< ישעה 25 >
יהוה אלהי אתה--ארוממך אודה שמך כי עשית פלא עצות מרחק אמונה אמן | 1 |
Awurade, wo ne me Nyankopɔn; mɛma wo so na mayi wo din ayɛ, efisɛ wufi nokwaredi mu, ayɛ anwonwade bebree, nneɛma a wɔahyehyɛ fi teteete.
כי שמת מעיר לגל קריה בצורה למפלה ארמון זרים מעיר לעולם לא יבנה | 2 |
Woayɛ kuropɔn no nnwiriwii siw, kurow no a ɛwɔ bammɔ no asɛe; ananafo abandennen no nyɛ kuropɔn bio; na wɔrensi bio.
על כן יכבדוך עם עז קרית גוים עריצים ייראוך | 3 |
Enti aman a wɔyɛ den bedi wo ni atutuwpɛfo aman bɛhyɛ wo anuonyam.
כי היית מעוז לדל מעוז לאביון בצר לו מחסה מזרם צל מחרב כי רוח עריצים כזרם קיר | 4 |
Woayɛ ahiafo guankɔbea, ohiani mmɔborɔni guankɔbea, ahum ano ahintawee ɔhyew mu nwini na atirimɔdenfo home te sɛ ahum a ɛrebɔ dwira ɔfasu
כחרב בציון שאון זרים תכניע חרב בצל עב זמיר עריצים יענה | 5 |
ne ɔhyew a ɛwɔ nweatam so. Wobrɛ ananafo huuyɛ ase; sɛnea omununkum brɛ owia hyew ano ase no, saa ara na atirimɔdenfo nnwom nso begyae.
ועשה יהוה צבאות לכל העמים בהר הזה משתה שמנים משתה שמרים שמנים ממחים שמרים מזקקים | 6 |
Asafo Awurade bɛto pon wɔ saa bepɔw yi so obesiesie nnuan pa ne nsa a adi nna; nam pa ne nsa pa ama nnipa nyinaa.
ובלע בהר הזה פני הלוט הלוט על כל העמים והמסכה הנסוכה על כל הגוים | 7 |
Wɔ bepɔw yi so, ɔbɛsɛe ntama a ɛkata nnipa nyinaa ho ne nkataso a ɛkata aman nyinaa so no;
בלע המות לנצח ומחה אדני יהוה דמעה מעל כל פנים וחרפת עמו יסיר מעל כל הארץ--כי יהוה דבר | 8 |
Ɔbɛmene owu afebɔɔ. Asafo Awurade bɛpepa ani so nusu nyinaa. Obeyi ne nkurɔfo ahohora, afi nsase nyinaa so. Awurade, na waka.
ואמר ביום ההוא הנה אלהינו זה קוינו לו ויושיענו זה יהוה קוינו לו נגילה ונשמחה בישועתו | 9 |
Saa da no, wɔbɛka se, “Ampa ara yɛn Nyankopɔn ni; yɛde yɛn ho too no so na ogyee yɛn; Awurade no ni, yegyee no dii; momma yenni ahurusi na yɛn ani nnye wɔ ne nkwagye no mu.”
כי תנוח יד יהוה בהר הזה--ונדוש מואב תחתיו כהדוש מתבן במי (במו) מדמנה | 10 |
Awurade nsa bɛda saa bepɔw yi so; nanso obetiatia Moab so te sɛ sare a wotiatia so de fra sumina.
ופרש ידיו בקרבו כאשר יפרש השחה לשחות והשפיל גאותו עם ארבות ידיו | 11 |
Wɔbɛtrɛtrɛw wɔn nsa mu wɔ so, sɛnea asuguarefo trɛtrɛw wɔn nsa mu de guare. Onyankopɔn bɛbrɛ wɔn ahomaso ase a ɔrenhwɛ wɔn nsa ano dwumadi ho.
ומבצר משגב חומתיך השח השפיל הגיע לארץ--עד עפר | 12 |
Obebubu mo bammɔ afasu atenten no agu, obebubu agu fam ama ayɛ mfutuma.