולסעדה במשפט ובצדקה מעתה ועד עולם קנאת יהוה צבאות תעשה זאת 7
Nʼamammuo no nkɔsoɔ ne nʼasomdwoeɛ bɛtena hɔ daa. Ɔbɛtena Dawid ahennwa so abu nʼahennie, Ɔde atɛntenenee ne teneneeyɛ bɛhyɛ aseɛ na wama atim afiri saa ɛberɛ no akɔsi daa apem. Asafo Awurade mmɔdemmɔ bɛyɛ yei.
דבר שלח אדני ביעקב ונפל בישראל 8
Awurade ato Yakob nkra a ɛtia no, na ɛbɛka Israel.
וידעו העם כלו אפרים ויושב שמרון בגאוה ובגדל לבב לאמר 9
Nnipa no nyinaa bɛhunu, Efraim ne wɔn a wɔtete Samaria a wɔde ahohoahoa ne ahomasoɔ akoma kasa no,
לבנים נפלו וגזית נבנה שקמים גדעו וארזים נחליף 10
“Ntayaa no abubu agu fam nanso yɛde aboɔ a wɔatwa bɛto bio. Wɔabubu borɔdɔma nnua no nanso yɛde ntweneduro bɛsi anan mu.”
וישגב יהוה את צרי רצין עליו ואת איביו יסכסך 11
Nanso Awurade ahyɛ Resin atamfoɔ den atia wɔn, na ɔhyɛ wɔn atamfoɔ no nkuran.
ארם מקדם ופלשתים מאחור ויאכלו את ישראל בכל פה בכל זאת לא שב אפו ועוד ידו נטויה 12
Aramfoɔ a wɔfiri apueeɛ fam, Filistifoɔ a wɔfiri atɔeɛ fam, abue wɔn anom amene Israel. Nanso yeinom nyinaa akyiri no ne bo nnwooɛ na ne nsa da so wɔ soro.
והעם לא שב עד המכהו ואת יהוה צבאות לא דרשו 13
Nanso nnipa no nsane nkɔɔ deɛ ɔtwee wɔn aso no nkyɛn, na wɔmmpɛɛ Asafo Awurade no akyiri kwan nso.
ויכרת יהוה מישראל ראש וזנב כפה ואגמון--יום אחד 14
Enti Awurade bɛtwa etire ne dua afiri Israel ho na ɛberɛ ne demmire nso, ɔde da koro pɛ bɛtwa;
זקן ונשוא פנים הוא הראש ונביא מורה שקר הוא הזנב 15
mpanimfoɔ ne akunini no ne etire no, na atorɔ adiyifoɔ no ne dua no.
ויהיו מאשרי העם הזה מתעים ומאשריו מבלעים 16
Wɔn a wɔkyerɛ nnipa yi kwan no nnkyerɛ wɔn kwan pa, na wɔn a wɔnya akwankyerɛ no nso fom kwan.
על כן על בחוריו לא ישמח אדני ואת יתמיו ואת אלמנותיו לא ירחם--כי כלו חנף ומרע וכל פה דבר נבלה בכל זאת לא שב אפו ועוד ידו נטויה 17
Enti Awurade ani rennye mmeranteɛ no ho, na ɔrenhunu nwisiaa ne akunafoɔ mmɔbɔ ɛfiri sɛ, obiara nni nyamesu na wɔyɛ amumuyɛfoɔ. Ano biara ka ahuhusɛm. Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwooɛ, na ne nsa da so wɔ soro.
כי בערה כאש רשעה שמיר ושית תאכל ותצת בסבכי היער ויתאבכו גאות עשן 18
Nokorɛm atirimuɔden hye te sɛ ogya; ɛhye nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ, ɛde ogya to kwaeɛbirentuo mu hye no, na ɛnam wisie kumɔnn mu foro kɔ soro.
בעברת יהוה צבאות נעתם ארץ ויהי העם כמאכלת אש איש אל אחיו לא יחמלו 19
Asafo Awurade abufuo so enti, asase no bɛkyene na nnipa bɛyɛ mmabaa ama ogya no; na obiara remfa ne nua ho nkyɛ no.
ויגזר על ימין ורעב ויאכל על שמאול ולא שבעו איש בשר זרעו יאכלו 20
Nifa so, wɔbɛfom aduane adi, nanso ɛkɔm bɛde wɔn; benkum so, wɔbɛdidi, nanso wɔremmee. Obiara bɛwe ne ba ɛnam.
מנשה את אפרים ואפרים את מנשה--יחדו המה על יהודה בכל זאת לא שב אפו ועוד ידו נטויה 21
Manase bɛdane Efraim na Efraim adane Manase na wɔbɛbɔ mu atia Yuda. Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwoeɛ, na wama ne nsa so ayɛ krado.

< ישעה 9 >