< עמוס 3 >
שמעו את הדבר הזה אשר דבר יהוה עליכם--בני ישראל על כל המשפחה אשר העליתי מארץ מצרים לאמר | 1 |
Muntie saa asɛm a Awurade aka atia mo yi, Israelfo, nea etia abusua a miyii wɔn fii Misraim no nyinaa:
רק אתכם ידעתי מכל משפחות האדמה על כן אפקד עליכם את כל עונתיכם | 2 |
“Mo nko ara na mayi mo wɔ mmusua a ɛwɔ asase so nyinaa mu; enti mɛtwe mo aso wɔ mo bɔne nyinaa ho.”
הילכו שנים יחדו בלתי אם נועדו | 3 |
Nnipa baanu betumi abɔ mu anantew, wɔ bere a wɔnyɛɛ nokoro ana?
הישאג אריה ביער וטרף אין לו היתן כפיר קולו ממענתו בלתי אם לכד | 4 |
Gyata bobɔ mu wɔ ɔdɔtɔ ase wɔ bere a onhuu hanam biara ana? Ɔbobɔ mu wɔ ne tu mu wɔ bere a ɔnkyeree hanam biara ana?
התפל צפור על פח הארץ ומוקש אין לה היעלה פח מן האדמה ולכוד לא ילכוד | 5 |
Anomaa bɛtɔ afiri mu wɔ fam wɔ baabi a wonsum afiri ana? Afiri huan konkɔn hɔ wɔ bere a enyii aboa ana?
אם יתקע שופר בעיר ועם לא יחרדו אם תהיה רעה בעיר ויהוה לא עשה | 6 |
Sɛ wɔhyɛn torobɛnto wɔ kuropɔn mu a nnipa no ho mpopo ana? Sɛ atoyerɛnkyɛm ba kuropɔn bi mu a ɛnyɛ Awurade na ɔyɛe ana?
כי לא יעשה אדני יהוה דבר כי אם גלה סודו אל עבדיו הנביאים | 7 |
Ampa ara, Otumfo Awurade nyɛ biribi a ɔnna ne nhyehyɛe adi nkyerɛ nʼAsomafo adiyifo no.
אריה שאג מי לא יירא אדני יהוה דבר מי לא ינבא | 8 |
Gyata no abobɔ mu, hena na onnsuro? Otumfo Awurade akasa, hena na ɔrenhyɛ ho nkɔm?
השמיעו על ארמנות באשדוד ועל ארמנות בארץ מצרים ואמרו האספו על הרי שמרון וראו מהומת רבות בתוכה ועשוקים בקרבה | 9 |
Mompae mu nka nkyerɛ Asdod aban ne Misraim aban: “Mommoaboa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔw so; hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ no so ne nhyɛso a ɛwɔ ne nkurɔfo mu.”
ולא ידעו עשות נכחה נאם יהוה האוצרים חמס ושד בארמנותיהם | 10 |
“Wonnim sɛnea wɔyɛ nea eye,” sɛnea Awurade se ni. “Wɔde nneɛma a wɔafow ne nea wɔawia sie wɔ wɔn aban mu.”
לכן כה אמר אדני יהוה צר וסביב הארץ והוריד ממך עזך ונבזו ארמנותיך | 11 |
Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se, “Ɔtamfo bi betwiw afa mo asase no so; Obebubu mo bammɔ agu, na wɔafow mo aban.”
כה אמר יהוה כאשר יציל הרעה מפי הארי שתי כרעים או בדל אזן--כן ינצלו בני ישראל הישבים בשמרון בפאת מטה ובדמשק ערש | 12 |
Nea Awurade se ni: “Sɛnea oguanhwɛfo gye anan abien nnompe anaa aso sin pɛ fi gyata anum no, saa ara na wobegye Israelfo nkwa, wɔn a wɔtete wɔn mpa ntwea so wɔ Samaria, ne wɔn a wɔdeda nkongua pa mu wɔ Damasko no.”
שמעו והעידו בבית יעקב--נאם אדני יהוה אלהי הצבאות | 13 |
“Tie eyi, na di adanse tia Yakobfi,” sɛnea Awurade, Asafo Awurade Nyankopɔn se ni.
כי ביום פקדי פשעי ישראל--עליו ופקדתי על מזבחות בית אל ונגדעו קרנות המזבח ונפלו לארץ | 14 |
“Da a mɛtwe Israel aso wɔ ne nnebɔne ho no, mɛsɛe afɔremuka a ɛwɔ Bet-El; wobetwitwa afɔremuka no mmɛn na abu ahwe fam.
והכיתי בית החרף על בית הקיץ ואבדו בתי השן וספו בתים רבים--נאם יהוה | 15 |
Medwiriw awɔwbere mu ofi ne ahuhurubere mu ofi agu; na afi a wɔde asonse adura ho no wɔbɛsɛe no na afi akɛse no nso wobebubu agu,” sɛnea Awurade se ni.