< שמואל א 25 >

וימת שמואל--ויקבצו כל ישראל ויספדו לו ויקברהו בביתו ברמה ויקם דוד וירד אל מדבר פארן 1
Afei, Samuel wui, na Israel nyinaa hyia yɛɛ nʼayi. Na wosiee no wɔ ne kurom Rama. Na Dawid tu kɔɔ Maon sare so.
ואיש במעון ומעשהו בכרמל והאיש גדול מאד ולו צאן שלשת אלפים ואלף עזים ויהי בגזז את צאנו בכרמל 2
Na ɔbarima bi fi Maon a na ɔwɔ agyapade wɔ baabi a ɛbɛn Karmel yɛ ɔdefo kɛse. Na ɔwɔ mmirekyi apem ne nguan mpensa a na otwitwa wɔn nwi wɔ Karmel.
ושם האיש נבל ושם אשתו אבגיל והאשה טובת שכל ויפת תאר והאיש קשה ורע מעללים והוא כלבו (כלבי) 3
Saa ɔbarima no din de Nabal, na ne yere nso din de Abigail. Na ɔyɛ ɔbea a onim nyansa na ne ho nso yɛ fɛ, nanso na ne kunu a ɔyɛ Kalebni no mpɔw ɛ, na ne suban nso nyɛ fɛ.
וישמע דוד במדבר כי גזז נבל את צאנו 4
Bere a Dawid tee sɛ Nabal retwitwa ne mmoa ho nwi no,
וישלח דוד עשרה נערים ויאמר דוד לנערים עלו כרמלה ובאתם אל נבל ושאלתם לו בשמי לשלום 5
ɔsomaa mmrante du kɔɔ ne nkyɛn. Ɔde nkra maa wɔn se,
ואמרתם כה לחי ואתה שלום וביתך שלום וכל אשר לך שלום 6
“Wo nkwa so! Wo ne wo fifo nyinaa nya akwahosan! Na wʼagyapade nyinaa nso saa ara.
ועתה שמעתי כי גזזים לך עתה הרעים אשר לך היו עמנו--לא הכלמנום ולא נפקד להם מאומה כל ימי היותם בכרמל 7
“Mate sɛ woretwitwa wo nguan ne mmirekyi ho nwi. Bere a na mo nguanhwɛfo wɔ yɛn nkyɛn ha no, yɛanyɛ wɔn basabasa. Na mmere dodow a wodii wɔ Karmel no nso, wɔn biribiara anyera.
שאל את נעריך ויגידו לך וימצאו הנערים חן בעיניך--כי על יום טוב בנו תנה נא את אשר תמצא ידך לעבדיך ולבנך לדוד 8
Bisa wo ara wʼasomfo na wɔbɛka akyerɛ wo. Yɛaba ha wɔ afahyɛ bere, ɛno nti, mesrɛ wo, ma wo nkoa ne wo ba Dawid biribiara a wo nsa bɛso so.”
ויבאו נערי דוד וידברו אל נבל ככל הדברים האלה בשם דוד וינוחו 9
Dawid mmerante no de nkra no maa Nabal. Afei wɔtwɛnee.
ויען נבל את עבדי דוד ויאמר מי דוד ומי בן ישי היום רבו עבדים המתפרצים איש מפני אדניו 10
Nabal buaa Dawid asomfo no se, “Hena ne saa Dawid yi? Saa Yisai babarima yi dwene sɛ ɔne hena? Nnansa yi, asomfo bebree retetew wɔn ho afi wɔn wuranom ho.
ולקחתי את לחמי ואת מימי ואת טבחתי אשר טבחתי לגזזי ונתתי לאנשים אשר לא ידעתי אי מזה המה 11
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mede me brodo ne me nsu ne mʼaboa a makum no nam a mede rebɛma me nwitwitwafo no ma nnipa a obi nnim faako a wofi?”
ויהפכו נערי דוד לדרכם וישבו ויבאו ויגדו לו ככל הדברים האלה 12
Na Dawid mmarima no san kɔe, kɔkaa de Nabal kae no kyerɛɛ no.
ויאמר דוד לאנשיו חגרו איש את חרבו ויחגרו איש את חרבו ויחגר גם דוד את חרבו ויעלו אחרי דוד כארבע מאות איש ומאתים ישבו על הכלים 13
Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima no se, “Momfa mo afoa.” Na Dawid nso faa ne de. Mmarima bɛyɛ sɛ ahannan na wɔkaa Dawid ho kɔe, ɛnna mmarima ahannu nso tena wɛn akode no.
ולאביגיל אשת נבל הגיד נער אחד מהנערים לאמר הנה שלח דוד מלאכים מהמדבר לברך את אדנינו ויעט בהם 14
Nabal asomfo no mu baako kɔka kyerɛɛ Nabal yere Abigail se, “Dawid somaa abɔfo fi sare no so sɛ wɔne yɛn wura mmɛkasa, nanso ɔyeyaw wɔn.
והאנשים טבים לנו מאד ולא הכלמנו ולא פקדנו מאומה כל ימי התהלכנו אתם בהיותנו בשדה 15
Nanso Dawid nnipa no ye ma yɛn. Wɔanyɛ yɛn bɔne biara. Bere a yɛne wɔn wɔ hɔ no, wɔamfa yɛn biribiara.
חומה היו עלינו גם לילה גם יומם כל ימי היותנו עמם רעים הצאן 16
Anadwo ne awia nyinaa, na wɔbɔ yɛn ne nguan no ho ban.
ועתה דעי וראי מה תעשי--כי כלתה הרעה אל אדנינו ועל כל ביתו והוא בן בליעל מדבר אליו 17
Enti dwene ho yiye, anyɛ saa a asɛm bɛto yɛn wura ne nʼabusua nyinaa. Ɔyɛ obi a ne koma nye na obiara ntumi nkasa nkyerɛ no.”
ותמהר אבוגיל (אביגיל) ותקח מאתים לחם ושנים נבלי יין וחמש צאן עשוות (עשויות) וחמש סאים קלי ומאה צמקים ומאתים דבלים ותשם על החמרים 18
Abigail ansɛe bere koraa. Ɔfaa brodo mua ahannu, nsa aboa nhoma abien, nguan anum a wɔakum wɔn asiesie wɔn, nkyewe susude anum, bobe ɔfam ɔha ne bobe aba a wɔabɔ no atɔwatɔw ahannu de soaa mfurum.
ותאמר לנעריה עברו לפני הנני אחריכם באה ולאישה נבל לא הגידה 19
Na ɔka kyerɛɛ nʼasomfo se, “Munni kan nkɔ. Metiw mo.” Nanso wanka nea na ɔreyɛ no ankyerɛ ne kunu Nabal.
והיה היא רכבת על החמור וירדת בסתר ההר והנה דוד ואנשיו ירדים לקראתה ותפגש אתם 20
Ɔte nʼafurum so nam ara kosii bepɔw bi asiansian mu no, ohuu Dawid nso ne ne mmarima sɛ wɔrehyia no.
ודוד אמר אך לשקר שמרתי את כל אשר לזה במדבר ולא נפקד מכל אשר לו מאומה וישב לי רעה תחת טובה 21
Na Dawid aka se, “Mfaso biara nni so sɛ mahwɛ saa onipa yi agyapade so wɔ sare so a ne biribiara anyera. Ɔde bɔne atua me papa a meyɛɛ no no so ka.
כה יעשה אלהים לאיבי דוד וכה יסיף אם אשאיר מכל אשר לו עד הבקר משתין בקיר 22
Sɛ ɛba sɛ ɔkyena ne fini barima bi da so te ase a, Onyankopɔn ne me nni no ɔyaw so pa ara.”
ותרא אביגיל את דוד ותמהר ותרד מעל החמור ותפל לאפי דוד על פניה ותשתחו ארץ 23
Abigail huu Dawid no, ntɛm ara, ohuruw fii nʼafurum no so sii fam, bɔɔ ne mu ase wɔ nʼanim.
ותפל על רגליו ותאמר בי אני אדני העון ותדבר נא אמתך באזניך ושמע את דברי אמתך 24
Ɔhwee ne nan ase kae se, “Me wura migye saa asɛm yi ho afɔdi nyinaa to me ho so. Mesrɛ wo sɛ, tie asɛm a mewɔ ka.
אל נא ישים אדני את לבו אל איש הבליעל הזה על נבל כי כשמו כן הוא--נבל שמו ונבלה עמו ואני אמתך--לא ראיתי את נערי אדני אשר שלחת 25
Minim sɛ Nabal yɛ otirimɔdenfo; mesrɛ wo, ntie no. Ɔyɛ ɔkwasea sɛnea ne din kyerɛ no. Na me, wʼafenaa, abɔfo a wosomaa wɔn no, manhu wɔn.
ועתה אדני חי יהוה וחי נפשך אשר מנעך יהוה מבוא בדמים והושע ידך לך ועתה יהיו כנבל איביך והמבקשים אל אדני רעה 26
Afei, me wura, mpɛn dodow a Awurade te ase, na wo nso wote ase na Awurade amma woamfa awudi ne aweretɔ anhyɛ wo nsam yi, ma mmusu mmra wʼatamfo nyinaa so, sɛnea bi aba Nabal so yi.
ועתה הברכה הזאת אשר הביא שפחתך לאדני ונתנה לנערים המתהלכים ברגלי אדני 27
Akyɛde a mede abrɛ wo ne wo mmerante no ni.
שא נא לפשע אמתך כי עשה יעשה יהוה לאדני בית נאמן כי מלחמות יהוה אדני נלחם ורעה לא תמצא בך מימיך 28
“Mesrɛ wo, sɛ mafom a, fa kyɛ me. Akyinnye biara nni ho sɛ Awurade de ofi a nʼahenni ase betim bɛdom wo, efisɛ woreko Awurade ko. Na wonyɛɛ bɔne biara nso wɔ wʼasetena mu.
ויקם אדם לרדפך ולבקש את נפשך והיתה נפש אדני צרורה בצרור החיים את יהוה אלהיך ואת נפש איביך יקלענה בתוך כף הקלע 29
Na sɛ ɛba sɛ wɔn a wɔpɛ wo kra no taataa wo so a, Awurade, wo Nyankopɔn, begye wo, abɔ wo ho ban sɛnea wɔbɔ ademude ho ban no. Na wʼatamfo nkwa de, ɛbɛyera te sɛ abo a wɔatow fi ahwimmo mu.
והיה כי יעשה יהוה לאדני ככל אשר דבר את הטובה עליך--וצוך לנגיד על ישראל 30
Sɛ Awurade di bɔ a ɔhyɛɛ wo no nyinaa so ma wo, na ɔde wo di Israelhene a,
ולא תהיה זאת לך לפוקה ולמכשול לב לאדני ולשפך דם חנם ולהושיע אדני לו והיטב יהוה לאדני וזכרת את אמתך 31
mma eyi nnyɛ nkekae wɔ wʼabrabɔ mu. Na worensoa wʼahonim adesoa duruduru a efi mogyahwiegu ne aweretɔ a so nni mfaso ho. Na sɛ Awurade yɛ saa nneɛma akɛse yi ma wo a, mesrɛ wo, kae me!”
ויאמר דוד לאביגל ברוך יהוה אלהי ישראל אשר שלחך היום הזה לקראתי 32
Dawid buaa Abigail se, “Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn a wama woabehyia me nnɛ.
וברוך טעמך וברוכה את אשר כלתני היום הזה מבוא בדמים והשע ידי לי 33
Da Awurade ase wɔ wʼadwene pa ho. Nhyira nka wo sɛ woamma me ankum ɔbarima no, na woamma mamfa me nsa antɔ were.
ואולם חי יהוה אלהי ישראל אשר מנעני מהרע אתך כי לולי מהרת ותבאתי (ותבאת) לקראתי--כי אם נותר לנבל עד אור הבקר משתין בקיר 34
Na meka Awurade, Israel Nyankopɔn a wamma manyɛ wo bɔne no ntam sɛ, sɛ woanka wo ho ammehyia me a, anka ebedu ɔkyena anɔpa no, na Nabal mmarima no mu baako koraa nte ase.”
ויקח דוד מידה את אשר הביאה לו ולה אמר עלי לשלום לביתך--ראי שמעתי בקולך ואשא פניך 35
Na Dawid gyee nʼakyɛde no, ka kyerɛɛ no se, “San kɔ fie asomdwoe mu. Yɛrenkum wo kunu no.”
ותבא אביגיל אל נבל והנה לו משתה בביתו כמשתה המלך ולב נבל טוב עליו והוא שכר עד מאד ולא הגידה לו דבר קטן וגדול--עד אור הבקר 36
Bere a Abigail duu fie no, ohuu sɛ Nabal ato pon kɛse sɛ ɔhene. Na wabow nsa nti, wanka biribiara a ɛfa ɔne Dawid nhyiamu no ho ankyerɛ no kosii adekyee.
ויהי בבקר בצאת היין מנבל ותגד לו אשתו את הדברים האלה וימת לבו בקרבו והוא היה לאבן 37
Ade kyee a nʼani so daa hɔ no, Abigail kaa nsɛm a asisi no kyerɛɛ no. Nabal tee nsɛm no, obubu kaa mpa mu.
ויהי כעשרת הימים ויגף יהוה את נבל וימת 38
Nnafua du akyi no, Awurade bɔɔ no ma owui.
וישמע דוד כי מת נבל ויאמר ברוך יהוה אשר רב את ריב חרפתי מיד נבל ואת עבדו חשך מרעה ואת רעת נבל השיב יהוה בראשו וישלח דוד וידבר באביגיל לקחתה לו לאשה 39
Dawid tee sɛ Nabal awu no, ɔkae se, “Nhyira nka Awurade a watua Nabal ka na wamma mankum no. Nabal anya ne bɔne so akatua.” Na Dawid yɛɛ ntɛm soma kɔɔ Abigail nkyɛn, ma wɔkɔka kyerɛɛ no se ɔbɛware no.
ויבאו עבדי דוד אל אביגיל--הכרמלה וידברו אליה לאמר דוד שלחנו אליך לקחתך לו לאשה 40
Asomfo no kɔɔ Karmel kɔka kyerɛɛ Abigail se, “Dawid asoma yɛn sɛ yɛmmra mmɛfa wo mmrɛ no sɛ ne yere.”
ותקם ותשתחו אפים ארצה ותאמר הנה אמתך לשפחה לרחץ רגלי עבדי אדני 41
Ɔbɔɔ ne mu ase de nʼanim kyerɛɛ fam kae se, “Yiw, masiesie me ho sɛ mɛsom Dawid asomfo mpo.”
ותמהר ותקם אביגיל ותרכב על החמור וחמש נערתיה ההלכות לרגלה ותלך אחרי מלאכי דוד ותהי לו לאשה 42
Ntɛm ara, Abigail huruw tenaa nʼafurum so, faa ne mmaawa baanum kaa ne ho, na ɔne Dawid asomfo no kɔe, na ɔbɛyɛɛ Dawid yere.
ואת אחינעם לקח דוד מיזרעאל ותהיין גם שתיהן לו לנשים 43
Dawid waree Ahinoam a ofi Yesreel, na wɔn baanu bɛyɛɛ ne yerenom.
ושאול נתן את מיכל בתו--אשת דוד לפלטי בן ליש אשר מגלים 44
Na Saulo de ne babea Mikal, Dawid yere, ama ɔbarima bi a ofi Galim a ne din de Palti a na ɔyɛ Lais babarima.

< שמואל א 25 >