< עזרא 3 >
ויגע החדש השביעי ובני ישראל בערים ויאספו העם כאיש אחד אל ירושלם | 1 |
Ɔsram a ɛto so ason mfiase a Israelfo abɔ atenase wɔ wɔn nkurow mu no, nnipa no nyinaa hyiaa sɛ nnipa koro wɔ Yerusalem.
ויקם ישוע בן יוצדק ואחיו הכהנים וזרבבל בן שאלתיאל ואחיו ויבנו את מזבח אלהי ישראל--להעלות עליו עלות ככתוב בתורת משה איש האלהים | 2 |
Na Yosadak babarima Yesua ne ne mfɛfo asɔfo ne Sealtiel babarima Serubabel ne nʼabusuafo fii ase siesiee Israel Nyankopɔn afɔremuka no, sɛnea wobetumi abɔ ɔhyew afɔre wɔ so, sɛnea wɔahyɛ wɔ Mose a ɔyɛ Onyankopɔn nipa no mmara mu no.
ויכינו המזבח על מכונתיו כי באימה עליהם מעמי הארצות ויעל (ויעלו) עליו עלות ליהוה עלות לבקר ולערב | 3 |
Ɛwɔ mu sɛ na nkurɔfo no suro amannifo a wɔtete hɔ no de, nanso wɔsan sii afɔremuka no wɔ ne dedaw mu hɔ. Ɛhɔ ara na wofii ase bɔɔ ɔhyew afɔre maa Awurade. Wɔyɛɛ saa anɔpa ne anwummere biara.
ויעשו את חג הסכות ככתוב ועלת יום ביום במספר כמשפט דבר יום ביומו | 4 |
Wodii Asese Afahyɛ no sɛnea wɔakyerɛ wɔ Mose mmara nhoma no mu no, na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre, sɛnea afahyɛ da biara de te no.
ואחרי כן עלת תמיד ולחדשים ולכל מועדי יהוה המקדשים ולכל מתנדב נדבה ליהוה | 5 |
Ɛno akyi no, wɔbɔɔ daa ɔhyew afɔre no ne afɔre a ɛsɛ sɛ wɔbɔ ma Ɔsram Foforo Afahyɛ no ne mfe ahorow afahyɛ de maa Awurade. Na nnipa no bɔɔ ɔpɛ pa mu afɔre nso de maa Awurade.
מיום אחד לחדש השביעי החלו להעלות עלות ליהוה והיכל יהוה לא יסד | 6 |
Aka nnaawɔtwe abien na Guankɔbea Afahyɛ no adu so no, asɔfo no fii ase bɔɔ ɔhyew afɔre maa Awurade. Wofii eyi nso ase ansa na wɔreto Awurade asɔredan no fapem.
ויתנו כסף--לחצבים ולחרשים ומאכל ומשתה ושמן לצדנים ולצרים להביא עצי ארזים מן הלבנון אל ים יפוא כרשיון כורש מלך פרס עליהם | 7 |
Na wɔbɔɔ adansifo ne nnuadwumfo paa na wɔtɔɔ sida nnua fi Tirofo ne Sidonfo nkyɛn, na wɔde nnuan, nsa ne ngo tuaa wɔn ka. Wɔde nnua no fi Lebanon mmepɔw so guu po ani baa Yopa, a na ɔhene Kores ama ho kwan.
ובשנה השנית לבואם אל בית האלהים לירושלם בחדש השני--החלו זרבבל בן שאלתיאל וישוע בן יוצדק ושאר אחיהם הכהנים והלוים וכל הבאים מהשבי ירושלם ויעמידו את הלוים מבן עשרים שנה ומעלה לנצח על מלאכת בית יהוה | 8 |
Wofii Onyankopɔn asɔredan no si ase wɔ ɔsram a ɛto so abien mu afe a ɛto so abien fi bere a wokoduu Yerusalem no. Wɔn a wofi asutwa mu bae no nyinaa yɛɛ ho adwumayɛfo a Sealtiel babarima Serubabel, Yosadak babarima Yesua ne ne mfɛfo asɔfo ne Lewifo nyinaa nso ka ho. Lewifo a na wɔadi mfe aduonu ne wɔn a wɔboro saa no na wɔde Awurade asɔredan no asiesie hyɛɛ wɔn nsa.
ויעמד ישוע בניו ואחיו קדמיאל ובניו בני יהודה כאחד לנצח על עשה המלאכה בבית האלהים בני חנדד בניהם ואחיהם הלוים | 9 |
Yesua ne ne mmabarima ne nʼabusuafo ne Kadmiel ne ne mmabarima ne Hodawia asefo nyinaa na wɔde Onyankopɔn asɔredan ho adwumayɛfo hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ wɔn so. Henadad abusuafo Lewifo na wɔboaa hwɛɛ saa dwumadi yi so.
ויסדו הבנים את היכל יהוה ויעמידו הכהנים מלבשים בחצצרות והלוים בני אסף במצלתים--להלל את יהוה על ידי דויד מלך ישראל | 10 |
Bere a adansifo no wiee Awurade asɔredan no fapem no, asɔfo no hyɛɛ wɔn asɔfotade, kɔtenaa wɔn tenabea, hyɛn wɔn ntorobɛnto. Na Asaf asefo Lewifo no bɔɔ wɔn kyɛnkyɛn, de kamfoo Awurade sɛnea na ɔhene Dawid ahyɛ no pɛpɛɛpɛ.
ויענו בהלל ובהודת ליהוה כי טוב--כי לעולם חסדו על ישראל וכל העם הריעו תרועה גדולה בהלל ליהוה על הוסד בית יהוה | 11 |
Wɔde nkamfo ne aseda too saa dwom yi maa Awurade se: “Oye, Na nʼadɔe wɔ hɔ daa ma Israel afebɔɔ!” Na ɔmanfo no nyinaa teɛɛ mu ahoɔden so, de kamfoo Awurade, efisɛ Awurade asɔredan fapem no, wɔato.
ורבים מהכהנים והלוים וראשי האבות הזקנים אשר ראו את הבית הראשון ביסדו--זה הבית בעיניהם בכים בקול גדול ורבים בתרועה בשמחה להרים קול | 12 |
Asɔfo mpanyimfo no bebree, Lewifo ne ntuanofo no kaee asɔredan a edi kan no, sui bere a wohuu asɔredan foforo no fapem a wɔato no. Na afoforo nso teɛteɛɛ mu anigye so.
ואין העם מכירים קול תרועת השמחה לקול בכי העם כי העם מריעים תרועה גדולה והקול נשמע עד למרחוק | 13 |
Anigye nteɛteɛmu ne osu a adi afra no ano yɛɛ den, na nnipa tee wɔ akyirikyiri.