< הושע 14 >
שובה ישראל עד יהוה אלהיך כי כשלת בעונך | 1 |
Israel, san wʼakyi kɔ Awurade wo Nyankopɔn nkyɛn. Wʼasehwe fi wo bɔne!
קחו עמכם דברים ושובו אל יהוה אמרו אליו כל תשא עון וקח טוב ונשלמה פרים שפתינו | 2 |
Fa wo nsɛm a wowɔ san kɔ Awurade nkyɛn. Ka kyerɛ no se, “Fa yɛn bɔne nyinaa kyɛ yɛn, na fa ahummɔbɔ gye yɛn, na yɛatumi ayi wo ayɛ.
אשור לא יושיענו על סוס לא נרכב ולא נאמר עוד אלהינו למעשה ידינו--אשר בך ירחם יתום | 3 |
Asiria rentumi nnye yɛn; yɛrentena akofo apɔnkɔ so. Yɛrenka bio da se, ‘Yɛn anyame’ nkyerɛ nea yɛn ara de yɛn nsa ayɛ, na wo mu na ayisaa nya mmɔborɔhunu.”
ארפא משובתם--אהבם נדבה כי שב אפי ממנו | 4 |
“Mɛsa wɔn asoɔden yare. Mefi me koma mu adɔ wɔn, efisɛ mʼabufuw nni wɔn so bio.
אהיה כטל לישראל יפרח כשושנה ויך שרשיו כלבנון | 5 |
Mɛyɛ sɛ obosu ama Israel. Ɔbɛfefɛw ayɛ frɔmfrɔm te sɛ sukooko. Te sɛ Lebanon sida no, ɔde ne ntin betim fam;
ילכו ינקותיו ויהי כזית הודו וריח לו כלבנון | 6 |
ne mman bɛdennan. Nʼahoɔfɛ bɛyɛ sɛ ngodua, na ne hua ayɛ sɛ Lebanon sida.
ישבו ישבי בצלו יחיו דגן ויפרחו כגפן זכרו כיין לבנון | 7 |
Nnipa bɛtena ne nwini ase bio. Obenyin ayɛ frɔmfrɔm te sɛ aburow. Ɔbɛfefɛw ayɛ frɔmfrɔm te sɛ bobe, na ne din a ahyeta bɛyɛ sɛ nsa a efi Lebanon.
אפרים מה לי עוד לעצבים אני עניתי ואשורנו אני כברוש רענן--ממני פריך נמצא | 8 |
Efraim dɛn na me ne ahoni wɔ yɛ bio? Megye no so na mʼani aku ne ho. Mete sɛ dua a nʼahaban mpo; sɛ wobɛsow aba a, egyina me so.”
מי חכם ויבן אלה נבון וידעם כי ישרים דרכי יהוה וצדקים ילכו בם ופשעים יכשלו בם | 9 |
Hena ne onyansafo? Obehu eyinom mu. Hena na ɔwɔ nhumu? Ɔbɛte eyinom ase. Awurade akwan teɛ. Atreneefo nantew so, nanso asoɔdenfo hintiw wɔ mu.