< דברים 25 >
כי יהיה ריב בין אנשים ונגשו אל המשפט ושפטום והצדיקו את הצדיק והרשיעו את הרשע | 1 |
Sɛ akasakasa si nnipa bi ntam a, wɔmfa asɛm no nkɔ asennii na atemmufo no nni asɛm no. Wobegyaa nea odi bem no na wɔatwe de odi fɔ no aso.
והיה אם בן הכות הרשע--והפילו השפט והכהו לפניו כדי רשעתו במספר | 2 |
Sɛ nea odi fɔ no fata sɛ wotwa no mmaa a, atemmufo no bɛma no ada hɔ na wɔatwa no mmaa dodow a ɛfata ne bɔne no wɔ nʼanim.
ארבעים יכנו לא יסיף פן יסיף להכתו על אלה מכה רבה ונקלה אחיך לעיניך | 3 |
Nanso ɛnsɛ sɛ otemmufo no ma wotwa mmaa boro aduanan. Sɛ wotwa boro saa a, na wɔagu wo yɔnko Israelni anim ase wɔ wʼanim.
Nkyekyere nantwi a ɔreporow atoko ano.
כי ישבו אחים יחדו ומת אחד מהם ובן אין לו--לא תהיה אשת המת החוצה לאיש זר יבמה יבא עליה ולקחה לו לאשה ויבמה | 5 |
Sɛ nuabarimanom baanu te fie na wɔn mu baako wu a wanwo ɔba a, ɛnsɛ sɛ okunafo no kɔware ɔhɔho. Mmom, ne kunu a wawu no nuabarima na ɛsɛ sɛ ɔware okunafo no ma ɔyɛ okunu nua no asɛde.
והיה הבכור אשר תלד--יקום על שם אחיו המת ולא ימחה שמו מישראל | 6 |
Wɔde abakan a wɔbɛwo no no bɛto nʼagya a wawu no sɛnea ɛbɛyɛ a owufo no din rempepa mfi Israel.
ואם לא יחפץ האיש לקחת את יבמתו ועלתה יבמתו השערה אל הזקנים ואמרה מאן יבמי להקים לאחיו שם בישראל--לא אבה יבמי | 7 |
Na sɛ ɛba sɛ owufo no nuabarima mpɛ sɛ ɔware ne nua no yere no a, ɔbea no bɛkɔ kurow no mpanyimfo nkyɛn wɔ kurow no pon ano akɔka akyerɛ wɔn se, “Me kunu nua no mpɛ sɛ ne nua no din bɛka Israel. Ɔrenyɛ okunu nua asɛde mma me.”
וקראו לו זקני עירו ודברו אליו ועמד ואמר לא חפצתי לקחתה | 8 |
Afei, ɔbarima no kurom mpanyimfo bɛfrɛ no akasa akyerɛ no. Sɛ ose pene ara na ɔrempene nti ɔka se, “Mempɛ sɛ meware no a,”
ונגשה יבמתו אליו לעיני הזקנים וחלצה נעלו מעל רגלו וירקה בפניו וענתה ואמרה ככה יעשה לאיש אשר לא יבנה את בית אחיו | 9 |
okunafo no bɛkɔ ɔbarima no anim a mpanyimfo no nso wɔ hɔ bi. Ɔbɛworɔw ɔbarima no mpaboa baako, ate ntasu agu nʼanim na waka se, “Sɛɛ na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ɔbarima a ɔmpɛ sɛ ɔtoa ne nua abusua so.”
ונקרא שמו בישראל בית חלוץ הנעל | 10 |
Wɔbɛfrɛ saa onipa no asefo wɔ Israel se Abusua a Wɔaworɔw wɔn Mpaboa.
כי ינצו אנשים יחדו איש ואחיו וקרבה אשת האחד להציל את אישה מיד מכהו ושלחה ידה והחזיקה במבשיו | 11 |
Sɛ Israelfo mmarima baanu reko na wɔn mu baako yere pɛ sɛ ɔboa ne kunu nti, oso ɔbarima baako no barima mu a,
וקצתה את כפה לא תחוס עינך | 12 |
ɛsɛ sɛ motwa ɔbea no nsa no a ahummɔbɔ biara nni mu.
לא יהיה לך בכיסך אבן ואבן גדולה וקטנה | 13 |
Monnkita nsania ahorow abien a baako yɛ duru na baako yɛ hare.
לא יהיה לך בביתך איפה ואיפה גדולה וקטנה | 14 |
Monnkora olonka ahorow abien a baako so na baako su wɔ mo fi.
אבן שלמה וצדק יהיה לך איפה שלמה וצדק יהיה לך--למען יאריכו ימיך על האדמה אשר יהוה אלהיך נתן לך | 15 |
Momfa nsania ne olonka a ɛyɛ pɛpɛ na nokwaredi wɔ mu nsusuw aguade na moanya nkwanna tenten wɔ asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so.
כי תועבת יהוה אלהיך כל עשה אלה כל עשה עול | 16 |
Wɔn a wɔfa nsania bɔne ne nkontompo so kari aguade no yɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, akyiwade.
זכור את אשר עשה לך עמלק בדרך בצאתכם ממצרים | 17 |
Monkae nea Amalekfo yɛɛ mo bere a mufi Misraim reba no.
אשר קרך בדרך ויזנב בך כל הנחשלים אחריך--ואתה עיף ויגע ולא ירא אלהים | 18 |
Wɔtow hyɛɛ mo so bere a moabrɛbrɛ na moatotɔ beraw no na wɔn a wɔaka akyi no nso, wɔbobɔɔ wɔn hwehwee fam. Na wonsuro Onyankopɔn.
והיה בהניח יהוה אלהיך לך מכל איביך מסביב בארץ אשר יהוה אלהיך נתן לך נחלה לרשתה--תמחה את זכר עמלק מתחת השמים לא תשכח | 19 |
Sɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, ma mo ahomegye fi mo atamfo nyinaa nsam, wɔ asase a ɔde rema mo sɛ agyapade no so a, ɛsɛ sɛ mosɛe Amalekfo na wɔankae wɔn bio wɔ asase yi so. Mommma mo werɛ mfi eyi da!