< ישעה 4 >

והחזיקו שבע נשים באיש אחד ביום ההוא לאמר לחמנו נאכל ושמלתנו נלבש רק יקרא שמך עלינו--אסף חרפתנו 1
Saa da no, mmea baason beso ɔbarima baako mu aka se, “Yɛbɛbɔ yɛn ho akɔnhama na yɛn ankasa apɛ yɛn adurade; ma wo din nna yɛn so kɛkɛ. Yi ahohora fi yɛn so!”
ביום ההוא יהיה צמח יהוה לצבי ולכבוד ופרי הארץ לגאון ולתפארת לפליטת ישראל 2
Saa da no Awurade Baa no bɛyɛ fɛ na anya anuonyam, na asase no so aba bɛyɛ ahohoahoa ne anuonyam ama Israel nkae no.
והיה הנשאר בציון והנותר בירושלם--קדוש יאמר לו כל הכתוב לחיים בירושלם 3
Wɔn a wɔaka wɔ Sion, a wɔte Yerusalem no, wɔbɛfrɛ wɔn kronkron, wɔn a wɔakyerɛw wɔn din aka ateasefo ho wɔ Yerusalem nyinaa.
אם רחץ אדני את צאת בנות ציון ואת דמי ירושלם ידיח מקרבה--ברוח משפט וברוח בער 4
Awurade bɛhohoro Sion mmea ho fi; ɔde atemmu honhom ne ogya honhom bɛpepa mogya nkekae a ɛwɔ Yerusalem.
וברא יהוה על כל מכון הר ציון ועל מקראה ענן יומם ועשן ונגה אש להבה לילה כי על כל כבוד חפה 5
Afei, Bepɔw Sion ne wɔn a wɔboa wɔn ano wɔ hɔ nyinaa, Awurade de wusiw mununkum bɛkata wɔn so awia, na ɔde ogya a ɛdɛw akata wɔn so anadwo; ntama kyinii bɛkata anuonyam yi nyinaa so.
וסכה תהיה לצל יומם מחרב ולמחסה ולמסתור מזרם וממטר 6
Ɛbɛyɛ hintabea ne onwini wɔ awia anoden mu, na osu ne ahum mu nso, ɛbɛyɛ guankɔbea ne hintabea.

< ישעה 4 >