< ישעה 7 >
ויהי בימי אחז בן יותם בן עזיהו מלך יהודה עלה רצין מלך ארם ופקח בן רמליהו מלך ישראל ירושלם למלחמה עליה ולא יכל להלחם עליה | 1 |
Bere a Usia babarima Yotam babarima Ahas bedii Yudaman so hene no, Aramhene Resin ne Remalia babarima Peka a ɔyɛ Israelhene baa Yerusalem ne wɔn bɛkoe, nanso wɔantumi anni ne so.
ויגד לבית דוד לאמר נחה ארם על אפרים וינע לבבו ולבב עמו כנוע עצי יער מפני רוח | 2 |
Na wɔka kyerɛɛ Dawidfi se, “Aram ne Efraim ayɛ apam;” Enti Ahas ne ne nkurɔfo ho wosow sɛnea kwaennua wosow wɔ mframa ano no.
ויאמר יהוה אל ישעיהו צא נא לקראת אחז אתה ושאר ישוב בנך אל קצה תעלת הברכה העליונה--אל מסלת שדה כובס | 3 |
Na Awurade ka kyerɛɛ Yesaia se, “Wo ne wo babarima Sear-Yasub nkohyia Ahas wɔ Atifi Tare no subon a ɛwɔ Ntamahorofo Afuw no kwan so.
ואמרת אליו השמר והשקט אל תירא ולבבך אל ירך משני זנבות האודים העשנים האלה--בחרי אף רצין וארם ובן רמליהו | 4 |
Ka kyerɛ no se, ‘Hwɛ yiye, yɛ komm na nsuro. Mma wo koma ntu wɔ saa nnyentia abien a ɛrefi wusiw yi ho; wɔ Resin Aramhene ne Remalia babarima abufuwhyew no nti.
יען כי יעץ עליך ארם--רעה אפרים ובן רמליהו לאמר | 5 |
Aram, Efraim ne Remalia babarima abɔ wo sɛe ho pɔw se,
נעלה ביהודה ונקיצנה ונבקענה אלינו ונמליך מלך בתוכה את בן טבאל | 6 |
“Momma yɛntow nhyɛ Yuda so, na yɛntetew wɔn mu na yɛnkyɛ mfa, na yensi Tabeel babarima hene wɔ so.”
כה אמר אדני יהוה לא תקום ולא תהיה | 7 |
Nanso nea Asafo Awurade se ni: “‘Ɛremma so, na ɛrensi da,
כי ראש ארם דמשק וראש דמשק רצין ובעוד ששים וחמש שנה יחת אפרים מעם | 8 |
Aram ti ne Damasko, na Resin pɛ na ɛyɛ Damasko ti. Mfirihyia aduosia anum mu no Efraim mu bɛtetew koraa a ɛrentumi nnyɛ ɔman.
וראש אפרים שמרון וראש שמרון בן רמליהו אם לא תאמינו כי לא תאמנו | 9 |
Efraim ti ne Samaria Remalia babarima pɛ ne Samaria ti. Sɛ woannyina pintinn wɔ wo gyidi mu a, worennyina koraa.’”
ויוסף יהוה דבר אל אחז לאמר | 10 |
Awurade kasa kyerɛɛ Ahas bio se,
שאל לך אות מעם יהוה אלהיך העמק שאלה או הגבה למעלה (Sheol ) | 11 |
“Bisa Awurade, wo Nyankopɔn hɔ nsɛnkyerɛnne, sɛ ɛwɔ bun ase tɔnn anaa ɔsorosoro nohɔ.” (Sheol )
ויאמר אחז לא אשאל ולא אנסה את יהוה | 12 |
Nanso Ahas buae se, “Meremmisa, merensɔ Awurade nhwɛ.”
ויאמר שמעו נא בית דוד המעט מכם הלאות אנשים כי תלאו גם את אלהי | 13 |
Na Yesaia kae se, “Muntie Dawidfi! Ɛnso mma mo sɛ mobɛsɔ nnipa ntoboase ahwɛ? Na mobɛsɔ me Nyankopɔn nso ntoboase ahwɛ ana?
לכן יתן אדני הוא לכם--אות הנה העלמה הרה וילדת בן וקראת שמו עמנו אל | 14 |
Ɛno de, Onyankopɔn ankasa bɛma mo nsɛnkyerɛnne; ɔbabun no benyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na wɔbɛfrɛ no Immanuel.
חמאה ודבש יאכל--לדעתו מאוס ברע ובחור בטוב | 15 |
Obedi nufusu ani srade ne ɛwo, bere a wahu nea ɛbɛma watumi apo bɔne na wafa nea eye no.
כי בטרם ידע הנער מאס ברע--ובחר בטוב תעזב האדמה אשר אתה קץ מפני שני מלכיה | 16 |
Nanso ansa na abarimaa no behu nea ɛbɛma watumi apo bɔne na wafa nea eye no, wɔbɛma ahemfo abien a wusuro wɔn no nsase ada mpan.
יביא יהוה עליך ועל עמך ועל בית אביך ימים אשר לא באו למיום סור אפרים מעל יהודה את מלך אשור | 17 |
Awurade de bere bi bɛba wo ne wo nkurɔfo ne wʼagya fi so a ɛso bi mmaa da, efi bere a Efraim tew ne ho fii Yuda ho; ɔde Asiriahene bɛba.”
והיה ביום ההוא ישרק יהוה לזבוב אשר בקצה יארי מצרים ולדבורה--אשר בארץ אשור | 18 |
Da no, Awurade bɛhyɛn abɛn afrɛ nwansena afi nsuwansuwa a ɛwɔ akyirikyiri wɔ Misraim ne nnowa a wofi Asiria asase so.
ובאו ונחו כלם בנחלי הבתות ובנקיקי הסלעים ובכל הנעצוצים ובכל הנהללים | 19 |
Wɔn nyinaa bɛba abegu aku a mu dɔ ne ntokuru a ɛwɔ abotan mu, nkyɛkyerɛ ne suka mu.
ביום ההוא יגלח אדני בתער השכירה בעברי נהר במלך אשור את הראש ושער הרגלים וגם את הזקן תספה | 20 |
Da no, Awurade de oyiwan a obegye wɔ Asubɔnten no agya nohɔ wɔ Asiriahene nkyɛn, no beyi mo ti so ne mo anan ho nwi na wayi mo abogyesɛ nso.
והיה ביום ההוא יחיה איש עגלת בקר ושתי צאן | 21 |
Saa da no, obiara bɛyɛn nantwi ba baako ne mmirekyi abien.
והיה מרב עשות חלב--יאכל חמאה כי חמאה ודבש יאכל כל הנותר בקרב הארץ | 22 |
Na esiane nufusu dodow a wɔbɛma nti, obenya nufusu ani srade adi. Wɔn a wɔbɛka wɔ asase no so nyinaa bedi nufusu ani srade ne ɛwo.
והיה ביום ההוא--יהיה כל מקום אשר יהיה שם אלף גפן באלף כסף לשמיר ולשית יהיה | 23 |
Saa da no, baabiara a na anka bobe apem a ne bo yɛ dwetɛ kilogram dubaako ne fa wɔ no, wobehu nnɛnkyɛnse ne nsɔe.
בחצים ובקשת יבוא שמה כי שמיר ושית תהיה כל הארץ | 24 |
Nnipa de agyan ne tadua bɛkɔ hɔ, efisɛ nnɛnkyɛnse ne nsɔe agye hɔ.
וכל ההרים אשר במעדר יעדרון--לא תבוא שמה יראת שמיר ושית והיה למשלח שור ולמרמס שה | 25 |
Nkoko a na anka kan no wɔde nsɔw yɛ so adwuma, nnɛnkyɛnse ne nsɔe ho hu nti wɔrenkɔ hɔ bio; ɛbɛdan mmeaemmeae a wogyaa anantwi ne nguan ma wɔkɔ.