< ישעה 24 >

הנה יהוה בוקק הארץ ובולקה ועוה פניה והפיץ ישביה 1
Hwɛ, Awurade rebɛma asase ada mpan na wasɛe no; ɔbɛsɛe asase ani na wabɔ sotefo ahwete,
והיה כעם ככהן כעבד כאדניו כשפחה כגברתה כקונה כמוכר כמלוה כלוה כנשה כאשר נשא בו 2
ɛbɛyɛ saa ara ama ɔsɔfo sɛnea ɛbɛyɛ ama nnipa, ama owura sɛnea ɛbɛyɛ ama asomfo, ama awuraa sɛnea ɛbɛyɛ ama afenaa, ama nea ɔtɔn sɛnea ɛbɛyɛ ama nea ɔtɔ, ama nea ogye bosea sɛnea ɛbɛyɛ ama nea ɔma bosea, ama ɔkafo sɛnea ɛbɛyɛ ama nea ɔde ma.
הבוק תבוק הארץ והבוז תבז כי יהוה דבר את הדבר הזה 3
Asase bɛda mpan koraa, na wɔafom so nneɛma. Awurade, na waka saa asɛm yi.
אבלה נבלה הארץ אמללה נבלה תבל אמללו מרום עם הארץ 4
Asase so yɛ wosee, na ekisa wiase kɔ ahoyeraw mu, na ekisa, nea wɔama no so wɔ asase so ho yeraw no.
והארץ חנפה תחת ישביה כי עברו תורת חלפו חק הפרו ברית עולם 5
Asase so nnipa agu ne ho fi; wɔanni mmara no so, wɔabu ahyɛde no so na wɔasɛe apam a ɛwɔ hɔ daa no.
על כן אלה אכלה ארץ ויאשמו ישבי בה על כן חרו ישבי ארץ ונשאר אנוש מזער 6
Enti nnome amene asase no ɛsɛ sɛ so nnipa nya wɔn afɔdi so akatua ne saa nti wɔahyew asase no so nnipa, na kakraa bi pɛ na wɔaka.
אבל תירוש אמללה גפן נאנחו כל שמחי לב 7
Nsa foforo no ho yow na bobe no guan; wɔn a wogye wɔn ani no si apini.
שבת משוש תפים חדל שאון עליזים שבת משוש כנור 8
Akasaebɔ mu anigye no agyae, ahosɛpɛwfo no nteɛteɛmu no agyae. Sankuten so nnwom dɛdɛ no ayɛ dinn.
בשיר לא ישתו יין ימר שכר לשתיו 9
Wɔnnto dwom mfa nnom nsa bio; mmorɔsa ayɛ nwen ama anomfo.
נשברה קרית תהו סגר כל בית מבוא 10
Kuropɔn a wɔasɛe no ada mpan; wɔatoto ofi biara apon mu.
צוחה על היין בחוצות ערבה כל שמחה גלה משוש הארץ 11
Wɔpere nsa wɔ mmɔnten so; ahosɛpɛw nyinaa adan bosooyɛ, anigye nyinaa atu ayera wɔ asase no so.
נשאר בעיר שמה ושאיה יכת שער 12
Kuropɔn no asɛe, wɔabubu nʼapon mu nketenkete.
כי כה יהיה בקרב הארץ בתוך העמים כנקף זית כעוללת אם כלה בציר 13
Saa ara na ɛbɛyɛ wɔ asase no so ne amanaman no mu, sɛnea wɔboro ngodua a ɛyɛ no, anaa sɛnea wogyaw mpɛpɛ wɔ bobe twabere akyi no.
המה ישאו קולם ירנו בגאון יהוה צהלו מים 14
Wɔma wɔn nne so, wɔde anigye teɛteɛ mu; efi atɔe fam, wɔkamfo Awurade kɛseyɛ.
על כן בארים כבדו יהוה באיי הים שם יהוה אלהי ישראל 15
Enti apuei fam, monhyɛ Awurade anuonyam; momma Awurade din so, Israel Nyankopɔn no, wɔ supɔw a ɛwɔ po so no so.
מכנף הארץ זמרת שמענו צבי לצדיק ואמר רזי לי רזי לי אוי לי בגדים בגדו ובגד בוגדים בגדו 16
Yɛte nnwonto fi asase ano yɛte se, “Anuonyam nka Ɔtreneeni no.” Nanso mekae se, “Matɔ beraw, mapa abaw! Minnue! Ɔfatwafo di huammɔ! Ɔnam nnaadaa so di huammɔ.”
פחד ופחת ופח עליך יושב הארץ 17
Ehu, amoa ne afiri retwɛn mo, nnipa a mote asase so.
והיה הנס מקול הפחד יפל אל הפחת והעולה מתוך הפחת ילכד בפח כי ארבות ממרום נפתחו וירעשו מוסדי ארץ 18
Nea ehu nti oguan no bɛtɔ amoa mu; nea ɔforo fi amoa mu no afiri beyi no. Wɔabue nsu apon wɔ ɔsoro, na asase nnyinaso wosow.
רעה התרעעה הארץ פור התפוררה ארץ מוט התמוטטה ארץ 19
Wɔadwiriw asase no na emu apaapae, na asase awosow ankasa.
נוע תנוע ארץ כשכור והתנודדה כמלונה וכבד עליה פשעה ונפלה ולא תסיף קום 20
Asase tɔ ntintan te sɛ ɔsabowfo. Ehinhim biribiri te sɛ ntamadan wɔ mframa ano; nʼatuatew ho afɔdi ayɛ adesoa ama no na ɛhwe ase a ɛrensɔre bio.
והיה ביום ההוא יפקד יהוה על צבא המרום במרום ועל מלכי האדמה על האדמה 21
Saa da no, Awurade bɛtwe ɔsoro atumfo ne ahemfo a wɔwɔ asase so aso.
ואספו אספה אסיר על בור וסגרו על מסגר ומרב ימים יפקדו 22
Wɔbɛka wɔn nyinaa abɔ mu sɛ nneduafo ahyɛ afiase amoa mu; wɔbɛto wɔn mu wɔ afiase na nna bebree akyi no wɔatwe wɔn aso.
וחפרה הלבנה ובושה החמה כי מלך יהוה צבאות בהר ציון ובירושלם ונגד זקניו כבוד 23
Ɔsram anim begu ase na owia ani awu; na Asafo Awurade bedi hene wɔ Sion bepɔw so ne Yerusalem, ne wɔn mpanyimfo anim, wɔ anuonyam mu.

< ישעה 24 >