< דברי הימים א 6 >
בני לוי גרשון קהת ומררי | 1 |
Na Lewi mmabarima yɛ: Gerson, Kohat ne Merari.
ובני קהת--עמרם יצהר וחברון ועזיאל | 2 |
Na Kohat asefo nso yɛ: Amram, Ishar, Hebron ne Usiel.
ובני עמרם אהרן ומשה ומרים ובני אהרן--נדב ואביהוא אלעזר ואיתמר | 3 |
Na Amram mma yɛ: Aaron, Mose ne Miriam. Na Aaron mmabarima yɛ: Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar.
אלעזר הוליד את פינחס פינחס הליד את אבישוע | 4 |
Eleasar woo Pinehas. Pinehas woo Abisua.
ואבישוע הוליד את בקי ובקי הוליד את עזי | 5 |
Abisua woo Buki, na Buki woo Usi.
ועזי הוליד את זרחיה וזרחיה הוליד את מריות | 6 |
Usi woo Serahia. Serahia woo Meraiot.
מריות הוליד את אמריה ואמריה הוליד את אחיטוב | 7 |
Meraiot woo Amaria, na Amaria woo Ahitub.
ואחיטוב הוליד את צדוק וצדוק הוליד את אחימעץ | 8 |
Ahitub woo Sadok, na Sadok woo Ahimaas.
ואחימעץ הוליד את עזריה ועזריה הוליד את יוחנן | 9 |
Ahimaas woo Asaria. Asaria woo Yohanan.
ויוחנן הוליד את עזריה הוא אשר כהן בבית אשר בנה שלמה בירושלם | 10 |
Yohanan woo Asaria a ɔno na na ɔyɛ ɔsɔfopanyin wɔ asɔredan a Salomo sii wɔ Yerusalem no mu.
ויולד עזריה את אמריה ואמריה הוליד את אחיטוב | 11 |
Asaria woo Amaria. Amaria woo Ahitub.
ואחיטוב הוליד את צדוק וצדוק הוליד את שלום | 12 |
Ahitub woo Sadok. Sadok woo Salum.
ושלום הוליד את חלקיה וחלקיה הוליד את עזריה | 13 |
Salum woo Hilkia. Hilkia woo Asaria.
ועזריה הוליד את שריה ושריה הוליד את יהוצדק | 14 |
Asaria woo Seraia. Seraia woo Yehosadak.
ויהוצדק הלך--בהגלות יהוה את יהודה וירושלם ביד נבכדנאצר | 15 |
Wotwaa Yehosadak asu bere a Awurade de Yudafo ne Yerusalemfo kɔɔ nnommum mu a na wɔhyɛ Nebukadnessar ase no.
בני לוי גרשם קהת ומררי | 16 |
Na Lewi mmabarima din de Gersom, Kohat ne Merari.
ואלה שמות בני גרשום לבני ושמעי | 17 |
Na Libni ne Simei ka Gersom asefo ho.
ובני קהת--עמרם ויצהר וחברון ועזיאל | 18 |
Na Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ka Kohat asefo no ho.
בני מררי מחלי ומשי ואלה משפחות הלוי לאבתיהם | 19 |
Na Mahli ne Musi ka Merari asefo no ho. Eyinom ne Lewifo mmusua sɛnea wɔn mpanyimfo nnidiso te.
לגרשום--לבני בנו יחת בנו זמה בנו | 20 |
Na Gerson asefo yɛ: Libni, Yahat, Sima,
יואח בנו עדו בנו זרח בנו יאתרי בנו | 21 |
Yoa, Ido, Serah ne Yeaterai.
בני קהת--עמינדב בנו קרח בנו אסיר בנו | 22 |
Na Kohat asefo ne Aminadab, Kora, Asir,
אלקנה בנו ואביסף בנו ואסיר בנו | 23 |
Elkana, Ebiasaf, Asir,
תחת בנו אוריאל בנו עזיה בנו ושאול בנו | 24 |
Tahat, Uriel, Usia ne Saulo.
ובני אלקנה--עמשי ואחימות | 25 |
Na Elkana asefo ne: Amasai, Ahimot,
אלקנה--בנו (בני) אלקנה צופי בנו ונחת בנו | 26 |
Sofai, Nahat,
אליאב בנו ירחם בנו אלקנה בנו | 27 |
Eliab, Yeroham, Elkana ne Samuel.
ובני שמואל הבכר ושני ואביה | 28 |
Na Samuel mmabarima din ne: Yoel a ɔyɛ ɔpanyin ne Abiya a ɔto so abien no.
בני מררי מחלי לבני בנו שמעי בנו עזה בנו | 29 |
Na Merari mma ne: Mahli, Libni, Simei, Usa,
שמעא בנו חגיה בנו עשיה בנו | 30 |
Simea, Hagia ne Asaia.
ואלה אשר העמיד דויד על ידי שיר--בית יהוה ממנוח הארון | 31 |
Dawid maa saa nnipa a wɔn din didi so yi dii Awurade fi nnwom anim, bere a wɔde Apam Adaka no sii hɔ no.
ויהיו משרתים לפני משכן אהל מועד בשיר עד בנות שלמה את בית יהוה בירושלם ויעמדו כמשפטם על עבודתם | 32 |
Wɔde nnwom kaa wɔn som ho wɔ Ahyiae Ntamadan no mu hɔ kosii sɛ Salomo sii Awurade asɔredan no wɔ Yerusalem. Afei, wɔnam mmara a wɔde maa wɔn so dii wɔn dwuma wɔ hɔ.
ואלה העמדים ובניהם מבני הקהתי--הימן המשורר בן יואל בן שמואל | 33 |
Saa mmarima yi na wɔne wɔn mma som wɔ hɔ no. Heman, dwom ho nimdefo no, na ofi Kohat abusua mu. Wɔto nʼabusua ana fi Yoel, Samuel,
בן אלקנה בן ירחם בן אליאל בן תוח | 34 |
Elkana, Yeroham, Eliel, Yoa,
בן ציף (צוף) בן אלקנה בן מחת בן עמשי | 35 |
Suf, Elkana, Mahat, Amasai
בן אלקנה בן יואל בן עזריה בן צפניה | 36 |
Elkana, Yoel, Asaria, Sefania,
בן תחת בן אסיר בן אביסף בן קרח | 37 |
Tahat, Asir, Ebiasaf, Kora,
בן יצהר בן קהת בן לוי בן ישראל | 38 |
Ishar, Kohat, Lewi ne Israel ase.
ואחיו אסף העמד על ימינו--אסף בן ברכיהו בן שמעא | 39 |
Herman abediakyiri a odi kan no din de Asaf, a na ofi Gerson abusua mu. Wɔto Asaf abusua ana fi Berekia, Simea,
בן מיכאל בן בעשיה בן מלכיה | 40 |
Mikael, Baaseia, Malkia,
בן אתני בן זרח בן עדיה | 41 |
Etni, Serah, Adaia,
בן איתן בן זמה בן שמעי | 42 |
Etan, Sima, Simei,
Yahat, Gersom ne Lewi ase.
ובני מררי אחיהם על השמאול--איתן בן קישי בן עבדי בן מלוך | 44 |
Herman abediakyiri a ɔto so abien no din de Etan, a na ofi Merari abusua mu. Wɔto Etan abusua ana fi Kisi, Abdi, Maluk,
בן חשביה בן אמציה בן חלקיה | 45 |
Hasabia, Amasia, Hilkia,
בן מחלי בן מושי בן מררי בן לוי | 47 |
Mahli, Musi, Merari ne Lewi ase.
ואחיהם הלוים נתונים--לכל עבודת משכן בית האלהים | 48 |
Wɔmaa wɔn abusuafo a wɔyɛ Lewifo no nso dwuma ahorow bi dii wɔ Ahyiae Ntamadan a ɛyɛ Onyankopɔn fi no mu.
ואהרן ובניו מקטירים על מזבח העולה ועל מזבח הקטרת לכל מלאכת קדש הקדשים ולכפר על ישראל ככל אשר צוה משה עבד האלהים | 49 |
Aaron ne nʼasefo nko na wɔsom sɛ asɔfo. Na wɔde afɔrebɔde gu ɔhyew afɔremuka ne ohuam afɔremuka so, na wodi dwuma biara a ɛfa kronkron mu kronkron hɔ ho. Wɔnam mmara a Onyankopɔn somfo Mose de maa wɔn no so, yɛɛ mpata maa Israel.
ואלה בני אהרן--אלעזר בנו פינחס בנו אבישוע בנו | 50 |
Na Aaron asefo yɛ: Eleasar, Pinehas, Abisua,
בקי בנו עזי בנו זרחיה בנו | 51 |
Buki, Usi, Serahia,
מריות בנו אמריה בנו אחיטוב בנו | 52 |
Meraiot, Amaria, Ahitub,
ואלה מושבותם לטירותם בגבולם--לבני אהרן למשפחת הקהתי כי להם היה הגורל | 54 |
Eyi ne abakɔsɛm a ɛfa nkurow ne asase a wɔnam ntontobɔ kronkron so de maa Aaron ne nʼasefo a wofi Kohat abusua mu no.
ויתנו להם את חברון בארץ יהודה ואת מגרשיה סביבתיה | 55 |
Na Hebron ne mmoa adidibea nsase a atwa ho ahyia wɔ Yuda no ka ho.
ואת שדה העיר ואת חצריה--נתנו לכלב בן יפנה | 56 |
Nanso mfuw ne nkuraa a atwa ho ahyia no de, wɔde maa Yefune babarima Kaleb.
ולבני אהרן נתנו את ערי המקלט--את חברון ואת לבנה ואת מגרשיה ואת יתר ואת אשתמע ואת מגרשיה | 57 |
Enti saa nkurow yi a mmoa adidibea atwa biara ho ahyia na wɔde maa Aaron asefo: Hebron, a ɛyɛ guankɔbea kurow, Libna, Yatir, Estemoa,
ואת חילז ואת מגרשיה את דביר ואת מגרשיה | 58 |
Hilen, Debir,
ואת עשן ואת מגרשיה ואת בית שמש ואת מגרשיה | 59 |
Asan, Yuta ne Bet-Semes.
וממטה בנימן את גבע ואת מגרשיה ואת עלמת ואת מגרשיה ואת ענתות ואת מגרשיה כל עריהם שלש עשרה עיר במשפחותיהם | 60 |
Na wɔmaa wɔn Gibeon, Geba, Alemet ne Anatot fii Benyamin asase mu a mmoa adidibea ka emu biara ho. Enti nkurow dumiɛnsa na wɔde maa Aaron asefo.
ולבני קהת הנותרים ממשפחת המטה ממחצית מטה חצי מנשה בגורל--ערים עשר | 61 |
Na Kohat asefo a wɔkae no nso, wonyaa nkurow du a wɔnam ntontobɔ kronkron so fii Manase abusua fa no asase so.
ולבני גרשום למשפחותם ממטה יששכר וממטה אשר וממטה נפתלי וממטה מנשה בבשן--ערים שלש עשרה | 62 |
Gerson asefo nam ntontobɔ kronkron so nyaa nkurow dumiɛnsa fii Isakar, Aser ne Naftali nsase so. Wonyaa bi nso fii Basan pɔw mu a ɛyɛ Manase de, a ɛwɔ Yordan apuei fam no.
לבני מררי למשפחותם ממטה ראובן וממטה גד וממטה זבלון בגורל--ערים שתים עשרה | 63 |
Merari asefo nam ntontobɔ kronkron so, nyaa nkurow dumien fii Ruben, Gad ne Sebulon nsase so.
ויתנו בני ישראל ללוים את הערים ואת מגרשיהם | 64 |
Enti Israelfo de saa nkurow yi ne mmoa adidibea yi nyinaa maa Lewifo.
ויתנו בגורל ממטה בני יהודה וממטה בני שמעון וממטה בני בנימן--את הערים האלה אשר יקראו אתהם בשמות | 65 |
Wɔnam ntontobɔ kronkron so na wɔde nkurow a ɛwowɔ Yuda, Simeon ne Benyamin nsase so mae sɛnea wɔaka dedaw no.
וממשפחות בני קהת--ויהי ערי גבולם ממטה אפרים | 66 |
Saa nkurow yi ne ɛho mmoa adidibea na Kohat asefo nya fii Efraim asase so:
ויתנו להם את ערי המקלט את שכם ואת מגרשיה--בהר אפרים ואת גזר ואת מגרשיה | 67 |
Sekem (guankɔbea kurow) a ɛwɔ Efraim bepɔw asase no so, Geser,
ואת יקמעם ואת מגרשיה ואת בית חורון ואת מגרשיה | 68 |
Yokmeam, Bet-Horon,
ואת אילון ואת מגרשיה ואת גת רמון ואת מגרשיה | 69 |
Ayalon ne Gat-Rimon.
וממחצית מטה מנשה את ענר ואת מגרשיה ואת בלעם ואת מגרשיה--למשפחת לבני קהת הנותרים | 70 |
Kohat asefo nkae no, wɔde saa nkurow a efi Manase abusua fa no mu na ɛmaa wɔn: Aner ne Bileam a emu biara mmoa adidibea ka ho.
לבני גרשום--ממשפחת חצי מטה מנשה את גולן בבשן ואת מגרשיה ואת עשתרות ואת מגרשיה | 71 |
Gerson asefo nyaa kurow a wɔfrɛ no Golan a ɛwɔ Basan no fii Manase abusua fa asase so a Astarot ka ho, a ne nyinaa mmoa adidibea da ho.
וממטה יששכר את קדש ואת מגרשיה את דברת ואת מגרשיה | 72 |
Isakar asase so nso, wɔmaa wɔn Kedes, Daberat,
ואת ראמות ואת מגרשיה ואת ענם ואת מגרשיה | 73 |
Ramot ne Anem a wɔn mmoa adidibea ka ho.
וממטה אשר את משל ואת מגרשיה ואת עבדון ואת מגרשיה | 74 |
Aser asase so, wonyaa Masal, Abdon,
ואת חוקק ואת מגרשיה ואת רחב ואת מגרשיה | 75 |
Hukok ne Rehob a na emu biara mmoa adidibea ka ho.
וממטה נפתלי את קדש בגליל ואת מגרשיה ואת חמון ואת מגרשיה ואת קריתים ואת מגרשיה | 76 |
Naftali asase so, wɔde Kedes a ɛwɔ Galilea, Hamon ne Kiriataim maa wɔn, a na mmoa adidibea ka emu biara ho.
לבני מררי הנותרים--ממטה זבלון את רמונו ואת מגרשיה את תבור ואת מגרשיה | 77 |
Merari asefo nkae no nyaa Yokneam, Karta, Rimon ne Tabor nkurow, fi Sebulon asase so, a na mmoa adidibea ka biara ho.
ומעבר לירדן ירחו למזרח הירדן--ממטה ראובן את בצר במדבר ואת מגרשיה ואת יהצה ואת מגרשיה | 78 |
Ruben asase a ɛda Asubɔnten Yordan apuei fam a ɛne Yeriko di nhwɛanim no nso, wonyaa Beser a ɛyɛ nweatam kurow, Yahas,
ואת קדמות ואת מגרשיה ואת מיפעת ואת מגרשיה | 79 |
Kedemot ne Mefaat a mmoa adidibea ka emu biara ho.
וממטה גד--את ראמות בגלעד ואת מגרשיה ואת מחנים ואת מגרשיה | 80 |
Na Gad asase so nso, wonyaa Ramot a ɛwɔ Gilead, Mahanaim,
ואת חשבון ואת מגרשיה ואת יעזיר ואת מגרשיה | 81 |
Hesbon ne Yaser a mmoa adidibea ka biara ho.