< שמואל ב 3 >

ותהי המלחמה ארכה בין בית שאול ובין בית דוד ודוד הלך וחזק ובית שאול הלכים ודלים 1
Ɔko a ɛbɛtɔɔ wɔn a wɔwɔ Saulo afa ne wɔn a wɔwɔ Dawid afa no kyɛe yiye, na ne mfiase ni. Bere a Dawid adedi renya ahoɔden no na Saulo adedi no resɛe.
וילדו (ויולדו) לדוד בנים בחברון ויהי בכורו אמנון לאחינעם היזרעאלת 2
Eyinom ne Dawid mmabarima a wɔwoo wɔn wɔ Hebron: Nʼabakan no din de Amnon a ɔyɛ Ahinoam a ofi Yesreel no babarima.
ומשנהו כלאב לאביגל (לאביגיל) אשת נבל הכרמלי והשלשי אבשלום בן מעכה בת תלמי מלך גשור 3
Nea ɔto so abien no din de Kileab a ɔyɛ Abigail a na ɔyɛ Nabal a ofi Karmel no kunabea babarima; nea ɔto so abiɛsa no din de Absalom a ɔyɛ Gesurhene Talmai babea Maaka babarima.
והרביעי אדניה בן חגית והחמישי שפטיה בן אביטל 4
Nea ɔto so anan no din de Adoniya a ɔyɛ Hagit babarima; nea ɔto so anum no din de Sefatia a ɔyɛ Abital babarima.
והששי יתרעם לעגלה אשת דוד אלה ילדו לדוד בחברון 5
Na nea ɔto so asia no din de Yitream a ɔyɛ Dawid yere Egla babarima. Wɔwoo saa mma yi maa Dawid wɔ Hebron.
ויהי בהיות המלחמה בין בית שאול ובין בית דוד ואבנר היה מתחזק בבית שאול 6
Bere a na ɔko a ɛda Saulo fi ne Dawid fi no gu so no, na Abner agye din ama nʼankasa ne ho wɔ Saulo fi.
ולשאול פלגש ושמה רצפה בת איה ויאמר אל אבנר מדוע באתה אל פילגש אבי 7
Na Saulo wɔ mpena bi a wɔfrɛ no Rispa, a ɔyɛ Aia babea. Na Is-Boset bisaa Abner se, “Adɛn nti na wo ne mʼagya mpena dae?”
ויחר לאבנר מאד על דברי איש בשת ויאמר הראש כלב אנכי אשר ליהודה היום אעשה חסד עם בית שאול אביך אל אחיו ואל מרעהו ולא המציתך ביד דוד ותפקד עלי עון האשה היום 8
Abner bo fuw yiye kae se, “Meyɛ akraman sodifo wɔ Yuda na wɔadwoodwoo me saa? Nea mayɛ ama wo ne wʼagya, a manyi mo amma Dawid no, mʼayeyi ne sɛ, mode ɔbea yi ho asɛm rekyekyere me?
כה יעשה אלהים לאבנר וכה יסיף לו כי כאשר נשבע יהוה לדוד--כי כן אעשה לו 9
Sɛ mammoa Dawid amma ne nsa anka nea Awurade hyɛɛ ho bɔ no a, Onyankopɔn ne me nni no ɔnwene so.
להעביר הממלכה מבית שאול ולהקים את כסא דוד על ישראל ועל יהודה--מדן ועד באר שבע 10
Mede Saulo ahenni bɛkɔ akɔma Dawid na matim Dawid ahengua ase wɔ Israel ne Yuda so afi Dan akosi Beer-Seba.”
ולא יכל עוד להשיב את אבנר דבר מיראתו אתו 11
Esiane sɛ na Is-Boset suro Abner nti, wantumi ankasa bio.
וישלח אבנר מלאכים אל דוד תחתו לאמר למי ארץ לאמר כרתה בריתך אתי והנה ידי עמך להסב אליך את כל ישראל 12
Afei, Abner tuu abɔfo kɔɔ Dawid nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Ma yɛnyɛ nhyehyɛe na mɛboa ama yɛadan Israelman mu no nyinaa ama wo.”
ויאמר טוב--אני אכרת אתך ברית אך דבר אחד אנכי שאל מאתך לאמר לא תראה את פני--כי אם לפני הביאך את מיכל בת שאול בבאך לראות את פני 13
Dawid buae se, “Ɛyɛ asɛm papa, nanso me ne wo renyɛ saa nhyehyɛe no gye sɛ, sɛ woreba a, wode me yere Mikal a ɔyɛ Saulo babea no brɛ me.”
וישלח דוד מלאכים אל איש בשת בן שאול לאמר תנה את אשתי את מיכל אשר ארשתי לי במאה ערלות פלשתים 14
Enti, Dawid soma ma wɔkɔbɔɔ Saulo babarima Is-Boset amanneɛ se, “Ma me nsa nka me yere Mikal, efisɛ mede Filistifo ɔha nkwa na ɛtɔɔ no.”
וישלח איש בשת ויקחה מעם איש--מעם פלטיאל בן לוש (ליש) 15
Enti Is-Boset gyee Mikal fii ne kunu Paltiel a ɔyɛ Lais babarima no nsam.
וילך אתה אישה הלוך ובכה אחריה--עד בחרים ויאמר אליו אבנר לך שוב וישב 16
Na Paltiel de osu dii ɔbea no akyi koduu Bahurim. Na Abner ka kyerɛɛ no se, “San kɔ fie.” Na Paltiel san kɔɔ fie.
ודבר אבנר היה עם זקני ישראל לאמר גם תמול גם שלשם הייתם מבקשים את דוד למלך עליכם 17
Na Abner ne Israel ntuanofo adidi nkɔmmɔ. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mmere kakra a atwam no, na mopɛ sɛ musi Dawid ɔhene.
ועתה עשו כי יהוה אמר אל דוד לאמר ביד דוד עבדי הושיע את עמי ישראל מיד פלשתים ומיד כל איביהם 18
Bere no ni. Efisɛ Awurade aka se, ‘Mayi Dawid sɛ onnye me nkurɔfo mfi Filistifo ne wɔn atamfo nyinaa nsam.’”
וידבר גם אבנר באזני בנימין וילך גם אבנר לדבר באזני דוד בחברון את כל אשר טוב בעיני ישראל ובעיני כל בית בנימן 19
Abner san ne Benyamin abusua mu ntuanofo kasae. Afei, ɔkɔɔ Hebron kɔbɔɔ Dawid amanneɛ se, Israel nyinaa ne Benyamin taa wʼakyi.
ויבא אבנר אל דוד חברון ואתו עשרים אנשים ויעש דוד לאבנר ולאנשים אשר אתו משתה 20
Bere a Abner ne ne mmarima aduonu baa Hebron no, Dawid too wɔn pon kɛse.
ויאמר אבנר אל דוד אקומה ואלכה ואקבצה אל אדני המלך את כל ישראל ויכרתו אתך ברית ומלכת בכל אשר תאוה נפשך וישלח דוד את אבנר וילך בשלום 21
Na Abner ka kyerɛɛ Dawid se, “Ma menkɔ na menkɔfrɛ Israel nnipa nyinaa na wɔmmra wʼafa. Wɔne wo bɛyɛ apam, na wɔasi wo hene. Na ɛbɛma woadi biribiara a wo koma pɛ so.” Enti Dawid maa Abner kɔɔ dwoodwoo.
והנה עבדי דוד ויואב בא מהגדוד ושלל רב עמם הביאו ואבנר איננו עם דוד בחברון--כי שלחו וילך בשלום 22
Abner kɔe ara pɛ, Yoab ne Dawid asraafo no bi fi ɔsa mu bae a wokura asade bebree.
ויואב וכל הצבא אשר אתו באו ויגדו ליואב לאמר בא אבנר בן נר אל המלך וישלחהו וילך בשלום 23
Bere a wɔka kyerɛɛ Yoab se Abner baa hɔ nkyɛe koraa, na ɔbɛsraa ɔhene, ama ɔhene ama no kɔ asomdwoe mu no,
ויבא יואב אל המלך ויאמר מה עשיתה הנה בא אבנר אליך למה זה שלחתו וילך הלוך 24
Yoab yɛɛ ntɛm kohuu ɔhene bisaa no se, “Dɛn na woayɛ yi? Abner kɔ a womaa no kɔe yi, wokyerɛ dɛn?
ידעת את אבנר בן נר כי לפתתך בא ולדעת את מוצאך ואת מבואך (מובאך) ולדעת את כל אשר אתה עשה 25
Wunim pefee sɛ, ɔbaa wo so sɛ ɔkwansrafo, bɛhwehwɛɛ nea woreyɛ nyinaa mu ana?”
ויצא יואב מעם דוד וישלח מלאכים אחרי אבנר וישבו אתו מבור הסרה ודוד לא ידע 26
Ɛhɔ ara, Yoab fi Dawid nkyɛn, na ɔsomaa abɔfo sɛ wontiw Abner. Wɔkɔtoo no Sira ɔtare ho, twee no de no bae. Nanso na Dawid nnim ho hwee.
וישב אבנר חברון ויטהו יואב אל תוך השער לדבר אתו בשלי ויכהו שם החמש--וימת בדם עשהאל אחיו 27
Afei, Abner san kɔɔ Hebron no, Yoab frɛɛ no kɔɔ nkyɛn kosii ɔpon ano te sɛ nea ɔrekɔka kokoamsɛm akyerɛ no no. Na ɛhɔ no na esiane sɛ ɔpɛ sɛ ɔtɔ ne nuabarima Asahel so were no nti, Yoab wɔɔ Abner yafunu mu afoa ma owui.
וישמע דוד מאחרי כן ויאמר נקי אנכי וממלכתי מעם יהוה עד עולם--מדמי אבנר בן נר 28
Akyiri no a Dawid tee asɛm no, ɔkae se, “Me ne mʼaheman nnim saa asɛm a ɛfa Abner yi ho hwee wɔ Awurade anim.
יחלו על ראש יואב ואל כל בית אביו ואל יכרת מבית יואב זב ומצרע ומחזיק בפלך ונפל בחרב--וחסר לחם 29
Ne mogya ngu Yoab ne nʼagya fi so! Yoab fi de, awo ntoatoaso mu nyinaa, obi a watutu akuru anaa ɔyare kwata, nea ɔnam pema ho nantew anaa nea owu afoa ano ne nea ɔsrɛsrɛ aduan rempa hɔ da.”
ויואב ואבישי אחיו הרגו לאבנר על אשר המית את עשהאל אחיהם בגבעון--במלחמה 30
Yoab ne ne nuabarima Abisai kum Abner, efisɛ Abner kum wɔn nuabarima Asahel wɔ akono wɔ Gibeon.
ויאמר דוד אל יואב ואל כל העם אשר אתו קרעו בגדיכם וחגרו שקים וספדו לפני אבנר והמלך דוד הלך אחרי המטה 31
Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa se, “Munsunsuan mo ntama mu, na mumfura atweaatam. Muntwa Abner ho agyaadwo.” Na ɔhene Dawid ankasa dii santen a wɔato no akyi, kɔɔ ɔda no so.
ויקברו את אבנר בחברון וישא המלך את קולו ויבך אל קבר אבנר ויבכו כל העם 32
Wosiee Abner wɔ Hebron, na ɔhene Dawid ne nnipa no nyinaa suu wɔ ne da no ho.
ויקנן המלך אל אבנר ויאמר הכמות נבל ימות אבנר 33
Afei, ɔhene too saa kwadwom yi maa Abner: “Ɛsɛ sɛ Abner wu sɛnea nkwaseafo wu ana?
ידך לא אסרות ורגליך לא לנחשתים הגשו כנפול לפני בני עולה נפלת ויספו כל העם לבכות עליו 34
Wɔankyekyere wo nsa; wɔangu wo nan nkɔnsɔnkɔnsɔn. Dabi, wodii wo awu; amumɔyɛfo atirimpɔw so ade.” Nnipa no nyinaa suu Abner bio.
ויבא כל העם להברות את דוד לחם--בעוד היום וישבע דוד לאמר כה יעשה לי אלהים וכה יסיף כי אם לפני בוא השמש אטעם לחם או כל מאומה 35
Da a wɔreyɛ ayi no, Dawid annidi da mu no nyinaa, maa afei, obiara srɛɛ no se onnidi. Nanso na Dawid aka ntam se, “Sɛ mididi ansa na owia akɔtɔ a, Onyankopɔn nkum me.”
וכל העם הכירו וייטב בעיניהם ככל אשר עשה המלך בעיני כל העם טוב 36
Eyi sɔɔ nnipa no ani yiye. Nokware, biribiara a ɔhene no yɛe no sɔɔ ɔmanfo no ani.
וידעו כל העם וכל ישראל ביום ההוא כי לא היתה מהמלך להמית את אבנר בן נר 37
Eyi maa obiara a ɔte Yuda ne Israel no huu sɛ, ɛnyɛ ɔhene Dawid na okum Abner.
ויאמר המלך אל עבדיו הלוא תדעו--כי שר וגדול נפל היום הזה בישראל 38
Na ɔhene Dawid bisaa ɔmanfo no se, “Munhu sɛ ɔkannifo kɛse ne onipa kɛse atɔ fam nnɛ wɔ Israel ana?
ואנכי היום רך ומשוח מלך והאנשים האלה בני צרויה קשים ממני ישלם יהוה לעשה הרעה כרעתו 39
Na ɛwɔ mu sɛ me ne ɔhene a wɔasra no de, nanso Seruia mmabarima Yoab ne Abisai de, wɔyɛ den dodo ma me sɛ metumi aka wɔn ahyɛ. Ɛno nti, Awurade ntua saa mmarima amumɔyɛfo yi so ka wɔ wɔn amumɔyɛsɛm ho.”

< שמואל ב 3 >