< ישעה 8 >

ויאמר יהוה אלי קח לך גליון גדול וכתב עליו בחרט אנוש למהר שלל חש בז 1
Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Fa nwoma mmobɔeɛ kɛseɛ no na fa twerɛdua biara twerɛ so.
ואעידה לי עדים נאמנים--את אוריה הכהן ואת זכריהו בן יברכיהו 2
Na mɛfrɛ ɔsɔfoɔ Uria ne Yeberekia babarima Sakaria sɛ mʼadansefoɔ nokwafoɔ aba.”
ואקרב אל הנביאה ותהר ותלד בן ויאמר יהוה אלי קרא שמו מהר שלל חש בז 3
Afei mekɔɔ nkɔmhyɛni baa no ho, na ɔnyinsɛneeɛ, woo ɔbabarima. Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Frɛ no Maher-Salal-Has-Bas.
כי בטרם ידע הנער קרא אבי ואמי--ישא את חיל דמשק ואת שלל שמרון לפני מלך אשור 4
Ansa na abarimaa no bɛtumi aka, ‘Mʼagya’ anaa sɛ ‘me maame’ no, Asiriahene bɛba abɛfa Damasko ahodeɛ ne Samaria afodeɛ nyinaa akɔ.”
ויסף יהוה דבר אלי עוד לאמר 5
Awurade kasa kyerɛɛ me bio sɛ,
יען כי מאס העם הזה את מי השלח ההלכים לאט ומשוש את רצין ובן רמליהו 6
“Esiane sɛ saa nkurɔfoɔ yi apo Siloa nsuo a ɛresene brɛoo na wɔdi ahurisie wɔ Resin ne Remalia babarima no ho enti,
ולכן הנה אדני מעלה עליהם את מי הנהר העצומים והרבים--את מלך אשור ואת כל כבודו ועלה על כל אפיקיו והלך על כל גדותיו 7
Awurade reyɛ de Asubɔnten no yire kɛseɛ no atia wɔn, Asiriahene ne ne kɛseyɛ nyinaa. Ɛbɛyiri afa ne mmɔnka nyinaa mu, na abu afa ne nkonkɔn so
וחלף ביהודה שטף ועבר עד צואר יגיע והיה מטות כנפיו מלא רחב ארצך עמנו אל 8
na apra abɛfa Yuda, akontono afa ho, atene afa mu abɛdeda ɛkɔn mu. Na atrɛtrɛ akata asase no nyinaa so Ao Immanuel.”
רעו עמים וחתו והאזינו כל מרחקי ארץ התאזרו וחתו התאזרו וחתו 9
Momma ɔko nteamu so, mo aman na wɔndwɛre mo! Montie mo akyirikyiri aman. Monsiesie mo ho mma ɔko, na wɔndwɛre mo! Monsiesie mo ho mma ɔko, na wɔndwɛre mo!
עצו עצה ותפר דברו דבר ולא יקום כי עמנו אל 10
Hwehwɛ ɛkwan a wobɛfa soɔ, nanso wɔbɛsɛe no; da wo nsusuiɛ adi, nanso ɛrennyina, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.
כי כה אמר יהוה אלי כחזקת היד ויסרני מלכת בדרך העם הזה לאמר 11
Awurade de ne nsa denden no too me so, ka kyerɛ me bɔɔ me kɔkɔ sɛ, mennante saa nkurɔfoɔ yi kwan so. Ɔkaa sɛ,
לא תאמרון קשר לכל אשר יאמר העם הזה קשר ואת מוראו לא תיראו ולא תעריצו 12
“Ɛnyɛ biribiara a saa nkurɔfoɔ yi frɛ no tirisopam na ɛyɛ tirisopam. Monnsuro deɛ wosuro, na momma ɛmmɔ mo hu.
את יהוה צבאות אתו תקדישו והוא מוראכם והוא מערצכם 13
Asafo Awurade nko ara na ɛsɛ sɛ wobu no kronkron, ɔno na ɛsɛ sɛ wosuro no, ɔno na ne ho yɛ hu,
והיה למקדש ולאבן נגף ולצור מכשול לשני בתי ישראל לפח ולמוקש--ליושב ירושלם 14
ɔbɛyɛ kronkronbea: nanso Israel afie mmienu no deɛ, ɔbɛyɛ suntiboɔ ne ɔbotan a ɛma wɔhwe ase. Na ne nnipa a ɛwɔ Yerusalem deɛ ɔbɛyɛ afidie a ɛbɛyi wɔn.
וכשלו בם רבים ונפלו ונשברו ונוקשו ונלכדו 15
Wɔn mu bebree bɛsuntisunti; wɔbɛhwe ase a wɔnnsɔre bio; wɔbɛsum wɔn afidie na ayi wɔn.”
צור תעודה חתום תורה בלמדי 16
Kyekyere adanseɛ no sɔ mmara no ano ma mʼasuafoɔ.
וחכיתי ליהוה המסתיר פניו מבית יעקב וקויתי לו 17
Mɛtwɛn Awurade a wayi nʼani afiri Yakob efie so mede me werɛ bɛhyɛ ne mu.
הנה אנכי והילדים אשר נתן לי יהוה לאתות ולמופתים בישראל--מעם יהוה צבאות השכן בהר ציון 18
Me ne mma a Awurade de wɔn ama me no nie. Yɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne ahyɛnsodeɛ wɔ Israel, na yɛfiri Asafo Awurade a ɔte Sion Bepɔso no nkyɛn.
וכי יאמרו אליכם דרשו אל האבות ואל הידענים המצפצפים והמהגים הלוא עם אל אלהיו ידרש בעד החיים אל המתים 19
Sɛ nnipa tu mo fo sɛ monkɔ hunu asamanfrɛfoɔ ne nnunsifoɔ a wɔkasa aso mu na emu nteɛ a, adɛn enti na wɔmmmisa wɔn Onyankopɔn? Adɛn enti na mobisa adeɛ wɔ awufoɔ nkyɛn ma ateasefoɔ?
לתורה ולתעודה אם לא יאמרו כדבר הזה אשר אין לו שחר 20
Sɛ wɔannyina mmara ne adanseɛ yi so anka asɛm yi a, wonni adekyeɛ mu hann.
ועבר בה נקשה ורעב והיה כי ירעב והתקצף וקלל במלכו ובאלהיו--ופנה למעלה 21
Wɔde ahohiahia ne ɛkɔm bɛnantenante asase no so; na sɛ wɔtɔ baha a, wɔn bo bɛfu na wɔbɛma wɔn ani so adome wɔn ɔhene ne wɔn Onyankopɔn.
ואל ארץ יביט והנה צרה וחשכה מעוף צוקה ואפלה מנדח 22
Afei wɔbɛhwɛ asase no so, na wobɛhunu ahohiahia ne esum a ɛyɛ hu, na wɔde wɔn bɛhyɛne esum kabii mu.

< ישעה 8 >