< דברי הימים ב 28 >
בן עשרים שנה אחז במלכו ושש עשרה שנה מלך בירושלם ולא עשה הישר בעיני יהוה כדויד אביו | 1 |
Ahas dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu. Odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia dunsia. Wanyɛ nea ɛsɔ Awurade ani sɛnea ne tete agya Dawid yɛe no.
וילך בדרכי מלכי ישראל וגם מסכות עשה לבעלים | 2 |
Mmom, ɔyɛɛ nea Israel ahemfo yɛe no bi, yɛɛ ahoni a wɔde som Baal.
והוא הקטיר בגיא בן הנם ויבער את בניו באש כתעבות הגוים אשר הריש יהוה מפני בני ישראל | 3 |
Ɔbɔɔ afɔre wɔ Hinom babarima bon mu, na mpo ɔde ne mmabarima bɔɔ afɔre wɔ ogya mu. Osuaa akyiwade a abosonsom aman no yɛe a nti Awurade pam wɔn fii asase no so ansa na Israelfo rekodu hɔ no.
ויזבח ויקטר בבמות ועל הגבעות ותחת כל עץ רענן | 4 |
Ɔbɔɔ afɔre, hyew nnuhuam wɔ abosomfi, mmepɔw so ne dua frɔmfrɔm biara ase.
ויתנהו יהוה אלהיו ביד מלך ארם ויכו בו וישבו ממנו שביה גדולה ויביאו דרמשק וגם ביד מלך ישראל נתן ויך בו מכה גדולה | 5 |
Ɛno nti na Awurade, ne Nyankopɔn, maa Aramhene kwan na odii Ahas so nkonim, twaa ne nkurɔfo bebree asu kɔɔ Damasko. Israel asraafo bebree nso dii Ahas so nkonim, kunkum nʼakofo no bebree nso.
ויהרג פקח בן רמליהו ביהודה מאה ועשרים אלף ביום אחד--הכל בני חיל בעזבם את יהוה אלהי אבותם | 6 |
Israelhene Peka, a ɔyɛ Remalia babarima de da koro kunkum Yuda asraafo no nnipa mpem ɔha aduonu, efisɛ na wɔapo Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn.
ויהרג זכרי גבור אפרים את מעשיהו בן המלך ואת עזריקם נגיד הבית ואת אלקנה משנה המלך | 7 |
Afei, Sikri, ɔkofo kɛse a ofi Efraim, kunkum Maaseia a ɔyɛ ɔhene babarima Asrikam, a ɔyɛ ahemfi so sahene ne Elkana, a ɔyɛ ɔhene sahene abediakyiri no.
וישבו בני ישראל מאחיהם מאתים אלף נשים בנים ובנות וגם שלל רב בזזו מהם ויביאו את השלל לשמרון | 8 |
Israelfo asraafo kyekyeree mmea ne Yuda mmofra mpem ahannu, faa asade bebree, de kɔɔ Samaria.
ושם היה נביא ליהוה עדד שמו ויצא לפני הצבא הבא לשמרון ויאמר להם הנה בחמת יהוה אלהי אבותיכם על יהודה נתנם בידכם ותהרגו בם בזעף עד לשמים הגיע | 9 |
Na Awurade odiyifo a ne din de Oded wɔ Samaria hɔ bere a Israel asraafo san baa fie no. Okohyiaa wɔn ka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, bo fuw Yuda, na ɔmaa mudii wɔn so nkonim. Nanso moayɛ ama aboro so dodo sɛ mode atirimɔden akunkum wɔn, ma ahaw ɔsoro nyinaa.
ועתה בני יהודה וירושלם אתם אמרים לכבש לעבדים ולשפחות לכם הלא רק אתם עמכם אשמות ליהוה אלהיכם | 10 |
Na mprempren, moredwene sɛ mobɛfa saa nnipa yi a wofi Yuda ne Yerusalem nkoa. Na mo ankasa mo bɔne a moyɛ tiaa Awurade, mo Nyankopɔn no, ho asɛm te dɛn?
ועתה שמעוני--והשיבו השביה אשר שביתם מאחיכם כי חרון אף יהוה עליכם | 11 |
Muntie me, na munnyaa saa nneduafo a wɔwɔ mo nsam no, efisɛ wɔyɛ mo ankasa mo abusuafo. Monhwɛ no yiye, efisɛ mprempren, wɔadan Awurade abufuwhyew no aba mo so!”
ויקמו אנשים מראשי בני אפרים עזריהו בן יהוחנן ברכיהו בן משלמות ויחזקיהו בן שלם ועמשא בן חדלי--על הבאים מן הצבא | 12 |
Na Israel ntuanofo bi a wɔyɛ Yehohanan babarima Asaria, Mesilemot babarima Berekia, Salum babarima Yehiskia ne Hadlai babarima Amasa penee eyi so, na wɔne mmarima a wofi akono reba no kae se,
ויאמרו להם לא תביאו את השביה הנה--כי לאשמת יהוה עלינו אתם אמרים להסיף על חטאתנו ועל אשמתנו כי רבה אשמה לנו וחרון אף על ישראל | 13 |
“Mommfa nneduafo no mma ha! Yɛrentumi mfa nka yɛn bɔne ne yɛn afɔdi ho. Yɛn afɔdi so dedaw, na wɔadan Awurade abufuwhyew no aba Israel so dedaw.”
ויעזב החלוץ את השביה ואת הבזה לפני השרים וכל הקהל | 14 |
Enti akofo no gyaee nneduafo no de asade no mae wɔ ɔmanfo no ne ntuanofo no anim.
ויקמו האנשים אשר נקבו בשמות ויחזיקו בשביה וכל מערמיהם הלבישו מן השלל וילבשם וינעלום ויאכלום וישקום ויסכום וינהלום בחמרים לכל כושל ויביאום ירחו עיר התמרים אצל אחיהם וישובו שמרון | 15 |
Afei, nnipa baanan a wɔbobɔɔ wɔn din no baa anim, bɛkyekyɛɛ ntade a ɛwɔ asade no mu no maa nneduafo a wɔda adagyaw no. Wɔmaa wɔn ntade ne mpaboa sɛ wɔnhyɛ ne nnuan pii ne nsu, de ngo guguu wɔn apirakuru mu. Wɔde wɔn a wɔayɛ mmerɛw no tenatenaa mfurum so, de nneduafo no nyinaa san baa wɔn asase Yeriko, mmɛkurow, no so. Afei, wɔsan kɔɔ Samaria.
בעת ההיא שלח המלך אחז על מלכי אשור--לעזר לו | 16 |
Saa bere no mu, Yudahene Ahas kɔsrɛɛ Asiriahene sɛ ɔmmɛboa no na ɔnkɔko ntia nʼatamfo.
ועוד אדומים באו ויכו ביהודה וישבו שבי | 17 |
Bio, na Edom asraafo adi Yuda so nkonim, akyekyere ebinom nnommum.
ופלשתים פשטו בערי השפלה והנגב ליהודה וילכדו את בית שמש ואת אילון ואת הגדרות ואת שוכו ובנותיה ואת תמנה ובנותיה ואת גמזו ואת בנתיה וישבו שם | 18 |
Na Filistifo atow ahyɛ nkurow a ɛwɔ Yuda mmepɔw no ase ne Negeb so. Na wɔako afa Bet-Semes, Ayalon, Gederot ne Soko ne wɔn nkurow ne Timna ne Gimso ne wɔn nkurow no. Na Filistifo no tenatenaa saa nkurow yi so.
כי הכניע יהוה את יהודה בעבור אחז מלך ישראל כי הפריע ביהודה ומעול מעל ביהוה | 19 |
Na Awurade rebrɛ Yuda ase, esiane Yudahene Ahas nti, efisɛ na ɔboa ne nkurɔfo ma wɔyɛ bɔne, na na onni Awurade nokware korakora nso.
ויבא עליו תלגת פלנאסר מלך אשור ויצר לו ולא חזקו | 20 |
Enti bere a Asiriahene Tilgat-Pilneser bedui no a anka ɛsɛ sɛ ɔboa ɔhene Ahas no, ɔhaw no mmom.
כי חלק אחז את בית יהוה ואת בית המלך והשרים ויתן למלך אשור ולא לעזרה לו | 21 |
Ahas tasee nneɛma a ɛsom bo fii Awurade asɔredan no mu, ahemfi hɔ ne ne mpanyimfo afi mu, de kɔmaa Asiriahene sɛ ne tow. Nanso eyi mpo, ammoa no.
ובעת הצר לו ויוסף למעול ביהוה הוא המלך אחז | 22 |
Na sɛ ɔhaw bi ba ɔhene Ahas so mpo a, ɔkɔ so yɛ asoɔden wɔ Awurade so.
ויזבח לאלהי דרמשק המכים בו ויאמר כי אלהי מלכי ארם הם מעזרים אתם להם אזבח ויעזרוני והם היו לו להכשילו ולכל ישראל | 23 |
Ɔbɔɔ afɔre maa Damasko anyame a wodii ne so nkonim no, na ɔkae se, “Saa anyame yi na wɔboaa Aram ahemfo nti, sɛ mebɔ afɔre ma wɔn a, wɔbɛboa me nso.” Nanso wɔmaa no sɛee, maa Israel nyinaa sɛee.
ויאסף אחז את כלי בית האלהים ויקצץ את כלי בית האלהים ויסגר את דלתות בית יהוה ויעש לו מזבחות בכל פנה בירושלם | 24 |
Ɔhene no tasee nneɛma ahorow a ɛwɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu nyinaa bubuu mu asinasin. Ɔtotoo Awurade asɔredan no apon mu, sɛnea obiara ntumi nkɔsom wɔ hɔ. Osisii afɔremuka maa abosonsom anyame wɔ Yerusalem twɔtwɔw so baabiara.
ובכל עיר ועיר ליהודה עשה במות לקטר לאלהים אחרים ויכעס את יהוה אלהי אבתיו | 25 |
Ɔyɛɛ abosonsom nsɔree so wɔ Yuda nkurow nyinaa so a wɔbɔ afɔre wɔ hɔ ma anyame foforo no. Ɔnam saa ɔkwan yi so, hyɛɛ Awurade, nʼagyanom Nyankopɔn, abufuw.
ויתר דבריו וכל דרכיו הראשנים והאחרונים--הנם כתובים על ספר מלכי יהודה וישראל | 26 |
Ahas ahenni ho nsɛm nkae no fi mfiase kosi awiei no, wɔakyerɛw agu Yuda ahemfo ne Israel ahemfo nhoma mu.
וישכב אחז עם אבתיו ויקברהו בעיר בירושלם--כי לא הביאהו לקברי מלכי ישראל וימלך יחזקיהו בנו תחתיו | 27 |
Ɔhene Ahas wui no, wosiee no Yerusalem, nanso wɔansie no wɔ adehye amusiei. Ne babarima Hesekia na odii nʼade sɛ ɔhene.