< דברים 1 >
אלה הדברים אשר דבר משה אל כל ישראל בעבר הירדן במדבר בערבה מול סוף בין פארן ובין תפל ולבן וחצרת--ודי זהב | 1 |
Yei ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa wɔ ɛserɛ no so wɔ Yordan apueeɛ. Wɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Yordan bɔnhwa a ɛbɛn Suf, wɔ Paran, Tofel, Laban, Haserot ne Di-Sahab ntam no.
אחד עשר יום מחרב דרך הר שעיר עד קדש ברנע | 2 |
Ɛfiri Horeb de kɔ Kades-Barnea no, ɛkwan a ɛfa bepɔ Seir no yɛ nnafua dubaako kwan.
ויהי בארבעים שנה בעשתי עשר חדש באחד לחדש דבר משה אל בני ישראל ככל אשר צוה יהוה אתו אלהם | 3 |
Israelfoɔ firii Bepɔ Sinai no, afe a ɛtɔ so aduanan no bosome dubaako no ɛda a ɛdi ɛkan no, Mose kaa nsɛm a Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ Israelfoɔ no pɛpɛɛpɛ kyerɛɛ wɔn.
אחרי הכתו את סיחן מלך האמרי אשר יושב בחשבון--ואת עוג מלך הבשן אשר יושב בעשתרת באדרעי | 4 |
Ɔkaa saa asɛm yi wɔ ɛberɛ a na wɔadi Amorifoɔ ɔhene Sihon a na ɔdi adeɛ wɔ Hesbon ne Basanhene Og a na ɔdi adeɛ wɔ Astarot ne Edrei so nkonim.
בעבר הירדן בארץ מואב הואיל משה באר את התורה הזאת לאמר | 5 |
Yordan agya a ɛwɔ Moab asase so na Mose firii aseɛ kyerɛkyerɛɛ mmara no mu sɛ:
יהוה אלהינו דבר אלינו בחרב לאמר רב לכם שבת בהר הזה | 6 |
Awurade ka kyerɛɛ yɛn wɔ Horeb sɛ: “Moatena saa bepɔ yi so akyɛre dodo.
פנו וסעו לכם ובאו הר האמרי ואל כל שכניו בערבה בהר ובשפלה ובנגב ובחוף הים--ארץ הכנעני והלבנון עד הנהר הגדל נהר פרת | 7 |
Montutu nkɔtena Amorifoɔ nkokoɔ so; monkɔtena nnipa a wɔbemmɛn Araba mmepɔ no mu ne atɔeɛ mmepɔ ayaase nyinaa mu; monkɔ Negeb na momfa mpoano nkɔsi Kanaanfoɔ asase so ne Lebanon nkɔduru Asubɔnten Eufrate ho.
ראה נתתי לפניכם את הארץ באו ורשו את הארץ אשר נשבע יהוה לאבתיכם לאברהם ליצחק וליעקב לתת להם ולזרעם אחריהם | 8 |
Montie! Mede saa asase yi ama mo. Monkɔ na monkɔfa asase a Awurade hyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob ne wɔn asefoɔ no.”
ואמר אלכם בעת ההוא לאמר לא אוכל לבדי שאת אתכם | 9 |
Saa ɛberɛ no, meka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Me nko ara merentumi nyɛ mo ho adwuma.
יהוה אלהיכם הרבה אתכם והנכם היום ככוכבי השמים לרב | 10 |
Awurade, mo Onyankopɔn, ama moadɔre enti ɛnnɛ yi, mo ase afɛe te sɛ ɔsoro nsoromma.
יהוה אלהי אבותכם יסף עליכם ככם--אלף פעמים ויברך אתכם כאשר דבר לכם | 11 |
Awurade mo agyanom Onyankopɔn mma mo nnɔre mmɔho mpempem na ɔnhyira mo sɛdeɛ wahyɛ mo bɔ no.
איכה אשא לבדי טרחכם ומשאכם וריבכם | 12 |
Na ɛbɛyɛ dɛn na me nko mɛtumi masoa mo haw ne mo nnesoa ne mo aperedie?
הבו לכם אנשים חכמים ונבנים וידעים--לשבטיכם ואשימם בראשיכם | 13 |
Monyi mmarima bi a wɔwɔ nyansa, nteaseɛ, na wɔwɔ edin pa mfiri abusuakuo biara mu na memfa wɔn ntuatua mo ano.”
ותענו אתי ותאמרו טוב הדבר אשר דברת לעשות | 14 |
Mobuaa me sɛ, “Dwuma a woasusu sɛ wobɛdi no yɛ.”
ואקח את ראשי שבטיכם אנשים חכמים וידעים ואתן אותם ראשים עליכם שרי אלפים ושרי מאות ושרי חמשים ושרי עשרת ושטרים לשבטיכם | 15 |
Enti, mede mo mmusuakuo mu mmarima atitire, anyansafoɔ a wɔn anim wɔ nyam no tuatuaa mo ano apem apem, ɔha ɔha, aduonum aduonum ne edu edu so mpanin ne mo mmusuakuo so sɛ ahwɛfoɔ.
ואצוה את שפטיכם בעת ההוא לאמר שמע בין אחיכם ושפטתם צדק בין איש ובין אחיו ובין גרו | 16 |
Na atemmufoɔ a wɔwɔ hɔ saa ɛberɛ no nso, mehyɛɛ wɔn sɛ, sɛ akasakasa ba anuanom ntam, sɛ asɛm no yɛ Israelni ne ne nua bi anaa Israelni ne ɔhɔhoɔ bi a, monhwɛ na mommu atɛntenenee.
לא תכירו פנים במשפט כקטן כגדל תשמעון--לא תגורו מפני איש כי המשפט לאלהים הוא והדבר אשר יקשה מכם תקרבון אלי ושמעתיו | 17 |
Mo atemmuo mu, mommmu ntɛnkyea. Montie ɔketewa ne ɔkɛseɛ pɛ. Monnsuro onipa biara, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔbu atɛn. Asɛm a ɛyɛ den ma mo no, momfa mmrɛ me na menni.
ואצוה אתכם בעת ההוא את כל הדברים אשר תעשון | 18 |
Na saa ɛberɛ no, mekaa biribiara a ɛsɛ sɛ moyɛ kyerɛɛ mo.
ונסע מחרב ונלך את כל המדבר הגדול והנורא ההוא אשר ראיתם דרך הר האמרי כאשר צוה יהוה אלהינו אתנו ונבא עד קדש ברנע | 19 |
Na sɛdeɛ Awurade hyɛɛ yɛn no, yɛfirii Horeb de yɛn ani kyerɛɛ Amorifoɔ bepɔ a yɛnam ɛserɛ pradada a moahunu no so kɔduruu Kades-Barnea.
ואמר אלכם באתם עד הר האמרי אשר יהוה אלהינו נתן לנו | 20 |
Afei, meka kyerɛɛ mo sɛ, “Moaduru Amorifoɔ bepɔman a Awurade de rema yɛn no so.
ראה נתן יהוה אלהיך לפניך--את הארץ עלה רש כאשר דבר יהוה אלהי אבתיך לך--אל תירא ואל תחת | 21 |
Awurade, mo Onyankopɔn, de asase no ama mo. Momforo nkɔfa sɛdeɛ Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, ka kyerɛɛ mo no. Monnsuro: mommma obi ntu mo aba mu.”
ותקרבון אלי כלכם ותאמרו נשלחה אנשים לפנינו ויחפרו לנו את הארץ וישבו אתנו דבר--את הדרך אשר נעלה בה ואת הערים אשר נבא אליהן | 22 |
Ɛnna mo nyinaa baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Momma yɛnsoma mmarima nni yɛn anim na wɔnkɔsra asase no mma yɛn na wɔmmɛka deɛ wɔbɛhunu nkyerɛ yɛn na ɛno na ɛbɛkyerɛ yɛn ɛkwan ne nkuro ko a yɛbɛfa so.”
וייטב בעיני הדבר ואקח מכם שנים עשר אנשים איש אחד לשבט | 23 |
Na saa nsusuiɛ yi yɛ ma me enti meyii akwansrafoɔ dumienu a ɔbaako biara firi mo mmusuakuo dumienu no mu.
ויפנו ויעלו ההרה ויבאו עד נחל אשכל וירגלו אתה | 24 |
Wɔforoo bepɔ no na wɔkɔduruu Eskol subɔnhwa mu sraa hɔ.
ויקחו בידם מפרי הארץ ויורדו אלינו וישבו אתנו דבר ויאמרו טובה הארץ אשר יהוה אלהינו נתן לנו | 25 |
Na wɔfaa asase no so aba bi de brɛɛ yɛn. Na wɔkaa sɛ, asase a Awurade yɛn Onyankopɔn de ama yɛn no yɛ asase pa.
ולא אביתם לעלת ותמרו את פי יהוה אלהיכם | 26 |
Nanso, na mompɛ sɛ moforo kɔ soro. Motee Awurade asɛm so atua.
ותרגנו באהליכם ותאמרו בשנאת יהוה אתנו הוציאנו מארץ מצרים--לתת אתנו ביד האמרי להשמידנו | 27 |
Monwiinwii wɔ mo ntomadan mu kaa sɛ, “Awurade tan yɛn enti na ɔde yɛn firi Misraim de yɛn abɛhyɛ Amorifoɔ nsam sɛ wɔnkunkum yɛn.
אנה אנחנו עלים אחינו המסו את לבבנו לאמר עם גדול ורם ממנו ערים גדלת ובצורת בשמים וגם בני ענקים ראינו שם | 28 |
Yɛrekɔ no sɛn? Yɛn akwansrafoɔ no amanneɛbɔ no abu yɛn aba mu. ‘Wɔka sɛ asase no so nnipa yɛ atentene ahoɔdenfoɔ sene yɛn. Wɔn nkuro yɛ akɛseɛ a afasuo a wɔatoto afa ho no kɔ ɔsorosoro. Na mpo, yɛhunuu Anakfoɔ mma no bi wɔ hɔ!’”
ואמר אלכם לא תערצון ולא תיראון מהם | 29 |
Na meka kyerɛɛ mo sɛ, “Monnsuro!
יהוה אלהיכם ההלך לפניכם הוא ילחם לכם ככל אשר עשה אתכם במצרים--לעיניכם | 30 |
Awurade di mo anim. Ɔbɛko ama mo sɛdeɛ mohunuu no sɛ ɔyɛɛ wɔ Misraim no.
ובמדבר אשר ראית אשר נשאך יהוה אלהיך כאשר ישא איש את בנו--בכל הדרך אשר הלכתם עד באכם עד המקום הזה | 31 |
Na mohunuu nso sɛdeɛ Awurade kɔɔ so hwɛɛ mo ntoatoasoɔ wɔ ɛserɛ so ha sɛdeɛ agya hwɛ ne ba no. Afei, ɔde mo abɛduru beaeɛ ha.”
ובדבר הזה--אינכם מאמינם ביהוה אלהיכם | 32 |
Nanso, deɛ ɔyɛ maa mo no nyinaa akyi no, moannye Awurade anni.
ההלך לפניכם בדרך לתור לכם מקום--לחנתכם באש לילה לראתכם בדרך אשר תלכו בה ובענן יומם | 33 |
Ɔdii mo anim pɛɛ beaeɛ pa maa mo tenaeɛ, de ogyadum kyerɛɛ mo ɛkwan anadwo de omununkum dum kyerɛɛ mo ɛkwan awia.
וישמע יהוה את קול דבריכם ויקצף וישבע לאמר | 34 |
Awurade tee sɛ morenwiinwii no, ne bo fuu yie na ɔkaa ntam sɛ,
אם יראה איש באנשים האלה הדור הרע הזה--את הארץ הטובה אשר נשבעתי לתת לאבתיכם | 35 |
“Saa awoɔ ntoatoasoɔ bɔne yi mu, onipa baako koraa nni hɔ a ɔbɛhunu asase pa a maka ho ntam sɛ mede bɛma mo agyanom
זולתי כלב בן יפנה הוא יראנה ולו אתן את הארץ אשר דרך בה ולבניו--יען אשר מלא אחרי יהוה | 36 |
agye Yefune babarima Kaleb. Ɔno na ɔbɛhunu saa asase yi. Mede asase a ne nan sii so no bɛma ɔne nʼasefoɔ, ɛfiri sɛ, wadi Awurade akyi nokorɛm.”
גם בי התאנף יהוה בגללכם לאמר גם אתה לא תבא שם | 37 |
Me nso, ɛsiane mo enti, Awurade bo fuu me. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Wo nan rensi Bɔhyɛ Asase no so da!
יהושע בן נון העמד לפניך הוא יבא שמה אתו חזק כי הוא ינחלנה את ישראל | 38 |
Na mmom, wo ɔboafoɔ Nun babarima Yosua na ɔbɛdi ɔmanfoɔ no anim akɔ asase no so. Na sɛ ɔreboa ne ho akɔ hɔ a, hyɛ no nkuran.
וטפכם אשר אמרתם לבז יהיה ובניכם אשר לא ידעו היום טוב ורע--המה יבאו שמה ולהם אתננה והם יירשוה | 39 |
Mede asase no bɛma wo mma a wɔnnim biribiara. Wo mma a wɔnnim papa nnim bɔne no. Na mosuro sɛ wɔbɛfa wɔn nnommum, nanso wɔn na mede asase no bɛma wɔn. Wɔn na wɔbɛtena asase no so.
ואתם פנו לכם וסעו המדברה דרך ים סוף | 40 |
Na mo deɛ, monnane mo ani nkɔ ɛserɛ so a ɛrekɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no so hɔ.”
ותענו ותאמרו אלי חטאנו ליהוה--אנחנו נעלה ונלחמנו ככל אשר צונו יהוה אלהינו ותחגרו איש את כלי מלחמתו ותהינו לעלת ההרה | 41 |
Ɛnna mogye too mu sɛ “Yɛayɛ bɔne atia Awurade. Yɛbɛkɔ asase no so akɔko sɛdeɛ Awurade aka akyerɛ yɛn no.” Enti, wɔfaa wɔn akodeɛ miaeɛ. Na wɔgye di sɛ ɛhɔ sodie bɛyɛ mmerɛ ama wɔn.
ויאמר יהוה אלי אמר להם לא תעלו ולא תלחמו--כי אינני בקרבכם ולא תנגפו לפני איביכם | 42 |
Nanso, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Mma wɔnnkɔko, ɛfiri sɛ, wɔkɔ a merenni wɔn akyi. Wɔn atamfoɔ no bɛdi wɔn so.’”
ואדבר אליכם ולא שמעתם ותמרו את פי יהוה ותזדו ותעלו ההרה | 43 |
Asɛm a meka kyerɛɛ mo ni, nanso moantie. Na mmom, mosɔre tiaa Awurade ahyɛdeɛ no bio nam ahomasoɔ so kɔɔ asase no so kɔkoeɛ.
ויצא האמרי הישב בהר ההוא לקראתכם וירדפו אתכם כאשר תעשינה הדברים ויכתו אתכם בשעיר עד חרמה | 44 |
Amorifoɔ a wɔte bepɔ no so nso sɔre baa sɛ nwowa ne mo koeɛ. Wɔtaa mo kunkumm mo firii Seir kɔduruu Horma.
ותשבו ותבכו לפני יהוה ולא שמע יהוה בקלכם ולא האזין אליכם | 45 |
Afei, mosane baa mo akyi bɛsuu wɔ Awurade anim, nanso wantie.
ותשבו בקדש ימים רבים כימים אשר ישבתם | 46 |
Enti, motenaa Kades nna bebree.