< 2 Korintiyawa 4 >
1 Saboda haka, da yake ta wurin jinƙan Allah ne muke da wannan hidima, ba za mu fid da zuciya ba.
Onyankopɔn nam nʼadom so de saa asɛm yi abrɛ yɛn na ɛno nti ɛmma yɛn koma ntutu.
2 Ba ruwanmu da ɓoye-ɓoye na munafuncin da suke abubuwan kunya. Ba ruwanmu da ruɗu, ko yin ƙarya da kalmar Allah. Sai dai muna faɗin gaskiya a fili. Ta haka ne kowa zai yi shaidar gaskiyarmu a gaban Allah cikin zuciyarsa.
Yɛagyae kokoamsɛm ne aniwu nneyɛe nyinaa. Yɛnnaadaa na yentwa Onyankopɔn asɛm no ho nkontompo. Yɛnnaadaa obi mma onnye nea Kyerɛwsɛm no nkae no nni. Yegyaee saa aniwude no nyinaa. Yegyina Onyankopɔn anim kasa nti yɛka nokware ma wɔn a wonim yɛn no nyinaa gye di.
3 Ko da bishararmu a rufe take, tana a rufe ne ga waɗanda suke hallaka.
Sɛ Asɛmpa a yɛka no yɛ ahintasɛm a, ɛyɛ ahintasɛm ma wɔn a wɔreyera.
4 Allahn zamanin nan ya makanta hankulan marasa ba da gaskiya, yadda har ba za su iya ganin hasken bishara ta ɗaukakar Kiristi ba, wanda yake kamannin Allah. (aiōn )
Wonnye nni, efisɛ ɔbonsam asɛe wɔn adwene. Ɔtwe wɔn fi hann a ɛhyerɛn wɔ wɔn so no ho; hann a efi Asɛmpa no mu a ɛfa Kristo a ɔte sɛ Onyankopɔn anuonyam no ho no. (aiōn )
5 Gama ba wa’azin kanmu muke yi ba, sai dai na Yesu Kiristi, a kan shi ne Ubangiji, mu kuma bayinku saboda Yesu.
Ɛnyɛ yɛn ankasa ho na yɛka asɛm no fa. Yɛka Yesu Kristo ho asɛm sɛ ɔno ne Awurade no na yɛn nso Yesu nti, yɛyɛ mo asomfo.
6 Domin shi Allah wanda ya ce, “Bari haske yă haskaka daga duhu,” ya sa haskensa ya haskaka a cikin zukatanmu, don yă ba mu hasken sanin ɗaukakar Allah a fuskar Kiristi.
Onyankopɔn a ɔkae se, “Hann mfi sum mu nhyerɛn” no, ɔno na wahyerɛn wɔ yɛn koma mu ama yɛanya Onyankopɔn anuonyam ho nimdeɛ wɔ Yesu Kristo mu.
7 Amma muna da wannan dukiya a cikin tulunan yumɓu, don a nuna wannan mafificin ikon nan daga Allah ne, ba daga gare mu ba.
Yɛte sɛ nkuku a wɔde agyapade asie mu. Tumi ankasa no fi Onyankopɔn na emfi yɛn.
8 A matse muke a kowane gefe, sai dai ba a gurgunta mu ba. An rikitar da mu, amma ba mu fid da zuciya ba.
Yɛtaa hu amane, nanso wɔnsɛee yɛn. Mpo sɛ yenhu nea yɛnyɛ a yɛmpa abaw.
9 An tsananta mana, amma ba a yashe mu ba, an fyaɗe mu da ƙasa, amma ba a hallaka mu ba.
Amane mu, Onyankopɔn ka yɛn ho, na sɛ wɔbɔ yɛn hwe fam a yɛsɔre bio.
10 Kullum muna ɗauke da mutuwar Yesu a jikinmu, domin ran Yesu yă bayyana a jikinmu.
Mmere nyinaa yɛn nipadua no soa Yesu wu a owui no, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn mu.
11 Muddin muna a raye, kullum zaman mutuwa muke yi saboda Yesu, don a bayyana ran Yesu ta wurin jikin nan namu mai mutuwa.
Yɛn asetena mu nyinaa, Yesu nti, yɛte hɔ ma owu, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn nipadua a ewu no mu.
12 Ta haka, mutuwa tana aiki a cikinmu, ku kuwa rai a cikinku.
Eyi kyerɛ sɛ owu di ne dwuma wɔ yɛn mu na nkwa nso di ne dwuma wɔ mo mu.
13 A rubuce yake cewa, “Na gaskata; saboda haka na yi magana.” Da wannan ruhun bangaskiya ne mu ma muka gaskata, saboda haka muke magana.
Kyerɛwsɛm no ka se, “Mekasae, efisɛ na migye di.” Saa honhom mu gyidi no ara so na ɛma yɛn nso yɛkasa, efisɛ yegye di.
14 Domin mun san cewa shi da ya tā da Ubangiji Yesu daga matattu, zai tashe mu mu ma tare da Kiristi, yă kuma miƙa mu a gabansa tare da ku.
Yenim sɛ Onyankopɔn a ɔmaa Awurade Yesu sɔre fii awufo mu no bɛma yɛne Yesu asɔre na ɔde yɛn abɛka mo ho wɔ nʼanim.
15 Duk wannan fa don amfaninku ne, domin alherin nan da yake bazuwa zuwa ga mutane masu yawa, yă zama dalilin godiya mai yawa ga ɗaukakar Allah.
Mo nti na eyinom bɛba mu; na sɛnea Onyankopɔn adom no redu nnipa bebree nkyɛn no, saa ara nso na wɔbɛbɔ mpae ada Onyankopɔn ase de ahyɛ no anuonyam.
16 Saboda haka, ba mu fid da zuciya ba. Ko da yake a waje, jikinmu mai mutuwa yana lalacewa, amma can ciki, ana sabunta mu kowace rana.
Esiane eyi nti, yɛn koma ntutu. Ɛwɔ mu sɛ yɛn nipadua no reporɔw nkakrankakra de, nanso yɛn honhom no de, ɛsesa yɛ foforo da biara.
17 Don wannan’yar wahalar tamu mai saurin wucewa, ita take tanadar mana madawwamiyar ɗaukaka mai yawa, fiye da kwatanci. (aiōnios )
Na saa ɔhaw kakra a yɛfa mu no de anuonyam a enni awiei a ɛboro saa ɔhaw no so no bɛbrɛ yɛn. (aiōnios )
18 Domin ba abubuwan da ido yake gani ne muke dubawa ba, sai dai marasa ganuwa. Gama abubuwan da ake gani masu saurin wucewa ne, marasa ganuwa kuwa, madawwama ne. (aiōnios )
Yɛmfa yɛn adwene nkɔ nneɛma a yehu so, na mmom, nneɛma a yenhu so na yɛde yɛn adwene kɔ. Nea wotumi hu no ntena hɔ nkyɛ, nanso nea wontumi nhu no tena hɔ daa. (aiōnios )