< דברים 21 >
כי ימצא חלל באדמה אשר יהוה אלהיך נתן לך לרשתה נפל בשדה לא נודע מי הכהו | 1 |
Sɛ wɔhunu sɛ wɔakum obi da afuom wɔ asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so, na sɛ monnim owudifoɔ no a,
ויצאו זקניך ושפטיך ומדדו אל הערים אשר סביבת החלל | 2 |
mo ntuanofoɔ ne atemmufoɔ bɛkɔ akɔsusu ɛkwan a ɛda deɛ owufoɔ no da hɔ ne kuro a ɛbɛn no ntam.
והיה העיר הקרבה אל החלל--ולקחו זקני העיר ההוא עגלת בקר אשר לא עבד בה אשר לא משכה בעל | 3 |
Afei, mpanimfoɔ a wɔwɔ kuro a ɛbɛn owufoɔ no pɛɛ no mfa nantwie ba a ɔnyɛɛ adwuma da na ɔntwee funtumfidie da,
והורדו זקני העיר ההוא את העגלה אל נחל איתן אשר לא יעבד בו ולא יזרע וערפו שם את העגלה בנחל | 4 |
na wɔnni nʼanim mfa no nkɔ subɔnhwa a wɔmfuntum anaa wɔnnuaa hwee wɔ hɔ da na nsuo resene wɔ mu mu. Subɔnhwa no mu na ɛsɛ sɛ wɔbu nantwie ba no kɔn mu.
ונגשו הכהנים בני לוי--כי בם בחר יהוה אלהיך לשרתו ולברך בשם יהוה ועל פיהם יהיה כל ריב וכל נגע | 5 |
Lewifoɔ asɔfoɔ bɛba hɔ, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, ayi wɔn sɛ wɔnka asɛm na wɔnhyira wɔ Awurade din mu. Na wɔn na wɔsi asɛnnie ne asotwe so dua.
וכל זקני העיר ההוא הקרבים אל החלל--ירחצו את ידיהם על העגלה הערופה בנחל | 6 |
Kuro a ɛbɛn efunu no mu mpanimfoɔ no, ɛsɛ sɛ wɔhohoro wɔn nsa gu nantwie ba a wɔbuu ne kɔn mu no so.
וענו ואמרו ידינו לא שפכה (שפכו) את הדם הזה ועינינו לא ראו | 7 |
Na afei wɔbɛka sɛ, “Ɛnyɛ yɛn nsa na yɛhwiee mogya yi guiɛ na yɛanhunu nso.
כפר לעמך ישראל אשר פדית יהוה ואל תתן דם נקי בקרב עמך ישראל ונכפר להם הדם | 8 |
Ao, Awurade, fa kyɛ wo ɔman Israel a wogyee wɔn no. Mfa mogya a ɛdi bem yi ho so nto wo nnipa Israel so.” Wɔwie yei a, na ɛkyerɛ sɛ, wɔayi ɛso a ɛda wɔn so no afiri wɔn so.
ואתה תבער הדם הנקי--מקרבך כי תעשה הישר בעיני יהוה | 9 |
Sɛ wɔdi saa nkyerɛkyerɛ yi so na wɔyɛ deɛ ɛtene wɔ Awurade ani so a, na moayi awudie no ho afɔbuo afiri mo atenaeɛ hɔ.
כי תצא למלחמה על איביך ונתנו יהוה אלהיך בידך--ושבית שביו | 10 |
Sɛ mokɔ ɔko tia mo atamfoɔ na Awurade mo Onyankopɔn dane wɔn hyɛ mo nsa na mofa wɔn nnomum,
וראית בשביה אשת יפת תאר וחשקת בה ולקחת לך לאשה | 11 |
na sɛ wɔn mu no, mohunu ɔbaa ɔhoɔfɛfoɔ bi a mopɛ sɛ mofa no sɛ ɔyere a, motumi ware no.
והבאתה אל תוך ביתך וגלחה את ראשה ועשתה את צפרניה | 12 |
Momfa no mmra mo fie na monyi ne ti, ntwitwa ne mmɔwerɛ,
והסירה את שמלת שביה מעליה וישבה בביתך ובכתה את אביה ואת אמה ירח ימים ואחר כן תבוא אליה ובעלתה והיתה לך לאשה | 13 |
na monyi ntadeɛ a na ɛhyɛ no wɔ ɛberɛ a mokyeree no no ngu hɔ. Na watena mo fie asu nʼagya ne ne maame bosome akyi no, motumi kɔ ne ho ma ɔyɛ ɔyere.
והיה אם לא חפצת בה ושלחתה לנפשה ומכר לא תמכרנה בכסף לא תתעמר בה תחת אשר עניתה | 14 |
Sɛ mo ani nnye ne ho a, momma no nkɔ baabiara a ɔpɛ sɛ ɔkɔ. Monntɔn no na monnyɛ no sɛ afenaa, ɛfiri sɛ, moagu nʼanim ase.
כי תהיין לאיש שתי נשים האחת אהובה והאחת שנואה וילדו לו בנים האהובה והשנואה והיה הבן הבכר לשניאה | 15 |
Sɛ ɔbarima wɔ yerenom baanu na ɔdɔ ɔbaako kyɛn deɛ ɔka ho no, na wɔn baanu no nyinaa, wɔn mu biara ne no wɔ ɔbabarima nanso nʼabakan no yɛ ɔyere a ɔmpɛ nʼasɛm no babarima,
והיה ביום הנחילו את בניו את אשר יהיה לו--לא יוכל לבכר את בן האהובה על פני בן השנואה הבכר | 16 |
na sɛ ɔhyɛ nsamanseɛ de ma ne mmammarima a, ɛnsɛ sɛ ɔde kyɛfa kɛseɛ no ma ɔbabarima kumaa a ɔyɛ ne yere a ɔdɔ no no babarima.
כי את הבכר בן השנואה יכיר לתת לו פי שנים בכל אשר ימצא לו כי הוא ראשית אנו לו משפט הבכרה | 17 |
Ɔbɛfa ne babarima a ɔyɛ ɔyere a ɔmpɛ nʼasɛm no sɛ nʼabakan no, na wanam so ama no nʼagyapadeɛ no mmɔho mmienu. Saa ɔbabarima no yɛ nʼagya no ahoɔden nsɛnkyerɛnneɛ a ɛdi ɛkan. Ɛno enti, abakan kyɛfa yɛ ne dea.
כי יהיה לאיש בן סורר ומורה--איננו שמע בקול אביו ובקול אמו ויסרו אתו ולא ישמע אליהם | 18 |
Sɛ ɔbarima bi wɔ ɔbabarima a ɔyɛ asoɔden ne otuatefoɔ a ɔntie nʼagya ne ne maame asɛm a nso wɔtene ne so a,
ותפשו בו אביו ואמו והוציאו אתו אל זקני עירו ואל שער מקמו | 19 |
deɛ ɛsɛ sɛ ɛba ara ne sɛ, agya no ne maame no de wɔn babarima no bɛkɔ mpanimfoɔ a wɔhwɛ kuro no so no anim.
ואמרו אל זקני עירו בננו זה סורר ומרה--איננו שמע בקלנו זולל וסבא | 20 |
Ɛsɛ sɛ wɔpae mu ka sɛ, “Yɛn babarima yi yɛ asoɔden ne otuatefoɔ a ɔntie yɛn asɛm. Ɔyɛ onipa teta kɔwensani.”
ורגמהו כל אנשי עירו באבנים ומת ובערת הרע מקרבך וכל ישראל ישמעו ויראו | 21 |
Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔwɔ kuro no mu nyinaa si no aboɔ kum no. Ne saa no, monam so bɛpamo saa bɔne a aba mo mu no, na Israel nyinaa bɛte, na abɔ wɔn hu.
וכי יהיה באיש חטא משפט מות--והומת ותלית אתו על עץ | 22 |
Sɛ obi yɛ amumuyɛsɛm bi a ɛfata owuo na enti wɔkum no na wɔde no sɛn dua so a,
לא תלין נבלתו על העץ כי קבור תקברנו ביום ההוא--כי קללת אלהים תלוי ולא תטמא את אדמתך אשר יהוה אלהיך נתן לך נחלה | 23 |
ɛnsɛ sɛ ɔsɛne dua no so ma adeɛ kye so. Ɛsɛ sɛ ɛda no ara, wɔsie amu no, ɛfiri sɛ, obiara a wɔsɛn no dua so saa no yɛ Onyankopɔn nnome. Monngu asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ sononko no ho fi.