< ישעה 4 >
והחזיקו שבע נשים באיש אחד ביום ההוא לאמר לחמנו נאכל ושמלתנו נלבש רק יקרא שמך עלינו--אסף חרפתנו | 1 |
Saa ɛda no, mmaa baason bɛsɔ ɔbarima baako mu aka sɛ, “Yɛbɛbɔ yɛn ho akɔnhoma na yɛn ankasa apɛ yɛn aduradeɛ; ma wo din nna yɛn so kɛkɛ. Yi ahohora firi yɛn so!”
ביום ההוא יהיה צמח יהוה לצבי ולכבוד ופרי הארץ לגאון ולתפארת לפליטת ישראל | 2 |
Saa ɛda no Awurade Baa no bɛyɛ fɛ na anya animuonyam, na asase no so aba bɛyɛ ahohoahoa ne animuonyam ama Israel nkaeɛfoɔ no.
והיה הנשאר בציון והנותר בירושלם--קדוש יאמר לו כל הכתוב לחיים בירושלם | 3 |
Wɔn a wɔaka wɔ Sion a wɔte Yerusalem no, wɔbɛfrɛ wɔn kronkron, wɔn a wɔatwerɛ wɔn din aka ateasefoɔ ho wɔ Yerusalem nyinaa.
אם רחץ אדני את צאת בנות ציון ואת דמי ירושלם ידיח מקרבה--ברוח משפט וברוח בער | 4 |
Awurade bɛhohoro Sion mmaa ho fi; ɔde atemmuo honhom ne ogya honhom bɛpepa mogya nkekaawa a ɛwɔ Yerusalem.
וברא יהוה על כל מכון הר ציון ועל מקראה ענן יומם ועשן ונגה אש להבה לילה כי על כל כבוד חפה | 5 |
Afei, Bepɔ Sion ne wɔn a wɔboa wɔn ano wɔ hɔ nyinaa, Awurade de wisie omununkum bɛkata wɔn so awia, na ɔde ogya dɛreɛ akata wɔn so anadwo; ntoma kyiniiɛ bɛkata animuonyam yi nyinaa so.
וסכה תהיה לצל יומם מחרב ולמחסה ולמסתור מזרם וממטר | 6 |
Ɛbɛyɛ hintabea ne enwunu wɔ owibɔ ano den mu, na osutɔ ne ahum mu nso ɛbɛyɛ dwanekɔbea ne atɛeɛ.