< ישעה 12 >

ואמרת ביום ההוא אודך יהוה כי אנפת בי ישב אפך ותנחמני 1
Saa da no, wobɛka se: “Mɛkamfo wo, Awurade! Ɛwɔ mu wo bo fuw me de, nanso afei wʼabufuw ano adwo. Na woakyekye me werɛ.
הנה אל ישועתי אבטח ולא אפחד כי עזי וזמרת יה יהוה ויהי לי לישועה 2
Nokware, Onyankopɔn ne mʼagyenkwa; mede me ho bɛto no so, na merensuro. Awurade, Awurade ne mʼahoɔden ne me dwom; na wabɛyɛ me nkwagye.”
ושאבתם מים בששון ממעיני הישועה 3
Wode anigye bɛsaw nsu afi nkwagye mmura mu.
ואמרתם ביום ההוא הודו ליהוה קראו בשמו הודיעו בעמים עלילתיו הזכירו כי נשגב שמו 4
Saa da no wobɛka se, “Da Awurade ase, bɔ ne din ma amanaman nhu nea wayɛ, na pae mu ka se wɔama ne din so.
זמרו יהוה כי גאות עשה מידעת (מודעת) זאת בכל הארץ 5
To dwom ma Awurade, efisɛ, wayɛ nea ɛwɔ anuonyam bebree. Da eyi adi kyerɛ wiase nyinaa.
צהלי ורני יושבת ציון כי גדול בקרבך קדוש ישראל 6
Momma mo nne so nto dwom anigye so mo a mowɔ Sion, efisɛ Israel Kronkronni a ɔte mo mu no yɛ ɔkɛse.”

< ישעה 12 >