< בראשית 25 >

ויסף אברהם ויקח אשה ושמה קטורה 1
Abraham waree ɔbaa foforɔ bi a ne din de Ketura.
ותלד לו את זמרן ואת יקשן ואת מדן ואת מדין--ואת ישבק ואת שוח 2
Abraham ne Ketura wowoo saa mma a wɔn din didi so yi: Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua.
ויקשן ילד את שבא ואת דדן ובני דדן היו אשורם ולטושם ולאמים 3
Yoksan woo Seba ne Dedan. Dedan asefoɔ ne Asurfoɔ, Letusfoɔ ne Leumfoɔ.
ובני מדין עיפה ועפר וחנך ואבידע ואלדעה כל אלה בני קטורה 4
Midian woo Efa, Efer, Henok, Abida ne Eldaa. Yeinom nyinaa yɛ Ketura asefoɔ.
ויתן אברהם את כל אשר לו ליצחק 5
Abraham de nʼagyapadeɛ nyinaa maa Isak.
ולבני הפילגשים אשר לאברהם נתן אברהם מתנת וישלחם מעל יצחק בנו בעודנו חי קדמה אל ארץ קדם 6
Nanso, ɛberɛ a ɔte ase no, ɔmaa ne mpena mma akyɛdeɛ, na ɔyii wɔn firii ne babarima Isak nkyɛn, ma wɔkɔɔ apueeɛ fam asase bi so.
ואלה ימי שני חיי אברהם--אשר חי מאת שנה ושבעים שנה וחמש שנים 7
Abraham nkwanna nyinaa kɔsii mfeɛ ɔha aduɔson enum.
ויגוע וימת אברהם בשיבה טובה זקן ושבע ויאסף אל עמיו 8
Abraham nyini bɔɔ akɔkoraa posoposo ansa na ɔrewu akɔka ne mpanimfoɔ ho.
ויקברו אתו יצחק וישמעאל בניו אל מערת המכפלה אל שדה עפרן בן צחר החתי אשר על פני ממרא 9
Ne mmammarima Isak ne Ismael siee no wɔ Makpela boda a ɛwɔ Efron no mu. Na ɛhɔ yɛ Hetini Sohar babarima no afuo a ɛwɔ Mamrɛ apueeɛ fam.
השדה אשר קנה אברהם מאת בני חת--שמה קבר אברהם ושרה אשתו 10
Yei ne asase a Abraham tɔ firii Hetifoɔ nkyɛn no. Ɛhɔ na wɔsiee Abraham ne ne yere Sara.
ויהי אחרי מות אברהם ויברך אלהים את יצחק בנו וישב יצחק עם באר לחי ראי 11
Abraham wuo akyiri no, Onyankopɔn hyiraa ne ba Isak a na saa ɛberɛ no ɔte Beer-Lahai-Roi abura no ho no.
ואלה תלדת ישמעאל בן אברהם אשר ילדה הגר המצרית שפחת שרה--לאברהם 12
Yei ne Abraham babarima Ismael a Sara afenaa Hagar a ɔyɛ Misraimni no woo no maa Abraham no asefoɔ ho asɛm.
ואלה שמות בני ישמעאל בשמתם לתולדתם בכר ישמעאל נבית וקדר ואדבאל ומבשם 13
Wɔn a wɔdidi so yi yɛ Ismael mmammarima a wɔabobɔ wɔn edin mpanin mu no. Na Nebaiot yɛ Ismael abakan. Wɔn a wɔdidi so yi nso yɛ Kedar, Adbeel, Mibsam,
ומשמע ודומה ומשא 14
Misma, Duma, Masa,
חדד ותימא יטור נפיש וקדמה 15
Hadad, Tema, Yetur, Nafis ne Kedema.
אלה הם בני ישמעאל ואלה שמתם בחצריהם ובטירתם--שנים עשר נשיאם לאמתם 16
Saa edin a wɔabobɔ yi yɛ Ismael mmammarima no. Saa edin yi na ɛdeda mmusuakuo dumienu ne wɔn atenaeɛ so.
ואלה שני חיי ישמעאל--מאת שנה ושלשים שנה ושבע שנים ויגוע וימת ויאסף אל עמיו 17
Ismael dii mfirinhyia ɔha aduasa nson ansa na ɔrewu. Ɔwuiɛ ma wɔsiee no wɔ ne nkurɔfoɔ mu.
וישכנו מחוילה עד שור אשר על פני מצרים באכה אשורה על פני כל אחיו נפל 18
Ismael asefoɔ yi tenatenaa nsase a ɛfiri Hawila kɔsi Sur a ɛbɛn Misraim pɛɛ wɔ Asiria ntenesoɔ. Daa na akokoakoko wɔ mmusuakuo yi ntam.
ואלה תולדת יצחק בן אברהם אברהם הוליד את יצחק 19
Abraham babarima Isak ne nʼasefoɔ ho asɛm nie. Abraham woo Isak.
ויהי יצחק בן ארבעים שנה בקחתו את רבקה בת בתואל הארמי מפדן ארם--אחות לבן הארמי לו לאשה 20
Isak dii mfirinhyia aduanan no, ɔwaree Rebeka a ɔyɛ Aramni Betuel a ɔfiri Paddan-Aram no babaa. Rebeka yɛ Aramni Laban nuabaa.
ויעתר יצחק ליהוה לנכח אשתו כי עקרה הוא ויעתר לו יהוה ותהר רבקה אשתו 21
Isak waree Rebeka mfeɛ bebree a na wɔnwo. Enti, Isak bɔɔ Awurade mpaeɛ, srɛɛ ɔba maa ne yere. Akyire yi, Awurade tiee ne mpaeɛbɔ, maa ne yere Rebeka nyinsɛneeɛ.
ויתרצצו הבנים בקרבה ותאמר אם כן למה זה אנכי ותלך לדרש את יהוה 22
Ɛberɛ a Rebeka nyinsɛneeɛ no, ɛtɔ da a, na mmɔfra no di apereapereɛ wɔ ne yafunu mu. Sɛ ɛba saa a, ɔbisa ne ho sɛ, “Ɛdeɛn na ɛreyɛ me yi?” Afei, ɔbɔɔ mpaeɛ bisaa Awurade nkyɛn asekyerɛ.
ויאמר יהוה לה שני גיים (גוים) בבטנך ושני לאמים ממעיך יפרדו ולאם מלאם יאמץ ורב יעבד צעיר 23
Awurade buaa no sɛ, “Aman mmienu na wɔwɔ wo yafunu mu. Wɔbɛtete nnipa baanu a wɔwɔ wo yafunu mu no mu. Mmɔfra baanu no, ɔbaako asefoɔ bɛyɛ ahoɔdenfoɔ asene ne nua a ɔka ne ho no asefoɔ. Na ɔpanin no bɛsom akumaa no.”
וימלאו ימיה ללדת והנה תומם בבטנה 24
Rebeka awoɔ duruu so no, ɔwoo ntaten.
ויצא הראשון אדמוני כלו כאדרת שער ויקראו שמו עשו 25
Na deɛ ɔdi ɛkan baeɛ no yɛ kɔkɔɔ a ne ho nwi yɛ kuhaa te sɛ deɛ ɔhyɛ nwi atadeɛ. Enti, wɔtoo no edin Esau.
ואחרי כן יצא אחיו וידו אחזת בעקב עשו ויקרא שמו יעקב ויצחק בן ששים שנה בלדת אתם 26
Yei akyiri no, ne nua no baeɛ. Na ne nsa kura Esau nantin; enti wɔtoo ne din Yakob. Rebeka woo wɔn no, na Isak adi mfeɛ aduosia.
ויגדלו הנערים ויהי עשו איש ידע ציד איש שדה ויעקב איש תם ישב אהלים 27
Mmɔfra no nyiniiɛ no, Esau bɛyɛɛ ɔbɔmmɔfoɔ a, ɔto a, ɔmfom. Na ɔyɛ ha fa wiram baabiara. Yakob nso bɛyɛɛ obi a ɔyɛ komm a ɔmpɛ ne ho asɛm. Na ɛberɛ biara, ɔpɛ sɛ ɔtena fie.
ויאהב יצחק את עשו כי ציד בפיו ורבקה אהבת את יעקב 28
Na Isak pɛ Esau asɛm yie, ɛfiri sɛ, na ɛberɛ biara ɔkɔyɛ ha de hanam a Isak pɛ ba fie. Nanso, na Rebeka deɛ, ɔpɛ Yakob asɛm.
ויזד יעקב נזיד ויבא עשו מן השדה והוא עיף 29
Ɛda bi a Esau firi wiram baeɛ a na ɛkɔm de no yie no, ɔbɛtoo sɛ ne nua kumaa Yakob nso renoa aduane bi a ani yɛ kɔkɔɔ na ɛyɛ akɔnnɔ nso.
ויאמר עשו אל יעקב הלעיטני נא מן האדם האדם הזה--כי עיף אנכי על כן קרא שמו אדום 30
Ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Mesrɛ wo, ma me wʼaduane a woanoa yi bi nni!” (Ɛno enti na wɔfrɛ Esau sɛ Edom, a asekyerɛ ne ade kɔkɔɔ).
ויאמר יעקב מכרה כיום את בכרתך לי 31
Yakob buaa sɛ, “Tɔn wo panin no ma me ansa.”
ויאמר עשו הנה אנכי הולך למות ולמה זה לי בכרה 32
Esau kaa sɛ, “Ɔkɔm rekum me, na mede panin reyɛ ɛdeɛn?”
ויאמר יעקב השבעה לי כיום וישבע לו וימכר את בכרתו ליעקב 33
Yakob buaa Esau sɛ, “Mate, ka ntam kyerɛ me wɔ Onyankopɔn anim sɛ, panin no yɛ me dea.” Esau kaa ntam no de tɔn ne panin no maa ne nua kumaa Yakob.
ויעקב נתן לעשו לחם ונזיד עדשים ויאכל וישת ויקם וילך ויבז עשו את הבכרה 34
Enti, Yakob maa Esau aduane no bi, ma ɔdiiɛ. Ɔnom nsuo guu so, sɔre kɔɔ ne kwan. Yei ne ɛkwan a Esau faa so tɔn ne panin no.

< בראשית 25 >