< בראשית 44 >

ויצו את אשר על ביתו לאמר מלא את אמתחת האנשים אכל כאשר יוכלון שאת ושים כסף איש בפי אמתחתו 1
Afei, Yosef hyɛɛ ne somfo panyin no se, “Fa aduan dodow biara a mmarima no betumi asoa no hyɛ wɔn nkotoku no amaama, na fa obiara sika nso hyɛ ne kotoku mu ma no.
ואת גביעי גביע הכסף תשים בפי אמתחת הקטן ואת כסף שברו ויעש כדבר יוסף אשר דבר 2
Na fa me dwetɛ kuruwa no ka akumaa no aduan no sika ho, na fa hyɛ ne kotoku no mu.” Na ɔyɛɛ sɛnea Yosef kaa no pɛpɛɛpɛ.
הבקר אור והאנשים שלחו המה וחמריהם 3
Ade kyee anɔpa no, ogyaa anuanom no ne wɔn mfurum no kwan.
הם יצאו את העיר לא הרחיקו ויוסף אמר לאשר על ביתו קום רדף אחרי האנשים והשגתם ואמרת אלהם למה שלמתם רעה תחת טובה 4
Wɔannu akyiri baabiara, na Yosef ka kyerɛɛ ne somfo panyin no se, “Tiw nkurɔfo no ntɛm, na sɛ woto wɔn a, bisa wɔn se, ‘Adɛn nti na mode bɔne tua papa ka? Adɛn nti na moawia me dwetɛ kuruwa?
הלוא זה אשר ישתה אדני בו והוא נחש ינחש בו הרעתם אשר עשיתם 5
Ɛnyɛ saa kuruwa yi a me wura nom ano na ɔhwɛ mu ka nhumusɛm no ni? Eyi yɛ bɔne kɛse a moayɛ.’”
וישגם וידבר אלהם את הדברים האלה 6
Ɔkɔtoo wɔn no, otii saa asɛm koro yi ara mu kyerɛɛ wɔn.
ויאמרו אליו--למה ידבר אדני כדברים האלה חלילה לעבדיך מעשות כדבר הזה 7
Nanso anuanom no buaa no se, “Adɛn nti na yɛn wura keka saa nsɛm yi? Ɛmpare wo nkoa sɛ wɔbɛyɛ ade a ɛte saa!
הן כסף אשר מצאנו בפי אמתחתינו--השיבנו אליך מארץ כנען ואיך נגנב מבית אדניך כסף או זהב 8
Sika a yehuu wɔ yɛn nkotoku mu no, yɛansan amfa amfi Kanaan ammrɛ mo ana? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yewia dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ fi wo wura fi?
אשר ימצא אתו מעבדיך ומת וגם אנחנו נהיה לאדני לעבדים 9
Sɛ wuhu saa kuruwa no wɔ wo nkoa no biara nkyɛn a, okum na ɛsɛ sɛ wukum saa onipa no. Na sɛ ɛba saa nso a, yɛn nyinaa bɛyɛ wo wura nkoa.”
ויאמר גם עתה כדבריכם כן הוא אשר ימצא אתו יהיה לי עבד ואתם תהיו נקים 10
Ɔsomfo no buae se, “Eye, na nea owiae no nko na ɔbɛyɛ mʼakoa; na mo a moaka no bɛfa mo ho adi.”
וימהרו ויורדו איש את אמתחתו--ארצה ויפתחו איש אמתחתו 11
Anuanom no nyinaa yiyii wɔn nnesoa no fii mfurum no so guu fam, sansan wɔn nkotoku no ano.
ויחפש--בגדול החל ובקטן כלה וימצא הגביע באמתחת בנימן 12
Na ɔsomfo no fii ase, hwehwɛɛ wɔn nkotoku no mu fi ɔpanyin no so kosii akumaa no so. Wohuu kuruwa no wɔ Benyamin kotoku no mu.
ויקרעו שמלתם ויעמס איש על חמרו וישבו העירה 13
Ɛbaa saa no, anuanom no sunsuan wɔn ntade mu. Afei, wɔn nyinaa san hyehyɛɛ wɔn nnesoa no wɔ wɔn mfurum no so, san kɔɔ kurow no mu.
ויבא יהודה ואחיו ביתה יוסף והוא עודנו שם ויפלו לפניו ארצה 14
Bere a Yuda ne ne nuanom no koduu kurow no mu hɔ no, na Yosef da so wɔ ne fi hɔ. Enti wɔn nyinaa totow wɔn ho guu fam wɔ nʼanim.
ויאמר להם יוסף מה המעשה הזה אשר עשיתם הלוא ידעתם כי נחש ינחש איש אשר כמני 15
Yosef bisaa wɔn se, “Dɛn ade na moayɛ yi? Munnim sɛ onipa a ɔte sɛ me nam nhumusɛm so betumi ahu biribiara mu ana?”
ויאמר יהודה מה נאמר לאדני מה נדבר ומה נצטדק האלהים מצא את עון עבדיך--הננו עבדים לאדני גם אנחנו גם אשר נמצא הגביע בידו 16
Yuda buae se, “Anoyi bɛn na yebetumi ayi wɔ me wura anim? Asɛm bɛn na yɛwɔ ka? Yɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ama woahu sɛ yenni saa asɛm yi ho fɔ? Onyame ada yɛn wʼasomfo afɔdi yi adi. Yɛne nea wohuu kuruwa no wɔ no nkyɛn no nyinaa yɛ yɛn wura nkoa.”
ויאמר--חלילה לי מעשות זאת האיש אשר נמצא הגביע בידו הוא יהיה לי עבד ואתם עלו לשלום אל אביכם 17
Nanso Yosef kae se, “Ɛmpare me sɛ mɛyɛ ade a ɛte saa. Onipa a wohuu kuruwa no wɔ ne nkyɛn no nko ara na ɔbɛyɛ mʼakoa. Mo a moaka no de, monsan nkɔ mo agya nkyɛn asomdwoe mu.”
ויגש אליו יהודה ויאמר בי אדני ידבר נא עבדך דבר באזני אדני ואל יחר אפך בעבדך כי כמוך כפרעה 18
Yuda sɔre kɔɔ Yosef anim, ka kyerɛɛ no se, “Ma me a meyɛ wʼakoa no kwan na me ne wo, me wura, nkasa. Ɛwɔ mu sɛ wo ne Farao yɛ pɛ de, nanso mesrɛ wo, nya ntoboase ma wʼakoa.
אדני שאל את עבדיו לאמר היש לכם אב או אח 19
Me wura bisaa nʼasomfo no se, ‘Mowɔ agya anaa onuabarima bi?’
ונאמר אל אדני יש לנו אב זקן וילד זקנים קטן ואחיו מת ויותר הוא לבדו לאמו ואביו אהבו 20
Na yebuae se, ‘Yɛwɔ agya a wabɔ akwakoraa ne yɛn kaakyiri a ɔwoo no ne nkwakoraabere mu. Ne nuabarima a ɔka ne ho no awu. Na ɔno nko ara ne ne na ba a waka. Nʼagya pɛ nʼasɛm yiye.’
ותאמר אל עבדיך הורדהו אלי ואשימה עיני עליו 21
“Na ɔka kyerɛɛ wʼasomfo se, ‘Momfa no mmra, na menhwɛ no.’
ונאמר אל אדני לא יוכל הנער לעזב את אביו ועזב את אביו ומת 22
Yɛka kyerɛɛ me wura se, ‘Abarimaa no rentumi ntew ne ho mfi nʼagya ho. Na sɛ ɛba sɛ ɔtew ne ho fi nʼagya ho a, nʼagya no bewu.’
ותאמר אל עבדיך אם לא ירד אחיכם הקטן אתכם--לא תספון לראות פני 23
Ɛnna woka kyerɛɛ wʼasomfo se. ‘Sɛ moamfa mo nua kumaa no anka mo ho amma a, munnsi mʼanim bio.’
ויהי כי עלינו אל עבדך אבי ונגד לו--את דברי אדני 24
Yɛsan kɔɔ wʼakoa, yɛn agya nkyɛn no, yɛkaa wo a woyɛ yɛn wura no nsɛm a woka kyerɛɛ yɛn no nyinaa kyerɛɛ no.
ויאמר אבינו שבו שברו לנו מעט אכל 25
“Na yɛn agya kae se, ‘Monsan nkɔ bio nkɔtɔ aduan kakra mmra.’
ונאמר לא נוכל לרדת אם יש אחינו הקטן אתנו וירדנו--כי לא נוכל לראות פני האיש ואחינו הקטן איננו אתנו 26
Nanso yɛka kyerɛɛ yɛn agya se, ‘Yɛrentumi nkɔ, gye sɛ yɛn nua kumaa no ka yɛn ho. Sɛ yɛamfa yɛn nua kumaa no anka yɛn ho ankɔ a, yɛrentumi nkɔ owura no anim.’
ויאמר עבדך אבי אלינו אתם ידעתם כי שנים ילדה לי אשתי 27
“Wʼakoa, yɛn agya, ka kyerɛɛ yɛn se, ‘Munim sɛ me ne me yere woo mmabarima baanu.
ויצא האחד מאתי ואמר אך טרף טרף ולא ראיתיו עד הנה 28
Wɔn mu baako fii me nkyɛn kɔe a manhu no bio ma mekae se, “Aboa bi atetew no pasaa.” Efi saa bere no, minhuu no bio.
ולקחתם גם את זה מעם פני וקרהו אסון--והורדתם את שיבתי ברעה שאלה (Sheol h7585) 29
Sɛ mofa oyi fi me nkyɛn, na asiane bi kosiane no wɔ kwan so a, me nso, mede awerɛhow bewu bi.’ (Sheol h7585)
ועתה כבאי אל עבדך אבי והנער איננו אתנו ונפשו קשורה בנפשו 30
“Enti saa bere yi, sɛ yekopue fi wʼakoa, yɛn agya, anim na abofra yi nka yɛn ho, ne sɛnea ne koma da abofra no so fa no,
והיה כראותו כי אין הנער--ומת והורידו עבדיך את שיבת עבדך אבינו ביגון--שאלה (Sheol h7585) 31
sɛ ohu sɛ abofra no nka yɛn ho a, obewu. Wo nkoa bɛma wɔn agya de ne ti so dwen akɔ asaman awerɛhow mu. (Sheol h7585)
כי עבדך ערב את הנער מעם אבי לאמר אם לא אביאנו אליך וחטאתי לאבי כל הימים 32
Wʼakoa a ɔde ne ho dii abofra no akagyinamu sɛ ɔde no bɛba no kae se, ‘Sɛ mamfa no ansan ammrɛ wo a, ɛho asodi no mmɛda me so, me nkwanna nyinaa.’
ועתה ישב נא עבדך תחת הנער--עבד לאדני והנער יעל עם אחיו 33
“Afei, mesrɛ wo, ma wʼakoa nsi abofra no anan mu wɔ ha, na ma abofra no ne ne nuabarimanom no nsan nkɔ.
כי איך אעלה אל אבי והנער איננו אתי פן אראה ברע אשר ימצא את אבי 34
Na sɛ abofra no anka me ho ankɔ a, mɛyɛ dɛn na makopue wɔ mʼagya anim? Dabi! Merentumi nnyina ahohia a ɛbɛto mʼagya wɔ saa asɛm yi ho no ano.”

< בראשית 44 >