< ישעה 2 >
הדבר אשר חזה ישעיהו בן אמוץ על יהודה וירושלם | 1 |
Yei ne deɛ Amos babarima Yesaia hunuiɛ, a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho.
והיה באחרית הימים נכון יהיה הר בית יהוה בראש ההרים ונשא מגבעות ונהרו אליו כל הגוים | 2 |
Nna a ɛdi akyire no mu no, Awurade asɔredan bepɔ no bɛtim sɛ mmepɔ no nyinaa ti; ɛbɛgye edin aboro nkokoɔ nyinaa so na aman nyinaa bɛbɔ yuu akɔ hɔ.
והלכו עמים רבים ואמרו לכו ונעלה אל הר יהוה אל בית אלהי יעקב וירנו מדרכיו ונלכה בארחתיו כי מציון תצא תורה ודבר יהוה מירושלם | 3 |
Nnipa bebree bɛba abɛka sɛ, “Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔ no so, nkɔ Yakob Onyankopɔn efie. Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnante nʼakwantempɔn so.” Mmara no bɛfiri Sion aba na Awurade asɛm afiri Yerusalem.
ושפט בין הגוים והוכיח לעמים רבים וכתתו חרבותם לאתים וחניתותיהם למזמרות--לא ישא גוי אל גוי חרב ולא ילמדו עוד מלחמה | 4 |
Ɔbɛbu amanaman ntam atɛn na ɔbɛsiesie nnipa bebree ntam asɛm; wɔde wɔn akofena bɛbobɔ nsɔ na wɔde wɔn mpea ayɛ nsɔsɔ. Ɔman bi rentwe ɔman foforɔ so akofena, na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.
בית יעקב--לכו ונלכה באור יהוה | 5 |
Mommra, Ao Yakob fiefoɔ, momma yɛnnante Awurade hann mu.
כי נטשתה עמך בית יעקב--כי מלאו מקדם ועננים כפלשתים ובילדי נכרים ישפיקו | 6 |
Awurade, Woagya wo nkurɔfoɔ, Yakob fiefoɔ. Gyedihunu a ɛfiri apueeɛ fam ahyɛ wɔn ma; wɔhyɛ nkɔm sɛ Filistifoɔ na wɔ ne abosonsomfoɔ di hwebom.
ותמלא ארצו כסף וזהב ואין קצה לאצרתיו ותמלא ארצו סוסים ואין קצה למרכבתיו | 7 |
Dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ wɔn asase no so ma; wɔn ademudeɛ dɔɔso bebree. Apɔnkɔ ayɛ wɔn asase no so ma; na wɔn nteaseɛnam dodoɔ nni ano.
ותמלא ארצו אלילים למעשה ידיו ישתחוו לאשר עשו אצבעתיו | 8 |
Ahoni ahyɛ wɔn asase no so ma; wɔkoto sɔre wɔn ankasa nsa ano adwuma, deɛ wɔn nsateaa ayɛ.
וישח אדם וישפל איש ואל תשא להם | 9 |
Enti, Awurade bɛbrɛ onipa ase na wama adasamma aboto. Ɔmmfa wɔn ho nkyɛ wɔn.
בוא בצור והטמן בעפר מפני פחד יהוה ומהדר גאנו | 10 |
Kɔhyɛne abotan no mu, fa wo ho kɔsie asase no mu ɛsiane Awurade ho hu ne nʼanimuonyam kɛseyɛ nti!
עיני גבהות אדם שפל ושח רום אנשים ונשגב יהוה לבדו ביום ההוא | 11 |
Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase, na wɔde nnipa ahomasoɔ ahwe fam; Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no.
כי יום ליהוה צבאות על כל גאה--ורם ועל כל נשא ושפל | 12 |
Asafo Awurade ahyɛ da bi ama ahomasofoɔ nyinaa ne deɛ ɛma ne ho so nyinaa (wɔbɛbrɛ wɔn ase),
ועל כל ארזי הלבנון הרמים והנשאים ועל כל אלוני הבשן | 13 |
Lebanon ntweneduro nyinaa, atentene ne deɛ ɛkrɔn, ne Basan odum nnua no,
ועל כל ההרים הרמים ועל כל הגבעות הנשאות | 14 |
mmepɔ atentene nyinaa ne nkokoɔ a ɛwowareɛ nyinaa,
ועל כל מגדל גבה ועל כל חומה בצורה | 15 |
ne abantenten a ɛkorɔn ne ɔfasuo biara a ɛyɛ den,
ועל כל אניות תרשיש ועל כל שכיות החמדה | 16 |
adwadie hyɛn biara ne ɛhyɛn kɛseɛ fɛfɛ biara.
ושח גבהות האדם ושפל רום אנשים ונשגב יהוה לבדו ביום ההוא | 17 |
Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase, na wɔde nnipa ahomasoɔ ahwe fam; Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no,
na ahoni no bɛyera korakora.
ובאו במערות צרים ובמחלות עפר--מפני פחד יהוה ומהדר גאונו בקומו לערץ הארץ | 19 |
Nnipa bɛdwane akɔhyɛ abodan a ɛwɔ abotan mu ne ntokuro a ɛdeda asase mu ɛsiane Awurade ho hu ne nʼanimuonyam kɛseyɛ enti, ɛberɛ a ɔbɛsɔre awoso asase.
ביום ההוא ישליך האדם את אלילי כספו ואת אלילי זהבו--אשר עשו לו להשתחות לחפר פרות ולעטלפים | 20 |
Saa ɛda no, nnipa bɛto wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni a wɔyɛɛ sɛ wɔbɛsom no agu ama akusie ne mpan.
לבוא בנקרות הצרים ובסעפי הסלעים--מפני פחד יהוה ומהדר גאונו בקומו לערץ הארץ | 21 |
Wɔbɛdwane akɔhyɛne abotan mu ntokuro mu ne abotan mpaapaeɛ mu ɛsiane Awurade ho hu ne nʼanimuonyam kɛseyɛ enti, ɛberɛ a ɔbɛsɔre awoso asase.
חדלו לכם מן האדם אשר נשמה באפו כי במה נחשב הוא | 22 |
Monnyae sɛ mode mo ho to nnipa, a wɔwɔ ahome kɛkɛ so. Wɔyɛ ɛdeɛn koraa?