< יחזקאל 36 >

ואתה בן אדם הנבא אל הרי ישראל ואמרת--הרי ישראל שמעו דבר יהוה 1
“Onipa ba, hyɛ nkɔm kyerɛ Israel mmepɔw na ka se: ‘Israel mmepɔw, muntie Awurade asɛm.
כה אמר אדני יהוה יען אמר האויב עליכם האח ובמות עולם למורשה היתה לנו 2
Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛɛ na ɔtamfo no ka faa wo ho, “Aaa! Tete sorɔnsorɔmmea no abɛyɛ yɛn dea.”’
לכן הנבא ואמרת כה אמר אדני יהוה יען ביען שמות ושאף אתכם מסביב להיותכם מורשה לשארית הגוים ותעלו על שפת לשון ודבת עם 3
Ɛno nti, hyɛ nkɔm na ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ wɔasɛe mo na wɔataataa mo wɔ afa nyinaa, na ɛno nti mobɛyɛɛ aman a aka no agyapade ne nnipa no ahohora nsɛnka ne atwetwesi,
לכן הרי ישראל שמעו דבר אדני יהוה כה אמר אדני יהוה להרים ולגבעות לאפיקים ולגאיות ולחרבות השממות ולערים הנעזבות אשר היו לבז וללעג לשארית הגוים אשר מסביב 4
ɛno nti, Israel mmepɔw, muntie Otumfo Awurade asɛm: Sɛɛ na Otumfo Awurade ka kyerɛ mmepɔw ne nkoko, nsubon ne abon, nnwiriwii a ada mpan ne nea ayɛ amamfo, nkurow amamfo a wɔadwiriw agu na aman no nkae a atwa wɔn ho ahyia no di wɔn ho fɛw.
לכן כה אמר אדני יהוה אם לא באש קנאתי דברתי על שארית הגוים ועל אדום כלא אשר נתנו את ארצי להם למורשה בשמחת כל לבב בשאט נפש--למען מגרשה לבז 5
Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mifi anem a emu yɛ den mu akasa atia amanaman a aka no ne Edom nyinaa, efisɛ wɔde fɛwdi ne adwemmɔne ayɛ me man wɔn agyapade, sɛnea wobetumi afom ne didibea.’
לכן הנבא על אדמת ישראל ואמרת להרים ולגבעות לאפיקים ולגאיות כה אמר אדני יהוה הנני בקנאתי ובחמתי דברתי יען כלמת גוים נשאתם 6
Ɛno nti, hyɛ nkɔm a ɛfa Israel asase ho, na ka kyerɛ mmepɔw ne nkoko, subon ne abon se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mede ninkutwe mu anibere kasa, efisɛ amanaman no abu wo animtiaa.
לכן כה אמר אדני יהוה אני נשאתי את ידי אם לא הגוים אשר לכם מסביב המה כלמתם ישאו 7
Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mema me nsa so ka ntam sɛ amanaman a atwa wo ho ahyia no nso, wobebu wɔn animtiaa.
ואתם הרי ישראל ענפכם תתנו ופריכם תשאו לעמי ישראל כי קרבו לבוא 8
“‘Nanso mo, Israel mmepɔw, mubenya mman, asow aba ama me nkurɔfo Israelfo, efisɛ ɛrenkyɛ wɔbɛba fie.
כי הנני אליכם ופניתי אליכם ונעבדתם ונזרעתם 9
Mo ho hia me na mehu mo mmɔbɔ; wobefuntum mo na wɔadua mo so aba,
והרביתי עליכם אדם כל בית ישראל כלה ונשבו הערים והחרבות תבנינה 10
na mɛma wo so nnipa adɔɔso, Israelfi nyinaa mpo, nnipa bɛtena wo nkurow no so bio, na wobesisi nnwiriwii no nso.
והרביתי עליכם אדם ובהמה ורבו ופרו והושבתי אתכם כקדמותיכם והיטבתי מראשתיכם וידעתם כי אני יהוה 11
Mɛma mmarima ne mmoa adɔɔso wɔ mo so na wɔbɛwowo na wɔadodɔ, mɛma nnipa atena wo mu te sɛ kan no na wɔbɛma woadi yiye asen kan no. Na afei mubehu sɛ mene Awurade no.
והולכתי עליכם אדם את עמי ישראל וירשוך והיית להם לנחלה ולא תוסף עוד לשכלם 12
Mɛma nkurɔfo, me nkurɔfo Israelfo, anantew wo so. Wɔbɛfa wo na wobɛyɛ wɔn agyapade na woremma wonni mmakɔm bio.
כה אמר אדני יהוה יען אמרים לכם אכלת אדם אתי (את) ומשכלת גויך (גוייך) היית 13
“‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ nkurɔfo ka kyerɛ wo se, “Wukum nnipa we na woma wo man no hwere nʼadehye,”
לכן אדם לא תאכלי עוד וגויך (וגוייך) לא תכשלי (תשכלי) עוד--נאם אדני יהוה 14
ɛno nti worenkum nnipa nwe bio na woremma wo man nhwere nʼadehye bio, Otumfo Awurade asɛm ni.
ולא אשמיע אליך עוד כלמת הגוים וחרפת עמים לא תשאי עוד וגויך (וגוייך) לא תכשלי עוד נאם אדני יהוה 15
Meremma wonte amanaman no fɛwdi bio, na worenhu nkurɔfo no animtiaabu bio, na wo man nso renhwe ase bio, Otumfo Awurade asɛm ni.’”
ויהי דבר יהוה אלי לאמר 16
Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
בן אדם בית ישראל ישבים על אדמתם ויטמאו אותה בדרכם ובעלילותם כטמאת הנדה היתה דרכם לפני 17
“Onipa ba, bere a Israelfo te wɔn ankasa asase so no, wɔde wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛe guu asase no ho fi. Na wɔn abrabɔ te sɛ ɔbea ɔsram-sram afide wɔ mʼani so.
ואשפך חמתי עליהם על הדם אשר שפכו על הארץ ובגלוליהם טמאוה 18
Enti mihwiee mʼabufuwhyew guu wɔn so, efisɛ wɔahwie mogya agu asase no so na wɔde wɔn abosom agu hɔ fi.
ואפיץ אתם בגוים ויזרו בארצות כדרכם וכעלילותם שפטתים 19
Mebɔɔ wɔn ahwete wɔ amanaman mu, na wɔhwete faa amanaman mu; migyinaa wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛe so buu wɔn atɛn.
ויבוא אל הגוים אשר באו שם ויחללו את שם קדשי--באמר להם עם יהוה אלה ומארצו יצאו 20
Na baabiara a wɔkɔɔ wɔ amanaman mu no, woguu me din kronkron ho fi, efisɛ wɔka faa wɔn ho se, ‘Eyinom yɛ Awurade nkurɔfo, nanso na ɛsɛ sɛ wofi nʼasase so.’
ואחמל על שם קדשי אשר חללהו בית ישראל בגוים אשר באו שמה 21
Me din kronkron ho hia me, nea Israelfi guu ho fi wɔ amanaman a wɔkɔɔ so mu no.
לכן אמר לבית ישראל כה אמר אדני יהוה לא למענכם אני עשה בית ישראל כי אם לשם קדשי אשר חללתם בגוים אשר באתם שם 22
“Ɛno nti, ka kyerɛ Israelfi se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Israelfi, ɛnyɛ mo nti na merebɛyɛ saa nneɛma yi, na mmom me din kronkron no nti, nea muguu ho fi wɔ amanaman a mokɔɔ so mu no.
וקדשתי את שמי הגדול המחלל בגוים אשר חללתם בתוכם וידעו הגוים כי אני יהוה נאם אדני יהוה בהקדשי בכם לעיניהם 23
Mɛda me din kɛseyɛ no kronkronyɛ a moagu ho fi wɔ amanaman mu no adi, din a moagu ho fi wɔ wɔn mu no. Sɛ mefa wo so da me ho adi sɛ ɔkronkronni ma wohu a, afei amanaman no behu sɛ mene Awurade no, Otumfo Awurade asɛm ni.
ולקחתי אתכם מן הגוים וקבצתי אתכם מכל הארצות והבאתי אתכם אל אדמתכם 24
“‘Na meyi mo afi amanaman no mu, mɛboaboa mo ano afi nsase no nyinaa so de mo asan aba mo ankasa asase so.
וזרקתי עליכם מים טהורים וטהרתם מכל טמאותיכם ומכל גלוליכם אטהר אתכם 25
Mede nsu kurunnyenn bɛpete mo so na mo ho atew: Mɛtew mo ho afi nkekae ne mo ahoni nyinaa ho.
ונתתי לכם לב חדש ורוח חדשה אתן בקרבכם והסרתי את לב האבן מבשרכם ונתתי לכם לב בשר 26
Mɛma mo koma foforo na mede honhom foforo ahyɛ mo mu. Meyi koma a ɛte sɛ ɔbo no afi mo mu na mama mo koma foforo a ɛyɛ ɔhonam.
ואת רוחי אתן בקרבכם ועשיתי את אשר בחקי תלכו ומשפטי תשמרו ועשיתם 27
Na mede me Honhom bɛhyɛ mo mu na mama moadi mʼahyɛde so na moahwɛ adi me mmara so.
וישבתם בארץ אשר נתתי לאבתיכם והייתם לי לעם ואנכי אהיה לכם לאלהים 28
Mobɛtena asase a mede maa mo agyanom no so. Mobɛyɛ me nkurɔfo na mayɛ mo Nyankopɔn.
והושעתי אתכם מכל טמאותיכם וקראתי אל הדגן והרביתי אתו ולא אתן עליכם רעב 29
Mɛprapra mo ho fi nyinaa. Mɛma aduan aba ama abu so na meremma ɔkɔm mma mo so.
והרביתי את פרי העץ ותנובת השדה למען אשר לא תקחו עוד חרפת רעב--בגוים 30
Mɛma nnua so aba ayɛ bebree na mfuw nso abɔ nnɔbae sɛnea ɔkɔm nti mo anim rengu ase bio wɔ amanaman no mu.
וזכרתם את דרכיכם הרעים ומעלליכם אשר לא טובים ונקטתם בפניכם על עונתיכם ועל תועבותיכם 31
Afei mobɛkae mo akwammɔne ne mo amumɔyɛ, na mo bɔne ne akyiwade nti, mo ho bɛyɛ mo nwini.
לא למענכם אני עשה נאם אדני יהוה--יודע לכם בושו והכלמו מדרכיכם בית ישראל 32
Mepɛ sɛ muhu sɛ ɛnyɛ mo nti na mereyɛ eyi, Otumfo Awurade asɛm ni. Momfɛre na momma mo ani nwu wɔ mo abrabɔ ho Israelfi!
כה אמר אדני יהוה ביום טהרי אתכם מכל עונותיכם--והושבתי את הערים ונבנו החרבות 33
“‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Da a mɛtew mo ho afi mo bɔne ho no, mɛma nnipa atena mo nkurow so bio na wobesisi nnwiriwii no bio.
והארץ הנשמה תעבד תחת אשר היתה שממה לעיני כל עובר 34
Asase a ada mpan no, wobedua so nneɛma na ɛrenna hɔ kwa sɛnea na ɛte wɔ wɔn a na wotwa mu fa hɔ no ani so no.
ואמרו הארץ הלזו הנשמה היתה כגן עדן והערים החרבות והנשמות והנהרסות בצורות ישבו 35
Wɔbɛka se, “Saa asase a ada mpan yi ayɛ sɛ Eden turo, nkuropɔn a na adan nnwiriwii, ayɛ amamfo na asɛe yi, wɔabɔ ho ban na nnipa abɛtenatena mu.”
וידעו הגוים אשר ישארו סביבותיכם כי אני יהוה בניתי הנהרסות נטעתי הנשמה אני יהוה דברתי ועשיתי 36
Afei aman a aka a atwa mo ho ahyia no behu sɛ me Awurade makyekyere nea na asɛe na madua wɔ nea na ada mpan so, me Awurade na maka na mɛyɛ.’
כה אמר אדני יהוה עוד זאת אדרש לבית ישראל לעשות להם ארבה אתם כצאן אדם 37
“Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Metie Israelfi abisade na mayɛ eyi ama wɔn; Mɛma wɔn nkurɔfo adɔɔso sɛ nguan,
כצאן קדשים כצאן ירושלם במועדיה--כן תהיינה הערים החרבות מלאות צאן אדם וידעו כי אני יהוה 38
wɔbɛdɔɔso sɛ nguankuw a wɔde wɔn kɔ Yerusalem sɛ afɔrebɔde wɔ nʼafahyɛnna. Saa ara na nnipa dodow bɛhyɛ nkuropɔn a adwiriw no so ma. Afei wobehu sɛ mene Awurade no.”

< יחזקאל 36 >