< דברים 34 >
ויעל משה מערבת מואב אל הר נבו ראש הפסגה אשר על פני ירחו ויראהו יהוה את כל הארץ את הגלעד עד דן | 1 |
Na Mose firi Moab asase tata so foro kɔɔ Nebo Bepɔ so, sane foroo Pisga kokoɔ no wɔ Yeriko ntentenesoɔ. Na Awurade kyerɛɛ no asase no nyinaa, ɛfiri Gilead kɔsi Dan;
ואת כל נפתלי ואת ארץ אפרים ומנשה ואת כל ארץ יהודה עד הים האחרון | 2 |
Naftali nsase nyinaa; Efraim ne Manase nsase; Yuda nsase nyinaa kɔsi Ntam Po no ho;
ואת הנגב ואת הככר בקעת ירחו עיר התמרים--עד צער | 3 |
Negeb; ne nsase a ɛfiri Yeriko bɔnhwa no de kɔsi Soar.
ויאמר יהוה אליו זאת הארץ אשר נשבעתי לאברהם ליצחק וליעקב לאמר לזרעך אתננה הראיתיך בעיניך ושמה לא תעבר | 4 |
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Yei ne asase a mekaa ntam hyɛɛ ho bɔ kyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ mede bɛma wɔn asefoɔ no. Afei, mama wo de wʼani ahunu, nanso wo nan rensi so.”
וימת שם משה עבד יהוה בארץ מואב--על פי יהוה | 5 |
Enti Mose, Awurade ɔsomfoɔ wuu wɔ Moab asase so sɛdeɛ Awurade kaeɛ no.
ויקבר אתו בגי בארץ מואב מול בית פעור ולא ידע איש את קברתו עד היום הזה | 6 |
Wɔsiee no wɔ bɔnhwa bi a ɛbɛn Bet-Peor nanso ɛbɛsi ɛnnɛ, obiara nnim beaeɛ ko pɔtee.
ומשה בן מאה ועשרים שנה--במתו לא כהתה עינו ולא נס לחה | 7 |
Mose dii mfirinhyia ɔha ne aduonu, na ɔwuiɛ nanso na nʼani hunu adeɛ yie na ne ho nso yɛ den.
ויבכו בני ישראל את משה בערבת מואב שלשים יום ויתמו ימי בכי אבל משה | 8 |
Israelfoɔ suu no nnafua aduasa de wiee nʼayie wɔ Moab tata so.
ויהושע בן נון מלא רוח חכמה--כי סמך משה את ידיו עליו וישמעו אליו בני ישראל ויעשו כאשר צוה יהוה את משה | 9 |
Afei, Nun babarima Yosua nyaa nyansa honhom ɛfiri sɛ, Mose de ne nsa guu ne so. Enti, Israelfoɔ yɛɛ ɔsetie maa no na wɔyɛɛ biribiara sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no ara pɛ.
ולא קם נביא עוד בישראל כמשה אשר ידעו יהוה פנים אל פנים | 10 |
Mose akyi no, odiyifoɔ biara mmaeɛ a Awurade nim no animu ne animu.
לכל האתת והמופתים אשר שלחו יהוה לעשות בארץ מצרים--לפרעה ולכל עבדיו ולכל ארצו | 11 |
Awurade somaa Mose ma ɔkɔyɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ hu wɔ Misraim asase so de tiaa Farao, nʼasomfoɔ ne asase no nyinaa.
ולכל היד החזקה ולכל המורא הגדול אשר עשה משה לעיני כל ישראל | 12 |
Na ɛnam Mose so na Awurade daa ne tumi kɛseɛ ne ahodwirie nneyɛɛ adi kyerɛɛ Israel nyinaa.