< דברי הימים א 12 >

ואלה הבאים אל דויד לציקלג עוד עצור מפני שאול בן קיש והמה בגבורים עזרי המלחמה 1
Ɛberɛ a Dawid dwane firii Kis babarima Saulo anim kɔhintaa wɔ Siklag no, saa mmarima yi kɔdɔmm no. Na wɔka nnɔmmarima a wɔboa Dawid wɔ akodie mu.
נשקי קשת מימינים ומשמאלים באבנים ובחצים בקשת--מאחי שאול מבנימן 2
Na wɔn nyinaa yɛ agyantofoɔ toamfomfoɔ. Na wɔtumi de wɔn nsa benkum ne nifa nyinaa to agyan ne ahwimmoɔ. Na wɔn nyinaa yɛ Saulo abusuafoɔ a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu.
הראש אחיעזר ויואש בני השמעה הגבעתי ויזואל (ויזיאל) ופלט בני עזמות וברכה ויהוא הענתתי 3
Na deɛ ɔtua wɔn ano yɛ Semaa a ɔfiri Gibea no babarima Ahieser. Na ne nuabarima ne Yoas a ɔyɛ nʼabadiakyire. Yeinom ne nnɔmmarima no nkaeɛ: Asmawet mmammarima Yesiel ne Pelet; Beraka ne Yehu a wɔfiri Anatot;
וישמעיה הגבעוני גבור בשלשים ועל השלשים ה וירמיה ויחזיאל ויוחנן ויוזבד הגדרתי 4
Ismaia a ɔfiri Gibeon, ɔkofoɔ kɛseɛ ne ntuanoni wɔ Aduasa no mu; Yeremia, Yahasiel, Yohanan ne Yosabad a wɔfiri Gedera;
אלעוזי וירימות ובעליה ושמריהו ושפטיהו החריפי (החרופי) 5
Elusai, Yerimot, Bealia, Semaria, ne Sefatia a ɔfiri Harif;
אלקנה וישיהו ועזראל ויועזר וישבעם--הקרחים 6
Elkana, Yesia, Asarel, Yoeser, Yasobeam a wɔyɛ Korafoɔ;
ויועאלה וזבדיה בני ירחם מן הגדור 7
Yoela, Sebadia, Yeroham mmammarima a wɔfiri Gedor.
ומן הגדי נבדלו אל דויד למצד מדברה גברי החיל אנשי צבא למלחמה--ערכי צנה ורמח ופני אריה פניהם וכצבאים על ההרים למהר 8
Gadfoɔ akofoɔ akokoɔdurufoɔ bi a wɔakwadare akodie mu dwane kɔɔ Dawid afa ɛberɛ a na ɔwɔ abanbɔeɛ mu wɔ ɛserɛ no so. Na wɔyɛ anintini wɔ nkataboɔ ne pea akodie mu a wɔn ho yɛ hu sɛ gyata, na wɔn ho yɛ hare te sɛ mmepɔ so atwe.
עזר הראש עבדיה השני אליאב השלשי 9
Eser na na ɔtua wɔn ano. Obadia yɛ abadiakyire. Eliab na ɔtɔ so mmiɛnsa.
משמנה הרביעי ירמיה החמשי 10
Deɛ ɔtɔ so ɛnan ne Mismana. Deɛ ɔtɔ so enum ne Yeremia.
עתי הששי אליאל השבעי 11
Atai tɔ so nsia, Eliel tɔ so nson.
יוחנן השמיני אלזבד התשיעי 12
Yohanan tɔ so nwɔtwe, Elsabad tɔ so nkron.
ירמיהו העשירי מכבני עשתי עשר 13
Yeremia tɔ so edu, Makbanai tɔ so dubaako.
אלה מבני גד ראשי הצבא אחד למאה הקטן והגדול לאלף 14
Saa nnɔmmarima a wɔfiri Gad yi yɛ asahene. Deɛ ɔnyɛ den koraa no, ɔtumi ne asraafoɔ ɔha ko, ɛnna deɛ ɔyɛ den no tumi ne asraafoɔ apem ko.
אלה הם אשר עברו את הירדן בחדש הראשון והוא ממלא על כל גדיתיו (גדותיו) ויבריחו את כל העמקים למזרח ולמערב 15
Afe no ahyɛaseɛ a Asubɔnten Yordan ayiri no, wɔtwa kɔpamoo nnipa a wɔtete tata so wɔ nʼapueeɛ ne nʼatɔeɛ nkonkɔn so nyinaa firii hɔ.
ויבאו מן בני בנימן ויהודה עד למצד לדויד 16
Afoforɔ a wɔfiri Benyamin ne Yuda no baa Dawid nkyɛn wɔ abanbɔeɛ hɔ.
ויצא דויד לפניהם ויען ויאמר להם אם לשלום באתם אלי לעזרני יהיה לי עליכם לבב ליחד ואם לרמותני לצרי בלא חמס בכפי ירא אלהי אבותינו ויוכח 17
Dawid kɔhyiaa wɔn kaa sɛ, “Sɛ moaba asomdwoeɛ so sɛ morebɛboa me a, yɛyɛ nnamfo. Na sɛ moaba sɛ morebɛyi me ama mʼatamfoɔ wɔ ɛberɛ a menyɛɛ bɔne bi a, yɛn agyanom Onyankopɔn nhwɛ mmu mo atɛn.”
ורוח לבשה את עמשי ראש השלושים (השלישים) לך דויד ועמך בן ישי שלום שלום לך ושלום לעזרך כי עזרך אלהיך ויקבלם דויד ויתנם בראשי הגדוד 18
Na honhom no sii Amasai a akyire no ɔbɛyɛɛ Aduasa no so panin no so, na ɔkaa sɛ, “Yɛyɛ wo dea, Dawid! Yɛwɔ wʼafa, Yisai ba; Asomdwoeɛ ne nkɔsoɔ nyɛ wo kyɛfa na wʼaboafoɔ nyinaa nnya nkɔsoɔ, ɛfiri sɛ, wo Onyankopɔn ne deɛ ɔboa wo.” Enti, Dawid maa wɔbɛkaa ne ho, na ɔyɛɛ wɔn mpanimfoɔ wɔ nʼakodɔm mu.
וממנשה נפלו על דויד בבאו עם פלשתים על שאול למלחמה--ולא עזרם כי בעצה שלחהו סרני פלשתים לאמר בראשינו יפול אל אדניו שאול 19
Manase mmarima no bi tee wɔn ho kɔdɔmm Dawid wɔ ɛberɛ a na ɔne Filistifoɔ no rekɔko atia Saulo no. Nanso, asɛm no ani daneeɛ a Filistifoɔ ntuanofoɔ ampene so sɛ Dawid ne ne mmarima no bɛka wɔn ho akɔ. Wɔdwendwenee ho ara no, wɔmaa wɔsanee wɔn akyi kaa sɛ, “Sɛ Dawid dane nʼani kɔ Saulo afa de tia yɛn a, yɛn nkwa na yɛde bɛtwa so.”
בלכתו אל ציקלג נפלו עליו ממנשה עדנח ויוזבד וידיעאל ומיכאל ויוזבד ואליהוא וצלתי ראשי האלפים אשר למנשה 20
Manase mmarima a wɔwae kɔɔ Dawid afa wɔ ɛberɛ a na ɔresane akɔ Siklag no ne Adna, Yosabad, Yediael, Mikael, Yosabad, Elihu ne Siletai. Na wɔn mu biara da akodɔm apem ano.
והמה עזרו עם דויד על הגדוד כי גבורי חיל כלם ויהיו שרים בצבא 21
Wɔboaa Dawid maa ɔtaa afomfafoɔ no, ɛfiri sɛ, na wɔyɛ akokoɔdurufoɔ ne akofoɔ akɛseɛ a wɔbɛyɛɛ asahene wɔ nʼakodɔm mu.
כי לעת יום ביום יבאו על דויד לעזרו--עד למחנה גדול כמחנה אלהים 22
Adekyeeɛ biara, mmarima bebree kɔdɔm Dawid kɔsii sɛ ɔnyaa asraadɔm a ɛso te sɛ Onyankopɔn deɛ.
ואלה מספרי ראשי החלוץ לצבא באו על דויד חברונה להסב מלכות שאול אליו--כפי יהוה 23
Yeinom ne akofoɔ akɛseɛ dodoɔ a wɔdɔm Dawid wɔ Hebron no. Na wɔn nyinaa pɛ sɛ Dawid si Saulo anan mu di ɔhene, sɛdeɛ Awurade ahyɛ ato hɔ no.
בני יהודה נשאי צנה ורמח--ששת אלפים ושמונה מאות חלוצי צבא 24
Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Yuda abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem nsia ne aha nwɔtwe a wɔkurakura nkataboɔ ne mpea.
מן בני שמעון גבורי חיל לצבא--שבעת אלפים ומאה 25
Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Simeon abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem nson ne ɔha.
מן בני הלוי--ארבעת אלפים ושש מאות 26
Akodɔm a na wɔfiri Lewi abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem ɛnan ne ahansia.
ויהוידע הנגיד לאהרן ועמו שלשת אלפים ושבע מאות 27
Na Yehoiada a ɔtua Aaron abusua no ano no wɔ akodɔm mpem mmiɛnsa ne ahanson a wɔhyɛ nʼase.
וצדוק נער גבור חיל ובית אביו שרים עשרים ושנים 28
Saa ara nso na na Sadok, ɔbabunu ɔkofoɔ kɛseɛ ne nʼabusuafoɔ aduonu mmienu a wɔn nyinaa yɛ asraafoɔ mpanimfoɔ ka ho.
ומן בני בנימן אחי שאול שלשת אלפים ועד הנה מרביתם שמרים משמרת בית שאול 29
Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu a wɔyɛ Saulo abusuafoɔ no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem mmiɛnsa. Na Benyaminfoɔ no mu fa kɛseɛ no taa Saulo akyi ara.
ומן בני אפרים עשרים אלף ושמונה מאות--גבורי חיל אנשי שמות לבית אבותם 30
Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Efraim abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduonu ne aha nwɔtwe a wɔn mu biara agye edin wɔ nʼabusua mu.
ומחצי מטה מנשה שמונה עשר אלף אשר נקבו בשמות לבוא להמליך את דויד 31
Manase abusuakuo fa a na ɛwɔ Yordan atɔeɛ fam no nso, wɔtuu mmarima mpem dunwɔtwe a wɔn botaeɛ ara ne sɛ wɔbɛboaa Dawid ma wadi ɔhene.
ומבני יששכר יודעי בינה לעתים לדעת מה יעשה ישראל--ראשיהם מאתים וכל אחיהם על פיהם 32
Ntuanofoɔ a wɔfiri Isakar abusuakuo mu ne wɔn abusuafoɔ dodoɔ yɛ ahanu. Na saa mmarima yi nyinaa te nsɛm a ɛrekɔ so saa ɛberɛ no ase, na wɔnim ɛkwan pa a ɛyɛ ma Israel nso.
מזבלון יוצאי צבא ערכי מלחמה בכל כלי מלחמה--חמשים אלף ולעדר בלא לב ולב 33
Akofoɔ a wɔakwadare akodie mu a wɔfiri Sebulon abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduonum. Na wɔakɔ amia mu ayɛ krado ama akodie, na na wɔtaa Dawid akyi pintinn.
ומנפתלי שרים אלף ועמהם בצנה וחנית שלשים ושבעה אלף 34
Wɔn a wɔfiri Naftali abusuakuo mu no yɛ asraafoɔ mpanimfoɔ apem ne akofoɔ akɛseɛ mpem aduasa nson a wɔkurakura nkataboɔ ne mpea.
ומן הדני ערכי מלחמה עשרים ושמונה אלף ושש מאות 35
Akofoɔ a wɔfiri Dan abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduonu nwɔtwe ne ahansia a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko.
ומאשר יוצאי צבא לערך מלחמה--ארבעים אלף 36
Akofoɔ akɛseɛ a wɔatete wɔn yie a wɔfiri Aser abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduanan a wɔn nyinaa ayɛ krado ama ɔko.
ומעבר לירדן מן הראובני והגדי וחצי שבט מנשה בכל כלי צבא מלחמה--מאה ועשרים אלף 37
Ruben, Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa a na wɔtete Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no maa asraadɔm mpem ɔha ne aduonu a wɔwɔ akodeɛ ahodoɔ nyinaa.
כל אלה אנשי מלחמה עדרי מערכה בלבב שלם באו חברונה להמליך את דויד על כל ישראל וגם כל שרית ישראל לב אחד--להמליך את דויד 38
Saa asraafoɔ yi nyinaa kɔɔ amia mu na wɔkɔɔ Hebron a wɔn botaeɛ ara ne sɛ wɔde Dawid bɛyɛ Israelhene. Nokorɛm, Israel nyinaa adwene kɔɔ bɛnkorɔ mu sɛ, ɛsɛ sɛ Dawid na ɔyɛ wɔn ɔhene.
ויהיו שם עם דויד ימים שלושה אכלים ושותים כי הכינו להם אחיהם 39
Wɔne Dawid didiiɛ, nomeeɛ nnansa, ɛfiri sɛ, na wɔn abusuafoɔ no ayɛ ahoboa rehwɛ wɔn ɛkwan.
וגם הקרובים אליהם עד יששכר וזבלון ונפתלי מביאים לחם בחמורים ובגמלים ובפרדים ובבקר מאכל קמח דבלים וצמוקים ויין ושמן ובקר וצאן--לרב כי שמחה בישראל 40
Nnipa bi a wɔfiri akyiri te sɛ Isakar, Sebulon, ne Naftali de nnuane tenaa wɔn mfunumu, nyoma ne anantwie so baeɛ. Wɔde asikyiresiam, ɔfam, ɛhyɛ, nsã, ngo, anantwie ne nnwan bebree baa afahyɛ no ase. Anigyeɛ a ɛnni kabea baa Israel asase so.

< דברי הימים א 12 >