< שמואל א 11 >

ויעל נחש העמוני ויחן על יביש גלעד ויאמרו כל אנשי יביש אל נחש כרת לנו ברית ונעבדך 1
Ɛbɛyɛ bosome akyi, Amonhene Nahas dii nʼakodɔm anim bɛtoaa Israel kuropɔn Yabes Gilead. Na Yabesman mma bisaa asomdwoeɛ. Wɔsrɛɛ sɛ, “Momma yɛne mo nyɛ apam, na yɛbɛyɛ mo asomfoɔ.”
ויאמר אליהם נחש העמוני בזאת אכרת לכם בנקור לכם כל עין ימין ושמתיה חרפה על כל ישראל 2
Nahas kaa sɛ, “Ɛyɛ, na adeɛ baako pɛ na ɛsɛ sɛ mopene so. Ɛne sɛ, mɛtu obiara ani nifa baako de agu Israel nyinaa anim ase.”
ויאמרו אליו זקני יביש הרף לנו שבעת ימים ונשלחה מלאכים בכל גבול ישראל ואם אין מושיע אתנו ויצאנו אליך 3
Na Yabes mpanin no buaa sɛ, “Ma yɛn nnanson, na yɛmfa nsoma abɔfoɔ mfa Israel nyinaa, na sɛ yɛn abusuafoɔ amma ammɛgye yɛn deɛ a, yɛbɛpene wo nhyehyɛeɛ no so.”
ויבאו המלאכים גבעת שאול וידברו הדברים באזני העם וישאו כל העם את קולם ויבכו 4
Abɔfoɔ no bɛduruu Gibea a ɛyɛ Saulo kurom, bɛkaa asɛm a ato wɔn no kyerɛɛ ɔmanfoɔ maa wɔn nyinaa suiɛ.
והנה שאול בא אחרי הבקר מן השדה ויאמר שאול מה לעם כי יבכו ויספרו לו--את דברי אנשי יביש 5
Saa ɛberɛ no, na Saulo refuntum nʼafuo. Na ɔbaa efie no, ɔbisaa sɛ, “Ɛdeɛn asɛm na asie? Adɛn enti na nisuo abu obiara kɔn yi?” Enti, wɔbɔɔ asɛm a ɛfiri Yabes hɔ aba no ho amanneɛ.
ותצלח רוח אלהים על שאול בשמעו (כשמעו) את הדברים האלה ויחר אפו מאד 6
Onyankopɔn honhom bɛsii Saulo so dendeenden. Na ne bo fuu yie.
ויקח צמד בקר וינתחהו וישלח בכל גבול ישראל ביד המלאכים לאמר אשר איננו יצא אחרי שאול ואחר שמואל כה יעשה לבקרו ויפל פחד יהוה על העם ויצאו כאיש אחד 7
Ɔfaa anantwie mmienu, twitwaa wɔn asinasini, na wɔmaa abɔfoɔ no soa kyinii Israel nyinaa, de saa nkratoɔ yi kaa ho sɛ, “Obiara a wanni Saulo ne Samuel akyi ankɔ ɔko no, saa ara na ne nantwie bɛyɛ!” Na Awurade maa nnipa no suroo Saulo abufuo no. Enti, wɔn nyinaa bɛboaa wɔn ho ano.
ויפקדם בבזק ויהיו בני ישראל שלש מאות אלף ואיש יהודה שלשים אלף 8
Ɛberɛ a Saulo boaa wɔn ano wɔ Besek a ɔkan wɔn no, na Israel mmarima dodoɔ yɛ ɔpehasa ne Yudafoɔ a wɔn dodoɔ yɛ ɔpeduasa.
ויאמרו למלאכים הבאים כה תאמרון לאיש יביש גלעד מחר תהיה לכם תשועה בחם (כחם) השמש ויבאו המלאכים ויגידו לאנשי יביש--וישמחו 9
Enti, Saulo somaa abɔfoɔ no ma wɔsane wɔn akyi kɔɔ Yabes Gilead kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɔkyena awia prɛmtoberɛ mu, yɛbɛyi mo afiri mo ahokyere no mu.” Abɔfoɔ no duruu kuro no mu no, anigyeɛ bunkam faa hɔ.
ויאמרו אנשי יביש מחר נצא אליכם ועשיתם לנו ככל הטוב בעיניכם 10
Na Yabes mmarima ka kyerɛɛ wɔn atamfoɔ no sɛ, “Ɔkyena yɛbɛba mo so, na deɛ mopɛ no, monyɛ yɛn.”
ויהי ממחרת וישם שאול את העם שלשה ראשים ויבאו בתוך המחנה באשמרת הבקר ויכו את עמון עד חם היום ויהי הנשארים ויפצו ולא נשארו בם שנים יחד 11
Nanso, ansa na adeɛ rebɛkye no, na Saulo aduru hɔ dada. Ɔkyekyɛɛ nʼakodɔm no mu akuo mmiɛnsa. Ɔto hyɛɛ Amonfoɔ no so mpofirim, kunkumm wɔn anɔpa mu no nyinaa. Wɔn akodɔm nkaeɛ no bɔ hwetee baabiara a obi mpo nhunu sɛ wɔn mu baanu bi gyina baabi.
ויאמר העם אל שמואל מי האמר שאול ימלך עלינו תנו האנשים ונמיתם 12
Afei, nnipa no teaam frɛɛ Samuel sɛ, “Nnipa a wɔka sɛ ɛnsɛ sɛ Saulo di yɛn so ɔhene no wɔ he? Momfa wɔn mmra na yɛnkum wɔn.”
ויאמר שאול לא יומת איש ביום הזה כי היום עשה יהוה תשועה בישראל 13
Nanso, Saulo buaa sɛ, “Wɔrenkum obiara ɛnnɛ, ɛfiri sɛ, Awurade agye Israel ɛnnɛ.”
ויאמר שמואל אל העם לכו ונלכה הגלגל ונחדש שם המלוכה 14
Na Samuel ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Mommra na yɛn nyinaa nkɔ Gilgal nkɔsi Saulo ahennie no so dua.”
וילכו כל העם הגלגל וימלכו שם את שאול לפני יהוה בגלגל ויזבחו שם זבחים שלמים לפני יהוה וישמח שם שאול וכל אנשי ישראל עד מאד 15
Enti, wɔn nyinaa kɔɔ Gilgal, na wɔhyɛɛ Saulo sahenekyɛ wɔ Awurade anim. Na wɔbɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ maa Awurade, na Saulo ne Israelfoɔ nyinaa ani gyeeɛ.

< שמואל א 11 >