< שמואל ב 19 >

ויגד ליואב הנה המלך בכה ויתאבל על אבשלום 1
Ankyɛre na nkra duruu Yoab nkyɛn sɛ ɔhene no resu, redi awerɛhoɔ wɔ Absalom ho.
ותהי התשעה ביום ההוא לאבל--לכל העם כי שמע העם ביום ההוא לאמר נעצב המלך על בנו 2
Ɛberɛ a akodɔm no tee ɔhene no awerɛhoɔ a ɔredi wɔ ne ba no ho no, nkonimdie mu anigyeɛ a na wɔwɔ mu saa da no danee awerɛhoɔ.
ויתגנב העם ביום ההוא לבוא העיר כאשר יתגנב העם הנכלמים--בנוסם במלחמה 3
Wɔwiaa wɔn ho kɔɔ kuro no mu sɛdeɛ wɔn a wɔadi nkoguo de aniwuo dwane firi ɔko mu.
והמלך לאט את פניו ויזעק המלך קול גדול בני אבשלום אבשלום בני בני 4
Ɔhene de ne nsa kataa nʼanim, kɔɔ so twaa adwo sɛ, “Ao, me ba Absalom! Ao, Absalom, me ba, me ba!”
ויבא יואב אל המלך הבית ויאמר הבשת היום את פני כל עבדיך הממלטים את נפשך היום ואת נפש בניך ובנתיך ונפש נשיך ונפש פלגשיך 5
Na Yoab kɔɔ ɔhene no dan mu kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnnɛ yɛagye wo, ne wo mmammarima, ne wo mmammaa, ne wo yerenom, ne wo mpenafoɔ nkwa. Nanso, woreyɛ yei de gu yɛn anim ase te sɛ deɛ yɛayɛ bɔne bi.
לאהבה את שנאיך ולשנא את אהביך כי הגדת היום כי אין לך שרים ועבדים--כי ידעתי היום כי לא (לוא) אבשלום חי וכלנו היום מתים כי אז ישר בעיניך 6
Wodɔ wʼatamfoɔ, na wotan wʼadɔfoɔ. Woada no adi ɛnnɛ sɛ, yɛnsɛ hwee mma wo. Sɛ Absalom te ase, na yɛn nyinaa awuwu a, anka wopɛ no saa.
ועתה קום צא ודבר על לב עבדיך כי ביהוה נשבעתי כי אינך יוצא אם ילין איש אתך הלילה ורעה לך זאת מכל הרעה אשר באה עליך מנעריך עד עתה 7
Afei, firi kɔ seesei, na kɔma akodɔm no amo, na mebɔ Awurade din, ka ntam sɛ, sɛ woanyɛ saa a, wɔn mu baako koraa nka ha anadwo yi. Na ɛbɛma woagyigya asene kane no.”
ויקם המלך וישב בשער ולכל העם הגידו לאמר הנה המלך יושב בשער ויבא כל העם לפני המלך וישראל נס איש לאהליו 8
Na ɔhene no firii adi kɔtenaa kuro no abɔntenpono no ano. Na asɛm no trɛɛ kuro no mu nyinaa sɛ ɔwɔ hɔ no, obiara kɔɔ ne nkyɛn. Saa ɛberɛ no na Israelfoɔ a wɔtaa Absalom akyi no nyinaa adwane kɔ wɔn afie mu.
ויהי כל העם נדון בכל שבטי ישראל לאמר המלך הצילנו מכף איבינו והוא מלטנו מכף פלשתים ועתה ברח מן הארץ מעל אבשלום 9
Na Israel mmusuakuo no nyinaa mu, na wɔredi abooboo, gye akyinnyeɛ. Na nnipa no reka sɛ, “Ɔhene no gyee yɛn firii atamfoɔ a wɔyɛ Filistifoɔ nsam, nanso Absalom taa no so, pamoo no firii ɔman no mu.
ואבשלום אשר משחנו עלינו מת במלחמה ועתה למה אתם מחרשים--להשיב את המלך 10
Na seesei Absalom a yɛsraa no sɛ ɔmmɛdi yɛn so ɔhene no nso awu. Momma yɛnkɔka nkyerɛ Dawid na ɔnsane mmra mmɛdi yɛn so.”
והמלך דוד שלח אל צדוק ואל אביתר הכהנים לאמר דברו אל זקני יהודה לאמר למה תהיו אחרנים להשיב את המלך אל ביתו ודבר כל ישראל בא אל המלך אל ביתו 11
Na ɔhene Dawid somaa asɔfoɔ Sadok ne Abiatar, ma wɔkɔbisaa Yuda mpanimfoɔ sɛ, “Adɛn enti na mo deɛ, mompɛ sɛ mode ɔhene ahennie bɛsane ama no? Na mate sɛ Israel nyinaa ayɛ krado, na mo nko ara na motwentwɛn mo nan ase.
אחי אתם עצמי ובשרי אתם ולמה תהיו אחרנים להשיב את המלך 12
Moyɛ mʼabusuafoɔ, mʼabusuakuo, mʼankasa me honam ne me mogya. Na ɛno enti, adɛn enti na motwa toɔ wɔ wɔn a wɔpene sɛ mɛsane aba no mu?”
ולעמשא תמרו הלוא עצמי ובשרי אתה כה יעשה לי אלהים וכה יוסיף אם לא שר צבא תהיה לפני כל הימים תחת יואב 13
Dawid ma wɔkɔka kyerɛɛ Amasa sɛ, “Sɛ woyɛ me wɔfaase yi, sɛ manyɛ wo ɔsahene ansi Yoab ananmu a, Onyankopɔn ne me nni no nwononwono.”
ויט את לבב כל איש יהודה כאיש אחד וישלחו אל המלך שוב אתה וכל עבדיך 14
Afei, Amasa korɔkorɔɔ Yuda ntuanofoɔ nyinaa, ma wɔtiee no sɛ nnipa korɔ. Wɔde saa asɛm yi kɔtoo ɔhene anim sɛ, “Wo ne wɔn a wɔne wo wɔ hɔ no nyinaa mmra yɛn nkyɛn.”
וישב המלך ויבא עד הירדן ויהודה בא הגלגלה ללכת לקראת המלך להעביר את המלך את הירדן 15
Na ɔhene no de nʼani kyerɛɛ Yerusalem. Ɔduruu Asubɔnten Yordan ho no, Yudafoɔ bɛhyiaa no sɛ wɔde no retwa asuo no.
וימהר שמעי בן גרא בן הימיני אשר מבחורים וירד עם איש יהודה לקראת המלך דוד 16
Gera a ɔyɛ Benyaminni a ɔfiri Bahurim babarima Simei ne Yuda mmarima yɛɛ ntɛm kɔhyiaa ɔhene Dawid.
ואלף איש עמו מבנימן וציבא נער בית שאול וחמשת עשר בניו ועשרים עבדיו אתו וצלחו הירדן לפני המלך 17
Ɔrekɔ no, na Benyaminfoɔ apem ka ne ho a, na Siba a na ɔyɛ Saulo fidua mu soodoni, ne ne mmammarima dunum ne nʼasomfoɔ aduonu ka ho. Wɔyɛɛ ntɛm dii ɔhene no ɛkan kɔduruu Yordan hɔ.
ועברה העברה לעביר את בית המלך ולעשות הטוב בעינו ושמעי בן גרא נפל לפני המלך בעברו בירדן 18
Wɔtwa kɔɔ konkɔnoa kɔfaa ɔhene fiefoɔ de wɔn twaa asuo no, na wɔboaa wɔn wɔ ɛkwan biara a wɔbɛtumi so. Ɛberɛ a ɔhene no rebɛtwa asuo no, Gera babarima Simei kɔhwee nʼanim.
ויאמר אל המלך אל יחשב לי אדני עון ואל תזכר את אשר העוה עבדך ביום אשר יצא אדני המלך מירושלם--לשום המלך אל לבו 19
Ɔsrɛɛ no sɛ, “Me wura ɔhene, fa me bɔne kyɛ me. Nkae amumuyɛsɛm a meyɛeɛ ɛberɛ a wofirii Yerusalem.
כי ידע עבדך כי אני חטאתי והנה באתי היום ראשון לכל בית יוסף לרדת לקראת אדני המלך 20
Mahunu bɔne a mayɛ, enti na madi ɛkan wɔ Yosef abusua nyinaa mu rebɛkyea wo yi.”
ויען אבישי בן צרויה ויאמר התחת זאת לא יומת שמעי כי קלל את משיח יהוה 21
Na Seruia babarima Abisai kaa sɛ, “Simei sɛ owuo, ɛfiri sɛ, ɔdomee deɛ Awurade asra no no.”
ויאמר דוד מה לי ולכם בני צרויה--כי תהיו לי היום לשטן היום יומת איש בישראל--כי הלוא ידעתי כי היום אני מלך על ישראל 22
Na Dawid bisaa sɛ, “Mo Seruia mma, ɛdeɛn na me ne mo wɔ yɛ? Ɛnnɛ nnyɛ da a wɔkum obi. Ɛyɛ anigyeɛ da! Masane abɛdi ɔhene wɔ Israel so bio!”
ויאמר המלך אל שמעי לא תמות וישבע לו המלך 23
Enti, ɔhene no kaa ntam kyerɛɛ Simei sɛ, “Wɔrenkum wo.”
ומפבשת בן שאול ירד לקראת המלך ולא עשה רגליו ולא עשה שפמו ואת בגדיו לא כבס למן היום לכת המלך עד היום אשר בא בשלום 24
Mefiboset a ɔyɛ Saulo nana nso kɔhyiaa ɔhene no bi. Ɛfiri ɛberɛ a ɔhene no kɔeɛ no, na ɔnnwaree ne nan ase, mmubuu ne hweneanonwi so, nsii ne ntadeɛ da, kɔsii sɛ ɔhene baa asomdwoeɛ mu no.
ויהי כי בא ירושלם לקראת המלך ויאמר לו המלך למה לא הלכת עמי מפיבשת 25
Ɔhene no bisaa no sɛ, “Mefiboset, adɛn enti na wo ne me ankɔ?”
ויאמר אדני המלך עבדי רמני כי אמר עבדך אחבשה לי החמור וארכב עליה ואלך את המלך--כי פסח עבדך 26
Ɔbuaa sɛ, “Nana, me ɔsomfoɔ Siba daadaa me. Meyɛ obubuafo enti, mekaa sɛ, ‘hyehyɛ mʼafunumu ma me, na mentena ne so, sɛdeɛ mɛtumi ne ɔhene akɔ.’
וירגל בעבדך אל אדני המלך ואדני המלך כמלאך האלהים ועשה הטוב בעיניך 27
Siba abɛsɛe me akyerɛ me wura ɔhene sɛ mampɛ sɛ meba. Nanso menim sɛ wote sɛ Onyankopɔn ɔbɔfoɔ; ne saa enti, yɛ deɛ wogye di sɛ ɛyɛ.
כי לא היה כל בית אבי כי אם אנשי מות לאדני המלך ותשת את עבדך באכלי שלחנך ומה יש לי עוד צדקה ולזעק עוד אל המלך 28
Biribiara mfata me ne mʼabusuafoɔ sɛ owuo a ɛbɛfiri me wura, ɔhene, nanso, woahyɛ me animuonyam wɔ wɔn a wɔdidi wo ɛpono so no mu. Enti, tumi bɛn na mewɔ sɛ mebisa ɔhene deɛ mehwehwɛ?”
ויאמר לו המלך למה תדבר עוד דבריך אמרתי--אתה וציבא תחלקו את השדה 29
Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ, “Adɛn enti na wʼasɛm aware? Mehyɛ mo sɛ, wo ne Siba nkyɛ nsase no mu.”
ויאמר מפיבשת אל המלך גם את הכל יקח אחרי אשר בא אדני המלך בשלום--אל ביתו 30
Mefiboset ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɛdɔɔ me so sɛ me wura ɔhene asane aba efie dwoodwoo yi, ma Siba mfa biribiara.”
וברזלי הגלעדי ירד מרגלים ויעבר את המלך הירדן לשלחו את בירדן (הירדן) 31
Gileadni Barsilai nso firi Rogelim baa sɛ ɔrebɛboa ama ɔhene atwa Yordan.
וברזלי זקן מאד בן שמנים שנה והוא כלכל את המלך בשיבתו במחנים כי איש גדול הוא מאד 32
Na Barsilai abɔ akɔkoraa a wadi mfeɛ aduɔwɔtwe, na ɔyɛ ɔdefoɔ kɛseɛ. Ɔno na ɔmaa ɔhene biribi diiɛ ɛberɛ a na ɔte Mahanaim no.
ויאמר המלך אל ברזלי אתה עבר אתי וכלכלתי אתך עמדי בירושלם 33
Ɔhene no ka kyerɛɛ Barsilai sɛ, “Wo ne me ntwa, na wo ne me nkɔtena Yerusalem, na mɛhwɛ wo.”
ויאמר ברזלי אל המלך כמה ימי שני חיי כי אעלה את המלך ירושלם 34
Nanso, Barsilai buaa ɔhene sɛ, “Aka me nna ahe a ɛsɛ sɛ me ne wo kɔtena Yerusalem, Nana?
בן שמנים שנה אנכי היום האדע בין טוב לרע אם יטעם עבדך את אשר אכל ואת אשר אשתה אם אשמע עוד בקול שרים ושרות ולמה יהיה עבדך עוד למשא אל אדני המלך 35
Madi mfirinhyia aduɔwɔtwe, na biribiara nyɛ me akɔnnɔ. Aduane ne nsã nyɛ me dɛ. Nnwontofoɔ nne so, merente na adesoa nko ara na mɛyɛ ama Nana.
כמעט יעבר עבדך את הירדן--את המלך ולמה יגמלני המלך הגמולה הזאת 36
Animuonyam a mepɛ ara ne sɛ me ne Nana bɛtwa asuo no.
ישב נא עבדך ואמת בעירי עם קבר אבי ואמי והנה עבדך כמהם יעבר עם אדני המלך ועשה לו את אשר טוב בעיניך 37
Ma wo ɔsomfoɔ nsane nʼakyi, sɛdeɛ mɛwu wɔ me ara me kurom faako a wɔsiee mʼawofoɔ. Na me babarima Kimham nie. Ma ɔne me wura ɔhene nkɔ na ade pa biara a wopɛ no, yɛ ma no.”
ויאמר המלך אתי יעבר כמהם ואני אעשה לו את הטוב בעיניך וכל אשר תבחר עלי אעשה לך 38
Ɔhene no gye too mu kaa sɛ, “Ɛyɛ, Kimham ne me bɛkɔ, na deɛ anka mɛyɛ ama woɔ no, mɛyɛ ama no.”
ויעבר כל העם את הירדן והמלך עבר וישק המלך לברזלי ויברכהו וישב למקמו 39
Enti, nnipa no nyinaa ne ɔhene no twaa Yordan. Ɔhene no yɛɛ Barsilai atuu, hyiraa no. Na Barsilai sane nʼakyi kɔɔ ne kurom.
ויעבר המלך הגלגלה וכמהן עבר עמו וכל עם יהודה ויעברו (העברו) את המלך וגם חצי עם ישראל 40
Ɔhene faa Kimham kaa ne ho kɔɔ Gilgal. Yuda akodɔm nyinaa ne Israel akodɔm no mu fa de ɔhene twaa asuo no.
והנה כל איש ישראל באים אל המלך ויאמרו אל המלך מדוע גנבוך אחינו איש יהודה ויעברו את המלך ואת ביתו את הירדן וכל אנשי דוד עמו 41
Nanso, Israel mmarima nyinaa bɛnwiinwii kyerɛɛ ɔhene sɛ, “Adɛn enti na yɛn nuanom Yuda mmarima awia wo kɔ, na wɔde Ɔhene ne ne fiefoɔ ne Dawid mmarima nyinaa a wɔka ne ho no akɔtwa Yordan aba?”
ויען כל איש יהודה על איש ישראל כי קרוב המלך אלי ולמה זה חרה לך על הדבר הזה האכול אכלנו מן המלך אם נשאת נשא לנו 42
Yuda mmarima nyinaa buaa Israel mmarima no sɛ, “Yɛyɛɛ saa, ɛfiri sɛ, ɔhene no yɛ yɛn busuani pɛɛ. Adɛn enti na mo bo afu saa asɛm yi ho? Yɛannye no hwee na ɔno nso amma yɛn aduane anaa akyɛdeɛ biara nso.”
ויען איש ישראל את איש יהודה ויאמר עשר ידות לי במלך וגם בדוד אני ממך ומדוע הקלתני ולא היה דברי ראשון לי להשיב את מלכי ויקש דבר איש יהודה מדבר איש ישראל 43
Na Israel mmarima buaa Yuda mmarima no sɛ, “Yɛwɔ mmusuakuo edu wɔ Israel na ɛno enti yɛwɔ ɔhene no mu kyɛfa edu. Na adɛn enti na mobu yɛn abomfiaa? Ɛnyɛ yɛn na yɛdii ɛkan kaa sɛ, wɔmfa yɛn ɔhene nsane mmra?” Na Yuda mmarima no ano yɛɛ den sene Israel mmarima no.

< שמואל ב 19 >