< Πετρου Α΄ 1 >
1 Πέτρος ἀπόστολος Ἰησοῦ χριστοῦ ἐκλεκτοῖς παρεπιδήμοις διασπορᾶς Πόντου, Γαλατίας, Καπποδοκίας, Ἀσίας, καὶ Βιθυνίας,
Krataa yi firi Yesu Kristo ɔsomafoɔ Petro nkyɛn, Meretwerɛ krataa yi akɔma Onyankopɔn nnipa a wɔahwete sɛ ahɔhoɔ kɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia amantam mu no.
2 κατὰ πρόγνωσιν θεοῦ πατρός, ἐν ἁγιασμῷ πνεύματος, εἰς ὑπακοὴν καὶ ῥαντισμὸν αἵματος Ἰησοῦ χριστοῦ· χάρις ὑμῖν καὶ εἰρήνη πληθυνθείη.
Onyankopɔn, yɛn Agya, na ɛfiri teteete no ɔfrɛɛ mo. Na ɔnam ne Honhom so ayɛ mo kronkron. Ɛno enti, moayɛ ɔsetie ama Yesu Kristo, na ɔde ne mogya ate mo ho: Adom ne asomdwoeɛ a ɛdɔɔso nka mo.
3 Εὐλογητὸς ὁ θεὸς καὶ πατὴρ τοῦ κυρίου ἡμῶν Ἰησοῦ χριστοῦ, ὁ κατὰ τὸ πολὺ αὐτοῦ ἔλεος ἀναγεννήσας ἡμᾶς εἰς ἐλπίδα ζῶσαν δι᾽ ἀναστάσεως Ἰησοῦ χριστοῦ ἐκ νεκρῶν,
Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase. Esiane nʼahummɔborɔ dodoɔ enti, ɔnam nyane a ɔnyanee Yesu Kristo firii owuo mu no so ama yɛn nkwa foforɔ. Yei ma yɛnya anidasoɔ a atim,
4 εἰς κληρονομίαν ἄφθαρτον καὶ ἀμίαντον καὶ ἀμάραντον, τετηρημένην ἐν οὐρανοῖς εἰς ὑμᾶς,
enti yɛrehwɛ anim sɛ yɛbɛnya nhyira dodoɔ a Onyankopɔn akora a ɔde bɛma ne mma no bi. Ɔde asie wɔ ɔsoro ama mo ɛfiri sɛ, ɛhɔ deɛ, ɛremporɔ anaa ɛrensɛe, na ɛrempa nso.
5 τοὺς ἐν δυνάμει θεοῦ φρουρουμένους διὰ πίστεως εἰς σωτηρίαν ἑτοίμην ἀποκαλυφθῆναι ἐν καιρῷ ἐσχάτῳ·
Na Onyankopɔn gyina ne tumi kɛseɛ no so bɛhwɛ sɛ mobɛduru hɔ asomdwoeɛ mu, na mo nsa aka, ɛfiri sɛ, mogye no di. Ɛbɛyɛ mo dea nna a ɛdi akyire no mu ama obiara ahunu.
6 ἐν ᾧ ἀγαλλιᾶσθε, ὀλίγον ἄρτι, εἰ δέον, λυπηθέντες ἐν ποικίλοις πειρασμοῖς,
Ɛwom sɛ, ebia, ɛsiane ɔhaw bebree a mobɛfa mu no enti, mo werɛ bɛho deɛ, nanso momma mo ani nnye saa asɛm yi ho.
7 ἵνα τὸ δοκίμιον ὑμῶν τῆς πίστεως πολυτιμότερον χρυσίου τοῦ ἀπολλυμένου διὰ πυρὸς δὲ δοκιμαζομένου, εὑρεθῇ εἰς ἔπαινον καὶ δόξαν καὶ τιμὴν ἐν ἀποκαλύψει Ἰησοῦ χριστοῦ·
Ɔhaw ba sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhunu sɛ mo gyidie no yɛ kann. Sikakɔkɔɔ a wɔtumi sɛe no no mpo, wɔde ogya sɔ hwɛ. Enti, mo gyidie a ɛsom bo kyɛn sikakɔkɔɔ no, ɛsɛ sɛ wɔsɔ hwɛ hunu sɛ, ɛbɛtumi atim anaa. Ɛno ansa na da a Yesu Kristo bɛba no, mobɛnya animuonyam.
8 ὃν οὐκ ἰδόντες ἀγαπᾶτε, εἰς ὃν ἄρτι μὴ ὁρῶντες πιστεύοντες δὲ ἀγαλλιᾶσθε χαρᾷ ἀνεκλαλήτῳ καὶ δεδοξασμένῃ,
Ɛwom sɛ monhunuu Yesu deɛ, nanso modɔ no. Monhunu no seesei deɛ, nanso mogye no di. Anigyeɛ a moanya no boro so
9 κομιζόμενοι τὸ τέλος τῆς πίστεως ὑμῶν, σωτηρίαν ψυχῶν·
ɛfiri sɛ, mo nsa reka gyidie ho mfasoɔ a ɛyɛ mo kra nkwagyeɛ no.
10 περὶ ἧς σωτηρίας ἐξεζήτησαν καὶ ἐξηραύνησαν προφῆται οἱ περὶ τῆς εἰς ὑμᾶς χάριτος προφητεύσαντες.
Saa nkwagyeɛ yi na tete adiyifoɔ no de boasetɔ hwehwɛɛ mu, ɛberɛ a wɔhyɛɛ saa akyɛdeɛ yi a Onyankopɔn de bɛma mo no ho nkɔm.
11 ἐραυνῶντες εἰς τίνα ἢ ποῖον καιρὸν ἐδήλου τὸ ἐν αὐτοῖς πνεῦμα χριστοῦ, προμαρτυρόμενον τὰ εἰς χριστὸν παθήματα καὶ τὰς μετὰ ταῦτα δόξας·
Wɔpɛɛ sɛ wɔhunu ɛberɛ no ne ɛkwan a ɛnam so bɛba. Saa ɛberɛ yi ne ɛberɛ a Kristo Honhom a ɔte wɔn mu no kyerɛɛ wɔn wɔ nkɔmhyɛ mu sɛ Kristo bɛhunu amane, na akyire no wanya animuonyam.
12 οἷς ἀπεκαλύφθη ὅτι οὐχ ἑαυτοῖς ὑμῖν δὲ διηκόνουν αὐτά, ἃ νῦν ἀνηγγέλη ὑμῖν διὰ τῶν εὐαγγελισαμένων ὑμᾶς πνεύματι ἁγίῳ ἀποσταλέντι ἀπ᾽ οὐρανοῦ, εἰς ἃ ἐπιθυμοῦσιν ἄγγελοι παρακύψαι.
Onyankopɔn daa no adi kyerɛɛ saa adiyifoɔ no sɛ, wɔanyɛ wɔn adwuma no amma wɔn ho, na mmom, wɔyɛ de som mo. Wɔnam Honhom Kronkron a wɔsomaa no firii ɔsoro no tumi so kaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo. Yei yɛ adeɛ a ɛyɛ nwanwa yie, na abɔfoɔ mpo de anigyeɛ sononko rehwɛ anwanwadwuma a ɛrekɔ so yi.
13 Διὸ ἀναζωσάμενοι τὰς ὀσφύας τῆς διανοίας ὑμῶν, νήφοντες, τελείως ἐλπίσατε ἐπὶ τὴν φερομένην ὑμῖν χάριν ἐν ἀποκαλύψει Ἰησοῦ χριστοῦ.
Enti, monsi mo adwene pi na monni mo ho so. Monnyina yie ma momma mo ani nna nhyira a wɔde bɛma mo wɔ Yesu Kristo ba a ɔbɛba no mu no so.
14 ὡς τέκνα ὑπακοῆς, μὴ συνσχηματιζόμενοι ταῖς πρότερον ἐν τῇ ἀγνοίᾳ ὑμῶν ἐπιθυμίαις,
Montie Onyankopɔn, na mommma akɔnnɔ abrabɔ a ɛdii mo so ɛberɛ a na monnim no nni mo so.
15 ἀλλὰ κατὰ τὸν καλέσαντα ὑμᾶς ἅγιον καὶ αὐτοὶ ἅγιοι ἐν πάσῃ ἀναστροφῇ γενήθητε,
Na mmom, monyɛ kronkron wɔ biribiara a moyɛ mu sɛdeɛ Onyankopɔn a ɔfrɛɛ mo no yɛ kronkron no.
16 διότι γέγραπται, Ἅγιοι ἔσεσθε, ὅτι ἐγὼ ἅγιος.
Atwerɛsɛm no aka sɛ, “Ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, ɛfiri sɛ, meyɛ kronkron.”
17 καὶ εἰ πατέρα ἐπικαλεῖσθε τὸν ἀπροσωπολήμπτως κρίνοντα κατὰ τὸ ἑκάστου ἔργον, ἐν φόβῳ τὸν τῆς παροικίας ὑμῶν χρόνον ἀναστράφητε·
Monkae sɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro a mobɔ no mpaeɛ no renhwɛ nnipa anim wɔ nʼatemmuo mu. Ɛno enti mo nna a aka mo wɔ asase yi so no, momfa anidie nyinaa mma no.
18 εἰδότες ὅτι οὐ φθαρτοῖς, ἀργυρίῳ ἢ χρυσίῳ, ἐλυτρώθητε ἐκ τῆς ματαίας ὑμῶν ἀναστροφῆς πατροπαραδότου,
Ɛfiri sɛ, monim bo a wɔtua de gyee mo firii abrabɔ bɔne a mo nananom kyerɛɛ mo no mu. Ɛnyɛ adeɛ a ɛhwere ne boɔ a ɛsom te sɛ dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ no.
19 ἀλλὰ τιμίῳ αἵματι ὡς ἀμνοῦ ἀμώμου καὶ ἀσπίλου χριστοῦ,
Na mmom Kristo a ɔyɛ odwammaa a ɔnni dɛm no de ne ho bɔɔ afɔdeɛ a ne boɔ yɛ den ma monyaa ahofadie.
20 προεγνωσμένου μὲν πρὸ καταβολῆς κόσμου, φανερωθέντος δὲ ἐπ᾽ ἐσχάτου τῶν χρόνων δι᾽ ὑμᾶς
Ansa na wɔrebɔ ewiase no, na Onyankopɔn ayi no, na mo enti na nna a ɛdi akyire no, wɔdaa no adi.
21 τοὺς δι᾽ αὐτοῦ πιστοὺς εἰς θεόν, τὸν ἐγείραντα αὐτὸν ἐκ νεκρῶν καὶ δόξαν αὐτῷ δόντα, ὥστε τὴν πίστιν ὑμῶν καὶ ἐλπίδα εἶναι εἰς θεόν.
Ɛnam ne so na mogyee Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu na ɔmaa no animuonyam no diiɛ. Ɛnam ne so ama mo gyidie ne mo anidasoɔ atim wɔ Onyankopɔn mu.
22 Τὰς ψυχὰς ὑμῶν ἡγνικότες ἐν τῇ ὑπακοῇ τῆς ἀληθείας εἰς φιλαδελφίαν ἀνυπόκριτον, ἐκ καρδίας ἀλλήλους ἀγαπήσατε ἐκτενῶς·
Seesei a moayɛ ɔsetie ama nokorɛ no, mo ho ate. Ɛno enti, monnodɔ mo nuanom agyidifoɔ nokorɛ mu. Momfiri mo akoma nyinaa mu nnodɔ mo ho mo ho.
23 ἀναγεγεννημένοι οὐκ ἐκ σπορᾶς φθαρτῆς, ἀλλὰ ἀφθάρτου, διὰ λόγου ζῶντος θεοῦ καὶ μένοντος· (aiōn )
Ɛfiri sɛ, wɔawo mo foforɔ; wɔanwo mo ɛmfiri aba a ɛporɔ mu, na mmom, ɛfiri Onyankopɔn asɛm a ɛmporɔ mu. (aiōn )
24 διότι πᾶσα σὰρξ ὡς χόρτος, καὶ πᾶσα δόξα αὐτῆς ὡς ἄνθος χόρτου· ἐξηράνθη ὁ χόρτος, καὶ τὸ ἄνθος ἐξέπεσεν·
Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no aka no, “Nnipa nyinaa te sɛ ɛserɛ; na wɔn animuonyam te sɛ nhwiren. Ɛserɛ no wu ma ne nhwiren no po,
25 τὸ δὲ ῥῆμα κυρίου μένει εἰς τὸν αἰῶνα. τοῦτο δέ ἐστιν τὸ ῥῆμα τὸ εὐαγγελισθὲν εἰς ὑμᾶς. (aiōn )
nanso Awurade asɛm no wɔ hɔ daa nyinaa.” Yei ne asɛm a Asɛmpa no de brɛɛ mo. (aiōn )