< שמואל ב 2 >
ויהי אחרי כן וישאל דוד ביהוה לאמר האעלה באחת ערי יהודה ויאמר יהוה אליו עלה ויאמר דוד אנה אעלה ויאמר חברנה | 1 |
Mmere no ara mu, Dawid bisaa Awurade se, “Mensan nkɔ Yuda ana?” Awurade buaa no se, “Kɔ.” Dawid bisaa no se, “Kurow bɛn na menkɔ so?” Awurade buaa no se, “Hebron.”
ויעל שם דוד וגם שתי נשיו--אחינעם היזרעלית ואביגיל אשת נבל הכרמלי | 2 |
Na Dawid yerenom ne Ahinoam a ofi Yesreel ne Abigail a ofi Karmel a na ɔyɛ Nabal yere no. Enti Dawid ne ne yerenom,
ואנשיו אשר עמו העלה דוד איש וביתו וישבו בערי חברון | 3 |
ne ne mmarima ne wɔn fifo nyinaa tu kɔɔ Yuda, na wɔkɔtenaa Hebron ne ne nkurow so.
ויבאו אנשי יהודה וימשחו שם את דוד למלך על בית יהודה ויגדו לדוד לאמר אנשי יביש גלעד אשר קברו את שאול | 4 |
Afei, Yuda ntuanofo kɔɔ Hebron, kɔsraa Dawid ngo sii no hene wɔ Yuda abusuakuw so. Na bere a Dawid tee sɛ Yabes Gilead mmarima asie Saulo no,
וישלח דוד מלאכים אל אנשי יביש גלעד ויאמר אליהם ברכים אתם ליהוה אשר עשיתם החסד הזה עם אדניכם עם שאול ותקברו אתו | 5 |
ɔsomaa abɔfo kosee wɔn se, “Awurade nhyira mo sɛ moayi nokware a ɛte saa adi, ama mo wura Saulo, na moasie no anuonyam so.
ועתה יעש יהוה עמכם חסד ואמת וגם אנכי אעשה אתכם הטובה הזאת אשר עשיתם הדבר הזה | 6 |
Na afei, Awurade ne mo nni no yiye na ontua mo dɔ sononko yi so ka. Na me nso metua mo nea a moayɛ yi so ka.
ועתה תחזקנה ידיכם והיו לבני חיל--כי מת אדניכם שאול וגם אתי משחו בית יהודה למלך--עליהם | 7 |
Afei a Saulo awu yi, mepɛ sɛ mobɛyɛ mʼasomfo nokwafo sɛ Yudafo a wɔasra me ngo sɛ minni wɔn so hene no.”
ואבנר בן נר שר צבא אשר לשאול--לקח את איש בשת בן שאול ויעברהו מחנים | 8 |
Na Ner babarima Abner a na ɔyɛ Saulo safohene wɔ nʼakofo so ne Saulo babarima Is-Boset kɔɔ Mahanaim.
וימלכהו אל הגלעד ואל האשורי ואל יזרעאל ועל אפרים ועל בנימן ועל ישראל כלה | 9 |
Ɛhɔ na osii Is-Boset hene wɔ Gilead, Yesreel, Efraim, Benyamin, Asurifo asase ne Israel nyinaa so.
בן ארבעים שנה איש בשת בן שאול במלכו על ישראל ושתים שנים מלך אך בית יהודה היו אחרי דוד | 10 |
Bere a Is-Boset dii ade no, na wadi mfirihyia aduanan, na odii ade fi Mahanaim mfe abien. Na Yuda abusuakuw no dii Dawid nokware.
ויהי מספר הימים אשר היה דוד מלך בחברון על בית יהודה--שבע שנים וששה חדשים | 11 |
Dawid yɛɛ Hebron ne kuropɔn. Na odii Yuda so hene mfirihyia ason ne fa.
ויצא אבנר בן נר ועבדי איש בשת בן שאול ממחנים גבעונה | 12 |
Da koro bi, Abner dii Is-Boset asraafo anim, fi Mahanaim kɔɔ Gibeon.
ויואב בן צרויה ועבדי דוד יצאו ויפגשום על ברכת גבעון יחדו וישבו אלה על הברכה מזה ואלה על הברכה מזה | 13 |
Saa bere koro no ara mu, Seruia babarima Yoab nso dii Dawid asraafo anim, fi Hebron na wohyiaa Abner wɔ Gibeon ɔtare ho. Akuw abien no tenatenaa ase a na wodi nhwɛanim.
ויאמר אבנר אל יואב יקומו נא הנערים וישחקו לפנינו ויאמר יואב יקמו | 14 |
Afei, Abner susuw ho kyerɛɛ Yoab se, “Ma yɛmfa yɛn akofo no mu kakra, na wɔmfa wɔn nsa nni ako.” Yoab penee so kae se, “Wɔnsɔre nko ɛ.”
ויקמו ויעברו במספר--שנים עשר לבנימן ולאיש בשת בן שאול ושנים עשר מעבדי דוד | 15 |
Enti woyii mmarima dumien fii kuw biara mu sɛ wonni wɔn ho ako.
ויחזקו איש בראש רעהו וחרבו בצד רעהו ויפלו יחדו ויקרא למקום ההוא חלקת הצרים אשר בגבעון | 16 |
Obiara soo ne tamfo tinwi mu, de nʼafoa wowɔɔ wɔn ho wɔn ho, maa wɔn nyinaa wuwui. Enti wɔfrɛ atɔe mu hɔ se Afoa Afuw de besi nnɛ.
ותהי המלחמה קשה עד מאד ביום ההוא וינגף אבנר ואנשי ישראל לפני עבדי דוד | 17 |
Afei, nsraadɔm abien no de ɔko hyehyɛɛ so, na saa da no baa awiei no, na Dawid nsraadɔm no adi Abner ne Israel so nkonim.
ויהיו שם שלשה בני צרויה--יואב ואבישי ועשהאל ועשהאל קל ברגליו כאחד הצבים אשר בשדה | 18 |
Na Yoab, Abisai ne Asahel a wɔyɛ Seruia mmabarima baasa no ka Dawid asraafo no ho saa da no. Na Asahel tu mmirika te sɛ ɔforote,
וירדף עשהאל אחרי אבנר ולא נטה ללכת על הימין ועל השמאול מאחרי אבנר | 19 |
na ɔpam Abner ara sɛ ɔbɛkyere no.
ויפן אבנר אחריו ויאמר האתה זה עשהאל ויאמר אנכי | 20 |
Bere a Abner twaa nʼani huu sɛ odi nʼakyi no, ɔteɛɛ mu se, “Wo ni, Asahel!” Obuae se, “Yiw, ɛyɛ me!”
ויאמר לו אבנר נטה לך על ימינך או על שמאלך ואחז לך אחד מהנערים וקח לך את חלצתו ולא אבה עשהאל לסור מאחריו | 21 |
Na Abner ka kyerɛɛ no se, “Ɛno de, kɔhwehwɛ obi foforo, na wone no nko. Kɔ na kotintim mmerante no baako, na gye nʼakode a ɛwɔ ne ho nyinaa.” Nanso Asahel, kɔɔ so taa no.
ויסף עוד אבנר לאמר אל עשהאל סור לך מאחרי למה אככה ארצה ואיך אשא פני אל יואב אחיך | 22 |
Bio, Abner teɛɛ mu ka kyerɛɛ Asahel se, “Fi ha kɔ! Sɛ mikum wo a, merentumi nhwɛ wo nuabarima Yoab anim.”
וימאן לסור ויכהו אבנר באחרי החנית אל החמש ותצא החנית מאחריו ויפל שם וימת תחתו ויהי כל הבא אל המקום אשר נפל שם עשהאל וימת--ויעמדו | 23 |
Nanso Asahel antie ara, enti Abner de ne peaw no wɔɔ ne yafunu mu, maa peaw no pue fii nʼakyi. Obu hwee fam wuu wɔ hɔ. Na obiara a oduu atɔe mu hɔ no gyinaa dinn hwɛɛ Asahel sɛ ɔda hɔ.
וירדפו יואב ואבישי אחרי אבנר והשמש באה--והמה באו עד גבעת אמה אשר על פני גיח דרך מדבר גבעון | 24 |
Bere a Yoab ne Abisai tee asɛm a asi no, wɔkɔɔ sɛ wɔrekɔhwehwɛ Abner. Bere a woduu Amma bepɔw a ɛbɛn Gia a ɛwɔ ɔkwan a ɛda hɔ kɔ Gibeon sare so no, na onwini adwo.
ויתקבצו בני בנימן אחרי אבנר ויהיו לאגדה אחת ויעמדו על ראש גבעה אחת | 25 |
Abner asraafo a wofi Benyamin abusuakuw mu no boaa wɔn ho ano wɔ bepɔw no so yɛɛ krado maa ɔko.
ויקרא אבנר אל יואב ויאמר הלנצח תאכל חרב--הלוא ידעתה כי מרה תהיה באחרונה ועד מתי לא תאמר לעם לשוב מאחרי אחיהם | 26 |
Ɛhɔ na Abner teɛɛ mu, ka kyerɛɛ Yoab se, “Enti, ɛsɛ sɛ daa yɛfa afoa so de ka yɛn ntam asɛm ana? Munnhu sɛ, saa ɔkwan no de nitan bɛto yɛn ntam ana? Da bɛn na wobɛfrɛ wo mmarima no aka akyerɛ wɔn se, wonnyae wɔn nuanom Israelfo akyidi?”
ויאמר יואב--חי האלהים כי לולא דברת כי אז מהבקר נעלה העם איש מאחרי אחיו | 27 |
Na Yoab kae se, “Sɛ woankasa a anka, Onyankopɔn nko ara na onim nea ɛbɛba; anka yɛbɛtaa wo anadwo mu no nyinaa.”
ויתקע יואב בשופר ויעמדו כל העם ולא ירדפו עוד אחרי ישראל ולא יספו עוד להלחם | 28 |
Enti Yoab hyɛn ne torobɛnto, maa ne mmarima no gyaee Israel asraafo no taa.
ואבנר ואנשיו הלכו בערבה כל הלילה ההוא ויעברו את הירדן וילכו כל הבתרון ויבאו מחנים | 29 |
Anadwo mu no nyinaa, Abner ne ne mmarima nantew kɔɔ Araba. Wotwaa Yordan bon, toaa so kɔɔ Bitron, beduu Mahanaim.
ויואב שב מאחרי אבנר ויקבץ את כל העם ויפקדו מעבדי דוד תשעה עשר איש--ועשהאל | 30 |
Na Yoab gyaee Abner akyidi, na ɔboaboaa ne mmarima ano. Asahel akyi no, wohuu sɛ Dawid mmarima no mu dunkron ayera.
ועבדי דוד הכו מבנימן ובאנשי אבנר שלש מאות וששים איש מתו | 31 |
Nanso na Dawid mmarima no akunkum Benyaminfo no mu nnipa ahansia ne aduosia a na wɔka Abner ho no.
וישאו את עשהאל ויקברהו בקבר אביו אשר בית לחם וילכו כל הלילה יואב ואנשיו ויאר להם בחברון | 32 |
Wɔfaa Asahel siee no wɔ nʼagya ɔboda mu wɔ Betlehem. Na Yoab ne ne mmarima nantew anadwo mu no nyinaa koduu Hebron adekyee.