< מלכים ב 19 >

ויהי כשמע המלך חזקיהו ויקרע את בגדיו ויתכס בשק ויבא בית יהוה 1
Bere a ɔhene Hesekia tee eyinom no, osunsuan ne ntade mu, na ofuraa atweaatam, na ɔkɔɔ Awurade asɔredan mu.
וישלח את אליקים אשר על הבית ושבנא הספר ואת זקני הכהנים מתכסים בשקים--אל ישעיהו הנביא בן אמוץ 2
Na ɔsomaa Eliakim a ɔhwɛ ahemfi ntotoe so, Sebna, a ɔyɛ ɔkyerɛwfo ne asɔfo akunini a wɔn nyinaa furafura atweaatam, kɔɔ Amos babarima Odiyifo Yesaia nkyɛn.
ויאמרו אליו כה אמר חזקיהו יום צרה ותוכחה ונאצה היום הזה כי באו בנים עד משבר וכח אין ללדה 3
Wɔka kyerɛɛ no se, “Sɛnea ɔhene Hesekia ka ni: Saa da yi yɛ ɔhaw, animka ne animguase da. Ayɛ te sɛ nea mmofra awo du so, na ahoɔden a wɔde bɛwo wɔn nni hɔ.
אולי ישמע יהוה אלהיך את כל דברי רבשקה אשר שלחו מלך אשור אדניו לחרף אלהים חי והוכיח בדברים אשר שמע יהוה אלהיך ונשאת תפלה בעד השארית הנמצאה 4
Nanso ebia Awurade, mo Nyankopɔn ate sɛ Asiria nanmusini no regu Onyankopɔn teasefo no anim ase, na wɔbɛtwe nʼaso wɔ ne nsɛnkeka no ho. Enti bɔ mpae ma yɛn a yɛaka no!”
ויבאו עבדי המלך חזקיהו--אל ישעיהו 5
Na ɔhene Hesekia mpanyimfo no kɔkaa ɔhene nkra no kyerɛɛ Yesaia,
ויאמר להם ישעיהו כה תאמרון אל אדניכם כה אמר יהוה אל תירא מפני הדברים אשר שמעת אשר גדפו נערי מלך אשור אתי 6
na Yesaia buae se, “Ka kyerɛ wo wura se, ‘Sɛnea Awurade se ni: Mma abususɛm a Asiriahene asomafo no ka tiaa me no nhaw wo.
הנני נתן בו רוח ושמע שמועה ושב לארצו והפלתיו בחרב בארצו 7
Muntie! Mede honhom bi rebɛhyɛ ne mu, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɔte asɛm bi a ɔbɛsan akɔ ne man mu na hɔ na mɛma wɔde afoa akum no.’”
וישב רבשקה וימצא את מלך אשור נלחם על לבנה כי שמע כי נסע מלכיש 8
Bere a ɔsahene no tee sɛ Asiriahene afi Lakis no, ɔsan nʼakyi kohuu sɛ ɔhene no ne Libna reko.
וישמע אל תרהקה מלך כוש לאמר הנה יצא להלחם אתך וישב וישלח מלאכים אל חזקיהו לאמר 9
Ankyɛ, ɔhene Sanaherib nyaa nkra se, Etiopiahene Tirhaka adi asraafo anim, rebɛko atia no. Na ansa na ɔbɛsan akohyia asraafo no, ɔde saa nkra yi maa sɛ wɔmfa nkɔma Hesekia wɔ Yerusalem.
כה תאמרון אל חזקיהו מלך יהודה לאמר אל ישאך אלהיך אשר אתה בטח בו לאמר לא תנתן ירושלם ביד מלך אשור 10
“Monka nkyerɛ Yudahene Hesekia se: Mma onyame a wode wo ho ato no so no nnaadaa mo nka se, ‘Wɔremfa Yerusalem mma Asiriahene.’
הנה אתה שמעת את אשר עשו מלכי אשור לכל הארצות--להחרימם ואתה תנצל 11
Moate nea Asiria ahemfo ayɛ amanaman no nyinaa. Wɔasɛe wɔn pasaa. Na mo de, wobegye mo ana?
ההצילו אתם אלהי הגוים אשר שחתו אבותי את גוזן ואת חרן ורצף ובני עדן אשר בתלאשר 12
Anyame a wɔwɔ aman a me nenanom sɛee wɔn no, aman te sɛ, Gosan, Haran, Resef ne Edenfo a na wɔwɔ Telasar no anyame gyee wɔn ana?
איו מלך חמת ומלך ארפד ומלך לעיר ספרוים הנע ועוה 13
Nsɛm bɛn na ɛtotoo Hamathene ne Arpadhene? Nsɛm bɛn nso na ɛtotoo Sefarwaim, Hena ne Iwa ahemfo?”
ויקח חזקיהו את הספרים מיד המלאכים ויקראם ויעל בית יהוה ויפרשהו חזקיהו לפני יהוה 14
Hesekia nsa kaa krataa a abɔfo no de bae no, ɔkenkanee. Afei ɔforo kɔɔ Awurade asɔredan no mu kɔtrɛw mu wɔ Awurade anim.
ויתפלל חזקיהו לפני יהוה ויאמר יהוה אלהי ישראל ישב הכרבים אתה הוא האלהים לבדך לכל ממלכות הארץ אתה עשית את השמים ואת הארץ 15
Na Hesekia bɔɔ mpae kyerɛɛ Awurade se, “Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn a wɔasi wo hene wɔ Kerubim ntam. Wo nko ara na woyɛ Onyankopɔn wɔ asase so ahenni nyinaa so. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne asase.
הטה יהוה אזנך ושמע פקח יהוה עיניך וראה ושמע את דברי סנחריב אשר שלחו לחרף אלהים חי 16
Brɛ wʼaso ase, Awurade, na tie! Bue wʼani, Awurade, na hwɛ. Tie nsɛm a Sanaherib asoma de abɛsopa Onyankopɔn teasefo no.
אמנם יהוה החריבו מלכי אשור את הגוים--ואת ארצם 17
“Awurade, ɛyɛ nokware sɛ Asiria ahemfo asɛe aman yi nyinaa, sɛnea nkra no ka no.
ונתנו את אלהיהם באש כי לא אלהים המה כי אם מעשה ידי אדם עץ ואבן--ויאבדום 18
Na wɔatow anyame a wɔwɔ saa aman yi so no agu gya mu, ahyew wɔn, efisɛ wɔnyɛ anyame, na mmom wɔyɛ nnua ne abo a nnipa de wɔn nsa ayɛ.
ועתה יהוה אלהינו הושיענו נא מידו וידעו כל ממלכות הארץ כי אתה יהוה אלהים לבדך 19
Afei, Awurade, yɛn Nyankopɔn, gye yɛn fi ne tumi ase, na ɛbɛma ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa ahu sɛ wo nko ara, Awurade, na woyɛ Onyankopɔn.”
וישלח ישעיהו בן אמוץ אל חזקיהו לאמר כה אמר יהוה אלהי ישראל אשר התפללת אלי אל סנחרב מלך אשור שמעתי 20
Na Amos babarima Yesaia de saa nkra yi kɔmaa Hesekia se, “Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: Esiane sɛ woabɔ me mpae afa Asiriahene Sanaherib ho nti,
זה הדבר אשר דבר יהוה עליו בזה לך לעגה לך בתולת בת ציון--אחריך ראש הניעה בת ירושלם 21
eyi ne asɛm a Awurade aka atia no: “‘Ɔbabeabun Sion sopa wo, na ɔserew wo. Ɔbabea Yerusalem di wo ho fɛw, na ɔwosow ne ti bere a woreguan.
את מי חרפת וגדפת ועל מי הרימות קול ותשא מרום עיניך על קדוש ישראל 22
Hena na wugye di sɛ woyeyaw no, di ne ho fɛw nso? Hena na womaa wo nne so tiaa no na wohwɛɛ no ahantan so? Ɛyɛ Israel ɔkronkronni no!
ביד מלאכיך חרפת אדני ותאמר ברכב (ברב) רכבי אני עליתי מרום הרים ירכתי לבנון ואכרת קומת ארזיו מבחור ברשיו ואבואה מלון קצה יער כרמלו 23
Wonam wʼasomafo so adi Awurade ho fɛw. Na woaka se, “Me nteaseɛnam dodow nti maforo mmepɔw atenten. Yiw Lebanon mmepɔw a ɛwoware pa ara no. Matwitwa ne sida dua atenten no, ne nʼapepaw a ɛyɛ fɛ no agu fam. Madu ne mmepɔw a ɛwɔ akyirikyiri no so, ne ne kwaeberentuw mu.
אני קרתי ושתיתי מים זרים ואחרב בכף פעמי כל יארי מצור 24
Matutu mmura wɔ ahɔho nsase bebree so de ne nsu pa no adwudwo me ho. Mpo, mepaee Misraim nsubɔnten mu sɛnea mʼakofo betumi atwa!”
הלא שמעת למרחוק אתה עשיתי למימי קדם ויצרתיה עתה הביאתיה--ותהי להשות גלים נצים ערים בצרות 25
“‘Na Montee ɛ? Bere tenten a atwam, na mehyɛ too hɔ. Bere bi a atwam no na medwenee ho; afei mama aba mu sɛ, moadan ɔman a mosɛe nkuropɔn a wɔabɔ ho ban.
וישביהן קצרי יד--חתו ויבשו היו עשב שדה וירק דשא חציר גגות ושדפה לפני קמה 26
Wɔn nkurɔfo a tumi afi wɔn nsa no ho adwiriw wɔn, na animguase aka wɔn. Wɔte sɛ afuw so nnua, ne afifide foforo a ɛyɛ mmrɛw. Wɔte sɛ sare a efifi ɔdan atifi a ɛhyew ansa na anyin.
ושבתך וצאתך ובאך ידעתי ואת התרגזך אלי 27
“‘Nanso minim nea wote bere a woba ne bere a wokɔ ne sɛnea wo bo huru tia me.
יען התרגזך אלי ושאננך עלה באזני--ושמתי חחי באפך ומתגי בשפתיך והשבתיך בדרך אשר באת בה 28
Na esiane sɛ wo bo huru tia me na wʼahantan adu mʼasom nti, mede me darewa bɛhyɛ wo hwenem, na mede akwankyerɛ dade ahyɛ wʼanom, mɛma wo afa ɔkwan a wofaa so bae no so asan wʼakyi.’
וזה לך האות--אכול השנה ספיח ובשנה השנית סחיש ובשנה השלישית זרעו וקצרו ונטעו כרמים--ואכלו פרים 29
“Eyi na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne ama wo, Hesekia: “Saa afe yi wubedi nea ɛno ankasa fifii. Afe a ɛto so abien no, wubedi nea efi mu ba. Nanso afe a ɛto so abiɛsa no de, wo ara dua na twa, yɛ bobe nturo na di so aba.
ויספה פליטת בית יהודה הנשארה--שרש למטה ועשה פרי למעלה 30
Bio, nkae bi a ofi Yuda fi begye ntin wɔ fam na wasow aba wɔ soro.
כי מירושלם תצא שארית ופליטה מהר ציון קנאת יהוה (צבאות) תעשה זאת 31
Na nkae bi befi Yerusalem aba, na nkae dɔm afi Bepɔw Sion so. Asafo Awurade pɛ mu na eyi bɛyɛ.
לכן כה אמר יהוה אל מלך אשור לא יבא אל העיר הזאת ולא יורה שם חץ ולא יקדמנה מגן ולא ישפך עליה סללה 32
“Eyi ne asɛm a Awurade ka fa Asiriahene ho: “Ɔrenhyɛn saa kuropɔn yi mu na ɔrentow bɛmma wɔ ha. Ɔremfa nkatabo mmegyina kuropɔn no akyi na ɔrensi pie ntua nʼano.
בדרך אשר יבא בה ישוב ואל העיר הזאת לא יבא נאם יהוה 33
Ɔhene no kwan a ɔfaa so bae no ara so na ɔbɛsan afa akɔ nʼankasa man mu. Awurade ka se, ɔrenwura saa kurow yi mu.
וגנותי אל העיר הזאת להושיעה--למעני ולמען דוד עבדי 34
Esiane mʼankasa mʼanuonyam ne mʼakoa Dawid nti, mɛbɔ ho ban.”
ויהי בלילה ההוא ויצא מלאך יהוה ויך במחנה אשור מאה שמונים וחמשה אלף וישכימו בבקר והנה כלם פגרים מתים 35
Saa anadwo no, Awurade bɔfo kɔɔ Asiria nsraban mu, kokum Asiria asraafo no mpem ɔha aduɔwɔtwe anum. Asiriafo a wɔkae no nyan anɔpa no, wohuu sɛ afunu gugu mmɔnten so baabiara.
ויסע וילך וישב סנחריב מלך אשור וישב בנינוה 36
Na Asiriahene Sanaherib gyaee ɔko no, kɔɔ nʼankasa nʼasase so. Ɔkɔtenaa nʼahenkurow Ninewe mu.
ויהי הוא משתחוה בית נסרך אלהיו ואדרמלך ושראצר (בניו) הכהו בחרב והמה נמלטו ארץ אררט וימלך אסר חדן בנו תחתיו 37
Da koro bi a ɔresom wɔ ne nyame Nisrok abosonnan mu no, ne mmabarima Adramelek ne Sareser de wɔn afoa kokum no. Woguan fii hɔ kɔtenaa Ararat asase so, na ne babarima foforo Esarhadon bedii nʼade sɛ Asiriahene.

< מלכים ב 19 >