< שמות 27 >
ועשית את המזבח עצי שטים חמש אמות ארך וחמש אמות רחב רבוע יהיה המזבח ושלש אמות קמתו | 1 |
“Fa okuo yɛ afɔrebukyia ma ɛnyi ahinanan a nʼafanan no mu biara yɛ anammɔn nson ne fa na ne ɔsorokɔ nso yɛ anammɔn ɛnan ne fa.
ועשית קרנתיו על ארבע פנתיו--ממנו תהיין קרנתיו וצפית אתו נחשת | 2 |
Yɛ mmɛn ɛnan tuatua afɔrebukyia no ntwea ɛnan no nyinaa so, na fa kɔbere dura ne nyinaa ho. Okuo no a wode bɛyɛ afɔrebukyia no, ɛno ara bi na wode bɛyɛ mmɛn no.
ועשית סירתיו לדשנו ויעיו ומזרקתיו ומזלגתיו ומחתתיו לכל כליו תעשה נחשת | 3 |
Bokiti a nsõ bɛgu mu, sofi, atam, adinam ne nsramma nkyɛnsee nyinaa, yaawa na fa yɛ.
ועשית לו מכבר מעשה רשת נחשת ועשית על הרשת ארבע טבעת נחשת על ארבע קצותיו | 4 |
Fa kɔbere yɛ otwidadeɛ na fa dadeɛ nkawa hyehyɛ ne ntwea ɛnan no so.
ונתתה אתה תחת כרכב המזבח--מלמטה והיתה הרשת עד חצי המזבח | 5 |
Fa otwidadeɛ no hyɛ nsramma kyɛnsee no mu na fa si afɔrebukyia no basa a wɔayɛ no so.
ועשית בדים למזבח בדי עצי שטים וצפית אתם נחשת | 6 |
Fa okuo sene nnua a wɔde kɔbere adura ho a wɔde bɛsoa afɔrebukyia no.
והובא את בדיו בטבעת והיו הבדים על שתי צלעת המזבח--בשאת אתו | 7 |
Sɛ moresoa a, momfa nnua no nhyehyɛ nkawa a mode atuatua afɔrebukyia no ho no mu.
נבוב לחת תעשה אתו כאשר הראה אתך בהר כן יעשו | 8 |
Ntaaboɔ na momfa nyɛ afɔrebukyia no. Momma emu nna ɛkwan sɛdeɛ mede kyerɛɛ mo wɔ bepɔ no so no.
ועשית את חצר המשכן--לפאת נגב תימנה קלעים לחצר שש משזר מאה באמה ארך לפאה האחת | 9 |
“Twa adihɔ ma Ahyiaeɛ Ntomadan no na fa ntoma a wɔde asaawa a ɛyɛ fɛ ayɛ sensɛn ho. Nsɛnanotam a ɛsɛn anafoɔ no tenten nyɛ anammɔn ɔha aduonum
ועמדיו עשרים ואדניהם עשרים נחשת ווי העמדים וחשקיהם כסף | 10 |
a kɔbere nnua aduonu a ɛsisi kɔbere nnyinasoɔ aduonu mu sosɔ mu. Dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne dwetɛ ntweaa a ɛfomfam dwetɛ afadum no ho no na ɛbɛsosɔ nsɛnanimu no mu.
וכן לפאת צפון בארך קלעים מאה ארך ועמדו עשרים ואדניהם עשרים נחשת ווי העמדים וחשקיהם כסף | 11 |
Adihɔ a ɛkyerɛ atifi fam no nso, saa ara na wɔnyɛ no. Nsɛnanimu a ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum, na nnua aduonu sisi kɔbere nnyinasoɔ mu a dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne ne ntweaa fomfam ho na ɛbɛgyina no.
ורחב החצר לפאת ים קלעים חמשים אמה עמדיהם עשרה ואדניהם עשרה | 12 |
“Adihɔ no fa a ɛkyerɛ atɔeɛ fam no tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn aduɔson enum a ɛkura nnua edu a ntokuro edu deda mu mu.
ורחב החצר לפאת קדמה מזרחה--חמשים אמה | 13 |
Apueeɛ fam nso bɛyɛ anammɔn aduɔson enum saa ara
וחמש עשרה אמה קלעים לכתף עמדיהם שלשה ואדניהם שלשה | 14 |
Baabi a ne kwan da nʼapueeɛ fam no, wɔmfa nsɛnanotam a ne tenten yɛ anammɔn aduonu mmienu ne fa a nnua mmiɛnsa a ɛsisi ntokuro mmiɛnsa mu sosɔ mu nsɛn ano.
ולכתף השנית--חמש עשרה קלעים עמדיהם שלשה ואדניהם שלשה | 15 |
Baabi a ne kwan da wɔ nʼatɔeɛ fam no nso, wɔmfa nsɛnanotam a ne tenten yɛ anammɔn aduonu mmienu ne fa nsɛn ano. Nnua mmiɛnsa a ɛsisi ntokuro mmiɛnsa mu na ɛbɛsosɔ nsɛnanotam no mu.
ולשער החצר מסך עשרים אמה תכלת וארגמן ותולעת שני ושש משזר--מעשה רקם עמדיהם ארבעה ואדניהם ארבעה | 16 |
“Adihɔ hɔ no ano ɛkwan nyɛ ntoma nsɛnanimu a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa. Wɔde asaawa tuntum, bibire ne koogyan bɛdi mu adwini fɛfɛɛfɛ. Wɔde nnua ɛnan a ɛsisi ne nnyinasoɔ mu no nso bɛsosɔ nsɛnanotam no mu.
כל עמודי החצר סביב מחשקים כסף וויהם כסף ואדניהם נחשת | 17 |
Ɛsɛ sɛ nnua a ɛwɔ adihɔ hɔ no nyinaa wɔde dwetɛ ntweaa a dwetɛ sosɔ mu na nʼase no nso, wɔde hyehyɛ kɔbere nnyinasoɔ pipiripie mu.
ארך החצר מאה באמה ורחב חמשים בחמשים וקמה חמש אמות--שש משזר ואדניהם נחשת | 18 |
Enti, adihɔ hɔ ntentenemu bɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum, ɛnna ne tɛtrɛtɛ nso ayɛ anammɔn aduɔson enum. Wɔde nsɛnanotam a wɔde asaawatam bɛyɛ ne fasuo, a ne ɔsorokɔ nso bɛyɛ anammɔn nson ne fa. Ɛsɛ sɛ wɔde nnua a atwa adihɔ hɔ no ho ahyia no sisi kɔbere nnyinasoɔ mu.
לכל כלי המשכן בכל עבדתו וכל יתדתיו וכל יתדת החצר נחשת | 19 |
Kɔbere na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ nkyɛnsee a wɔde nneɛma gu mu, ne mpɛɛwa a wɔde nkyɛnsee bɛsensɛn so wɔ ɔfasuo ho wɔ hɔ.
ואתה תצוה את בני ישראל ויקחו אליך שמן זית זך כתית--למאור להעלת נר תמיד | 20 |
“Ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔmmrɛ wo ngo kronn na fa sɔ kanea a ɛnnum da no.
באהל מועד מחוץ לפרכת אשר על העדת יערך אתו אהרן ובניו מערב עד בקר--לפני יהוה חקת עולם לדרתם מאת בני ישראל | 21 |
Aaron ne ne mmammarima na wɔde nkanea a ɛnnum da no bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. Wɔbɛhwɛ so daa ama Awurade sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛrennum. Yei yɛ mmara a ɛsɛ sɛ Israelfoɔ di so daa.