< שמות 36 >

ועשה בצלאל ואהליאב וכל איש חכם לב אשר נתן יהוה חכמה ותבונה בהמה לדעת לעשת את כל מלאכת עבדת הקדש--לכל אשר צוה יהוה 1
Adwumfo a wɔaka a Onyankopɔn ama wɔn ɔdom akyɛde no nyinaa bɛboa Besaleel ne Oholiab na wɔasi asiesie Ahyiae Ntamadan no mu sɛnea Awurade ahyɛ no.”
ויקרא משה אל בצלאל ואל אהליאב ואל כל איש חכם לב אשר נתן יהוה חכמה בלבו--כל אשר נשאו לבו לקרבה אל המלאכה לעשת אתה 2
Enti Mose ka kyerɛɛ Besaleel ne Oholiab ne wɔn a wɔaka na wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔboa dwumadi no sɛ womfiti ase.
ויקחו מלפני משה את כל התרומה אשר הביאו בני ישראל למלאכת עבדת הקדש--לעשת אתה והם הביאו אליו עוד נדבה--בבקר בבקר 3
Mose de nneɛma a nnipa no de bɛkyɛɛ no maa wɔn, na adekyee biara nso, na wonya akyɛde foforo.
ויבאו כל החכמים העשים את כל מלאכת הקדש--איש איש ממלאכתו אשר המה עשים 4
Akyiri no, adwumayɛfo no nyinaa gyaee wɔn adwumayɛ no
ויאמרו אל משה לאמר מרבים העם להביא מדי העבדה למלאכה אשר צוה יהוה לעשת אתה 5
kɔɔ Mose nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Nneɛma a yɛn nsa aka no dɔɔso sen nea yehia.”
ויצו משה ויעבירו קול במחנה לאמר איש ואשה אל יעשו עוד מלאכה לתרומת הקדש ויכלא העם מהביא 6
Enti Mose somaa obi maa ɔkɔɔ wɔn nyinaa so kɔka kyerɛɛ wɔn se, afei de, obiara mmmɛkyɛ wɔn ade bio. Na obiara amfa hwee amma bio.
והמלאכה היתה דים לכל המלאכה--לעשות אתה והותר 7
Efisɛ na nneɛma a wɔwɔ no bɛso dwuma no di ama aboro so mpo.
ויעשו כל חכם לב בעשי המלאכה את המשכן--עשר יריעת שש משזר ותכלת וארגמן ותולעת שני--כרבים מעשה חשב עשה אתם 8
Wɔn a wonim adwinni pa ara no de asaawa a wɔanwen yɛɛ Ntamadan no nsɛnanotam du a emu bi yɛ tuntum, bibiri ne koogyan a wɔayɛ kerubim agu mu.
ארך היריעה האחת שמנה ועשרים באמה ורחב ארבע באמה היריעה האחת מדה אחת לכל היריעת 9
Nkataano du no nyinaa kɛse yɛ pɛ. Emu biara tenten yɛ anammɔn aduanan abien na ne trɛw nso yɛ anammɔn asia.
ויחבר את חמש היריעת אחת אל אחת וחמש יריעת חבר אחת אל אחת 10
Wɔkekaa ntama bamma anum sisii anim nyaa nkataano baako. Na wɔkekaa ntama bamma anum a aka no nso sisii anim nyaa nkataano foforo.
ויעש ללאת תכלת על שפת היריעה האחת מקצה במחברת כן עשה בשפת היריעה הקיצונה במחברת השנית 11
Wɔde ntama bibiri bamma aduonum wurawuraa nkataano a wɔkeka sisii anim no mu biara ano
חמשים ללאת עשה ביריעה האחת וחמשים ללאת עשה בקצה היריעה אשר במחברת השנית מקבילת הללאת--אחת אל אחת 12
a hentia baako biara ne baako di nhwɛanim.
ויעש חמשים קרסי זהב ויחבר את היריעת אחת אל אחת בקרסים ויהי המשכן אחד 13
Afei, wɔyɛɛ sika nkɔtɔkoro aduonum de susoo nkɔtɔkoro no mu maa nkataano ahorow abien no yɛɛ nkataano baako.
ויעש יריעת עזים לאהל על המשכן עשתי עשרה יריעת עשה אתם 14
Wɔde ntama nkataso dubaako a wɔde mmirekyi nwi na ayɛ
ארך היריעה האחת שלשים באמה וארבע אמות רחב היריעה האחת מדה אחת לעשתי עשרה יריעת 15
a ne nyinaa tenten yɛ anammɔn aduanan anum na ne trɛw yɛ anammɔn asia kataa Ntamadan no so.
ויחבר את חמש היריעת לבד ואת שש היריעת לבד 16
Besaleel kekaa saa nkataso yi anum sisii anim ma ɛyɛɛ bamma tenten baako na ɔsan de afoforo asia sisii anim maa ɛno nso yɛɛ bamma tenten baako.
ויעש ללאת חמשים על שפת היריעה הקיצנה במחברת וחמשים ללאת עשה על שפת היריעה החברת השנית 17
Afei, ɔbobɔɔ nkɔtɔkoro aduonum wɔ emu biara ano
ויעש קרסי נחשת חמשים לחבר את האהל להית אחד 18
na ɔyɛɛ kɔbere nkɔtɔkoro aduonum de koakoaa nkɔtɔkoro no, sɛnea ɛbɛma nkataho no akyere pintinn.
ויעש מכסה לאהל ערת אילם מאדמים ומכסה ערת תחשים מלמעלה 19
Wosiesiee nneɛma ahorow abien de bɔɔ ɔdan no so. Nea edi kan no yɛ odwennini were a wahyɛ no kɔkɔɔ, nea ɛto so abien yɛ abirekyi were a ɛsɔ.
ויעש את הקרשים למשכן עצי שטים עמדים 20
Wɔde ɔkanto yɛɛ ntaaboo de twaa Ahyiae Ntamadan no ho.
עשר אמת ארך הקרש ואמה וחצי האמה רחב הקרש האחד 21
Mpuran biara sorokɔ nyɛ anammɔn dunum na ne trɛw nyɛ anammɔn abien ne kakra,
שתי ידת לקרש האחד משלבת אחת אל אחת כן עשה לכל קרשי המשכן 22
nkɔtɔkoro abien wɔ mpuran biara ase, na mpuran biara yɛ pɛ.
ויעש את הקרשים למשכן עשרים קרשים לפאת נגב תימנה 23
Na Ahyiae Ntamadan no ntaaboo aduonu kyerɛ nʼanafo
וארבעים אדני כסף--עשה תחת עשרים הקרשים שני אדנים תחת הקרש האחד לשתי ידתיו ושני אדנים תחת הקרש האחד לשתי ידתיו 24
a wɔn ase sisi dwetɛ nnyinaso aduanan so. Nnyinaso no abien abien hyehyɛ mpuran biara ase.
ולצלע המשכן השנית לפאת צפון עשה עשרים קרשים 25
Ahyiae Ntamadan no atifi fam nso, na wɔde ntaaboo aduonu atwa ho
וארבעים אדניהם כסף--שני אדנים תחת הקרש האחד ושני אדנים תחת הקרש האחד 26
a esisi dwetɛ nnyinaso aduanan so a mpuran baako besi nnyinaso abien so.
ולירכתי המשכן ימה עשה ששה קרשים 27
Ahyiae Ntamadan no fa a ɛkyerɛ atɔe fam no yɛ nʼakyi. Ɛno nso, wɔde ntaaboo asia na atwa ho,
ושני קרשים עשה למקצעת המשכן--בירכתים 28
na ne twɔtwɔw biara so nso ntaaboo abien sisi hɔ.
והיו תואמם מלמטה ויחדו יהיו תמים אל ראשו אל הטבעת האחת כן עשה לשניהם לשני המקצעת 29
Na mpuran a ɛbobɔ so abien abien sisi twɔtwɔw abien no biara so fi ase de kosi soro a wɔde nkaa asuso mu a ne nyinaa yɛ pɛ.
והיו שמנה קרשים ואדניהם כסף ששה עשר אדנים--שני אדנים שני אדנים תחת הקרש האחד 30
Enti mpuran awotwe ne dwetɛ nnyinaso dunsia a abien wɔ mpuran biara ase na wɔde yɛe.
ויעש בריחי עצי שטים--חמשה לקרשי צלע המשכן האחת 31
Afei, ɔyɛɛ ɔkanto nnua bi de beabeaa ntaaboo no mu. Mmeamu nnua no anum kɔ mpuran no fa baako.
וחמשה בריחם לקרשי צלע המשכן השנית וחמשה בריחם לקרשי המשכן לירכתים ימה 32
Wɔyɛɛ afoforo anum nso kɔɔ ɔfa baako. Na mmeamu nnua no anum bɔ ntaaboo a ɛwɔ ntamadan no akyi a ani kyerɛ atɔe fam.
ויעש את הבריח התיכן לברח בתוך הקרשים מן הקצה אל הקצה 33
Wɔbɔɔ mmeamu dua baako de bɔɔ ntaaboo no mfimfini. Wɔde twaa mu fi ti kɔkaa ti.
ואת הקרשים צפה זהב ואת טבעתם עשה זהב--בתים לבריחם ויצף את הבריחם זהב 34
Na wɔde sikakɔkɔɔ adura ntaaboo no ho, na wɔde sikakɔkɔɔ nkaa asuso mmeamu dua no mu ama no agyina. Na sikakɔkɔɔ dura mmeamu dua no nso ho.
ויעש את הפרכת תכלת וארגמן ותולעת שני ושש משזר מעשה חשב עשה אתה כרבים 35
Wɔde ntama pa a ɛyɛ tuntum, bibiri ne koogyan a wɔanwen kerubim agu mu fɛfɛɛfɛ na ayɛ ntwamtam no wɔ Ntamadan no mu.
ויעש לה ארבעה עמודי שטים ויצפם זהב וויהם זהב ויצק להם ארבעה אדני כסף 36
Na wɔyɛɛ ɔkanto nnua afadum anan a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho ne sikakɔkɔɔ nsusomu anan maa ntwamtam no. Na afadum anan no mu biara si dwetɛ nnyinaso anan no baako so.
ויעש מסך לפתח האהל תכלת וארגמן ותולעת שני ושש משזר מעשה רקם 37
Afei, wɔyɛɛ Ahyiae Ntamadan no ano nkataanim. Wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ a wɔde tuntum, bibiri ne koogyan adi mu adwinni na ɛyɛe.
ואת עמודיו חמשה ואת וויהם וצפה ראשיהם וחשקיהם זהב ואדניהם חמשה נחשת 38
Wɔde nkɔtɔkoro anum na asuso saa nkataanim yi mu de akyekyere nnua anum no. Nnua no ne ɛho nneɛma ne pema no nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ adura ho na ne nnyinaso anum no nso, wɔde kɔbere na ɛyɛe.

< שמות 36 >