< הושע 3 >

ויאמר יהוה אלי עוד לך אהב אשה אהבת רע ומנאפת כאהבת יהוה את בני ישראל והם פנים אל אלהים אחרים ואהבי אשישי ענבים 1
Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Kɔ na kɔfa wo yere no bio. Fa no sane bra wo nkyɛn, na dɔ no. Ɛmfa ho sɛ ɔfoforɔ bi dɔ no anaa sɛ ɔyɛ ɔwaresɛefoɔ. Dɔ no, sɛdeɛ Awurade da so dɔ Israel a, mpo, nnipa no adane wɔn ho kɔ anyame foforɔ nkyɛn, na wɔma wɔn bobe aba taterɛ no.”
ואכרה לי בחמשה עשר כסף וחמר שערים ולתך שערים 2
Enti, mede gram ɔha aduɔson baako (gram 171) ne atokoɔ kɛntɛn baako (lita 182) ne atokoɔ lita aduɔkron baako kɔpataa no.
ואמר אליה ימים רבים תשבי לי--לא תזני ולא תהיי לאיש וגם אני אליך 3
Na meka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛsɛ sɛ wo ne me tena nna bebree, na wogyae wʼadwamammɔ no; wo ne ɔbarima biara nnyɛ nnamfo. Me ne wo bɛtena, nanso me ne wonna.”
כי ימים רבים ישבו בני ישראל--אין מלך ואין שר ואין זבח ואין מצבה ואין אפוד ותרפים 4
Na ɔman Israel bɛwɔ hɔ nna tenten bi a ɔhene anaa ɔheneba nni mu, na wɔmmɔ afɔdeɛ. Wɔrenhunu ɔbosom dum anaa asɔfotadeɛ anaa ahoni nso wɔ hɔ.
אחר ישבו בני ישראל ובקשו את יהוה אלהיהם ואת דויד מלכם ופחדו אל יהוה ואל טובו באחרית הימים 5
Akyire yi, Israelfoɔ bɛsane akɔhwehwɛ Awurade, wɔn Onyankopɔn, ne Dawid a ɔyɛ wɔn ɔhene no. Wɔde ahopopoɔ bɛba Awurade nkyɛn na wɔbɛnya ne nhyira wɔ nna a ɛdi akyire no mu.

< הושע 3 >