< ישעה 18 >

הוי ארץ צלצל כנפים אשר מעבר לנהרי כוש 1
Due, asase a ntaban nnyegyeeɛ wɔ so wɔ Kus nsubɔntene ho,
השלח בים צירים ובכלי גמא על פני מים לכו מלאכים קלים אל גוי ממשך ומורט אל עם נורא מן הוא והלאה--גוי קו קו ומבוסה אשר בזאו נהרים ארצו 2
a ɔsoma ananmusifoɔ a wɔnam ɛpo so a wɔde paparɔs abonto fa nsuo ani. Monkɔ, asomafoɔ ahoɔherɛfoɔ, monkɔ nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ tromtrom no nkyɛn, nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa, aniɛdenfoɔ ɔman a yɛnte wɔn kasa, na nsubɔntene akyekyɛ nʼasase mu.
כל ישבי תבל ושכני ארץ כנשא נס הרים תראו וכתקע שופר תשמעו 3
Mo ewiasefoɔ nyinaa, mo a motete asase so, sɛ wɔpagya frankaa wɔ bepɔ no so a, mobɛhunu. Sɛ wɔhyɛn totorobɛnto a, mobɛte.
כי כה אמר יהוה אלי אשקוטה (אשקטה) ואביטה במכוני כחם צח עלי אור כעב טל בחם קציר 4
Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me, “Mɛtena mʼatenaeɛ na mahwɛ biribiara dinn. Mɛyɛ dinn te sɛ owia a ɛrebɔ, te sɛ ɛbɔ a ɛsi wɔ otwa berɛ mu.”
כי לפני קציר כתם פרח ובסר גמל יהיה נצה וכרת הזלזלים במזמרות ואת הנטישות הסיר התז 5
Ɛnnya nnuruu twaberɛ a nhyerɛnne berɛ atwam no, na nhwiren no anyini adane bobe no, wɔde nsɔsɔ bɛtwitwa mman no; wɔbɛtwitwa mman a ɛredendan no akɔ.
יעזבו יחדו לעיט הרים ולבהמת הארץ וקץ עליו העיט וכל בהמת הארץ עליו תחרף 6
Wɔbɛgya wɔn nyinaa ama bepɔ so nnomaa a wɔkum mmoa we, ne wiram mmoa; nnomaa no bɛdi wɔn nam wɔ ahuhuro ɛberɛ mu. Wiram mmoa bɛwe wɔn nam wɔ awɔ berɛ mu.
בעת ההיא יובל שי ליהוה צבאות עם ממשך ומורט ומעם נורא מן הוא והלאה גוי קו קו ומבוסה אשר בזאו נהרים ארצו אל מקום שם יהוה צבאות הר ציון 7
Saa ɛberɛ no wɔde akyɛdeɛ bɛbrɛ Asafo Awurade ɛbɛfiri nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ tromtrom hɔ, nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa, aniɛdenfoɔ ɔman a yɛnte wɔn kasa, na nsubɔntene akyekyɛ nʼasase mu. Wɔde akyɛdeɛ bɛba Sion Bepɔ so, beaeɛ a Asafo Awurade din atim no.

< ישעה 18 >