< דברים 13 >
כי יקום בקרבך נביא או חלם חלום ונתן אליך אות או מופת | 1 |
Sɛ odiyifo anaa obi a ɔnam adaeso so ka ahintasɛm sɔre wɔ mo mu na ɔka nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu ne anwonwasɛm kyerɛ mo,
ובא האות והמופת אשר דבר אליך לאמר נלכה אחרי אלהים אחרים אשר לא ידעתם--ונעבדם | 2 |
na sɛ nsɛnkyerɛnne anaa anwonwasɛm no ba mu na ɔka se, “Momma yenni anyame afoforo akyi (anyame a munnim wɔn) na yɛnsom wɔn” a,
לא תשמע אל דברי הנביא ההוא או אל חולם החלום ההוא כי מנסה יהוה אלהיכם אתכם לדעת הישכם אהבים את יהוה אלהיכם בכל לבבכם ובכל נפשכם | 3 |
ɛnsɛ sɛ mutie saa odiyifo anaa ɔdaesofo no nsɛm. Awurade, mo Nyankopɔn, resɔ mo ahwɛ sɛ mufi mo koma ne mo kra mu nyinaa dɔ no ana.
אחרי יהוה אלהיכם תלכו ואתו תיראו ואת מצותיו תשמרו ובקלו תשמעו ואתו תעבדו ובו תדבקון | 4 |
Awurade, mo Nyankopɔn no, na ɛsɛ sɛ mudi nʼakyi na ɔno na ɛsɛ sɛ mode obu ne nidi ma no. Munni ne mmara so na monyɛ osetie mma no; monsom no na mommata ne ho den.
והנביא ההוא או חלם החלום ההוא יומת כי דבר סרה על יהוה אלהיכם המוציא אתכם מארץ מצרים והפדך מבית עבדים--להדיחך מן הדרך אשר צוך יהוה אלהיך ללכת בה ובערת הרע מקרבך | 5 |
Ɛsɛ sɛ wokum saa odiyifo anaa ɔdaesofo no, efisɛ ɔkasa tia Awurade, mo Nyankopɔn no, a oyii mo fii Misraim nkoasom asase no so no; wayere ne ho sɛ ɔpɛ sɛ ɔtwe mo fi ɔkwan a Awurade, mo Nyankopɔn no, ahyɛ sɛ momfa so no so. Ɛsɛ sɛ mututu abɔnefo nyinaa fi mo mu.
כי יסיתך אחיך בן אמך או בנך או בתך או אשת חיקך או רעך אשר כנפשך--בסתר לאמר נלכה ונעבדה אלהים אחרים אשר לא ידעת אתה ואבתיך | 6 |
Sɛ wo nuabarima, wo babarima, wo babea, wo yere a wodɔ no anaa wʼadamfo pa bi fa sum ase twetwe wo, ka kyerɛ wo se, “Momma yɛnkɔsom anyame afoforo, anyame a wo anaa wʼagyanom nhuu bi da,”
מאלהי העמים אשר סביבתיכם הקרבים אליך או הרחקים ממך--מקצה הארץ ועד קצה הארץ | 7 |
anyame a ɛyɛ nnipa a atwa wo ho ahyia no de, sɛ wɔbɛn anaa wɔwɔ akyiri, fi asase ano kosi ano no a,
לא תאבה לו ולא תשמע אליו ולא תחוס עינך עליו ולא תחמל ולא תכסה עליו | 8 |
mommfa wo ho mma no anaasɛ ntie no. Nhu no mmɔbɔ. Mfa ne ho nkyɛ no na mmɔ ne ho ban nso.
כי הרג תהרגנו ידך תהיה בו בראשונה להמיתו ויד כל העם באחרנה | 9 |
Kum na ɛsɛ sɛ mukum no. Mo nsa na momma enni kan wɔ ne kum no mu ansa na nnipa nyinaa de wɔn nsa abɛka ho.
וסקלתו באבנים ומת כי בקש להדיחך מעל יהוה אלהיך המוציאך מארץ מצרים מבית עבדים | 10 |
Munsiw no abo nkum no, efisɛ ɔpɛɛ sɛ ɔtwe mo fi Awurade, mo Nyankopɔn no, a oyii mo fii Misraim nkoasom asase so no ho.
וכל ישראל--ישמעו ויראון ולא יוספו לעשות כדבר הרע הזה--בקרבך | 11 |
Afei, Israel nyinaa bɛte na wɔasuro na obiara nni hɔ a obefi mo mu a, ɔbɛyɛ saa ade no bio.
כי תשמע באחת עריך אשר יהוה אלהיך נתן לך לשבת שם--לאמר | 12 |
Sɛ ɛba sɛ mote wɔ nkurow a Awurade, mo Nyankopɔn, de rema mo no baako so sɛ
יצאו אנשים בני בליעל מקרבך וידיחו את ישבי עירם לאמר נלכה ונעבדה אלהים אחרים--אשר לא ידעתם | 13 |
nnipa bɔnefo bi asɔre wɔ wɔn mu adi nnipa a wɔwɔ kurow no mu anim de wɔn akosi bɔne mu aka se, “Momma yɛnkɔsom anyame afoforo,” anyame a munhuu bi da a,
ודרשת וחקרת ושאלת היטב והנה אמת נכון הדבר נעשתה התועבה הזאת בקרבך | 14 |
ɛsɛ sɛ mubisa mu, hwehwɛ mu yiye. Na sɛ ɛyɛ nokware na sɛ nhwehwɛmu ada no adi sɛ nneyɛe bɔne bi akɔ so wɔ mo mu a,
הכה תכה את ישבי העיר ההוא--לפי חרב החרם אתה ואת כל אשר בה ואת בהמתה לפי חרב | 15 |
ɛsɛ sɛ wɔde afoa kunkum wɔn a wɔwɔ kurow no mu nyinaa. Monsɛe kurow no pasapasa, emu nnipa ne nyɛmmoa.
ואת כל שללה תקבץ אל תוך רחבה ושרפת באש את העיר ואת כל שללה כליל ליהוה אלהיך והיתה תל עולם לא תבנה עוד | 16 |
Afei, mommoaboa asade no nyinaa ano wɔ kurow no aguabɔbea na monhyew no. Monhyew kurow mu no ne emu nneɛma nyinaa mma ɛnyɛ sɛ ɔhyew afɔre mma Awurade, mo Nyankopɔn no. Saa kurow no nyɛ amamfo daa; ɛnsɛ sɛ wɔsan kyekyere bio.
ולא ידבק בידך מאומה מן החרם--למען ישוב יהוה מחרון אפו ונתן לך רחמים ורחמך והרבך כאשר נשבע לאבתיך | 17 |
Asade a wɔde agu nkyɛn sɛ wɔbɛsɛe no no, mommfa bi. Saayɛ na ɛbɛma Awurade adan afi nʼabufuwhyew no ho na wahu mo mmɔbɔ. Ne yam bɛhyehye no ama mo na wama mo adɔ sɛnea ɔkaa ntam hyɛɛ mo agyanom bɔ no,
כי תשמע בקול יהוה אלהיך לשמר את כל מצותיו אשר אנכי מצוך היום--לעשות הישר בעיני יהוה אלהיך | 18 |
efisɛ moyɛ osetie ma Awurade, mo Nyankopɔn no, na mudi ne mmara a mede rema mo nnɛ yi so na moyɛ nea ɛsɔ nʼani.