< Προς Κολοσσαεις 2 >
1 Θέλω γὰρ ὑμᾶς εἰδέναι ἡλίκον ἀγῶνα ἔχω ὑπὲρ ὑμῶν καὶ τῶν ἐν Λαοδικίᾳ καὶ ὅσοι οὐχ ἑόρακαν τὸ πρόσωπόν μου ἐν σαρκί,
Mepɛ sɛ mema mo ne nnipa a wɔwɔ Laodikea no ne wɔn a wɔnhunuu me da no hunu aperepereɛ denden a meredi wɔ wɔn ho.
2 ἵνα παρακληθῶσιν αἱ καρδίαι αὐτῶν, συμβιβασθέντες ἐν ἀγάπῃ καὶ εἰς πᾶν πλοῦτος τῆς πληροφορίας τῆς συνέσεως, εἰς ἐπίγνωσιν τοῦ μυστηρίου τοῦ θεοῦ, Χριστοῦ,
Me botaeɛ ne sɛ, wɔbɛnya nkuranhyɛ wɔ wɔn akoma mu na wɔatena ase ɔdɔ mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛnya nteaseɛ a ɛwie pɛyɛ. Na wɔbɛhunu Onyankopɔn ahintasɛm a ɛne Kristo no.
3 ἐν ᾧ εἰσιν πάντες οἱ θησαυροὶ τῆς σοφίας καὶ γνώσεως ἀπόκρυφοι.
Ɔno so na wɔnam hunu Onyankopɔn nyansa ne nʼadwene.
4 τοῦτο λέγω ἵνα μηδεὶς ὑμᾶς παραλογίζηται ἐν πιθανολογίᾳ.
Meka kyerɛ mo sɛ, mommma obiara mfa akyinnyehunu nnaadaa mo.
5 εἰ γὰρ καὶ τῇ σαρκὶ ἄπειμι, ἀλλὰ τῷ πνεύματι σὺν ὑμῖν εἰμι, χαίρων καὶ βλέπων ὑμῶν τὴν τάξιν καὶ τὸ στερέωμα τῆς εἰς Χριστὸν πίστεως ὑμῶν.
Ɛwom sɛ menni mo nkyɛn wɔ ɔhonam fam deɛ, nanso mewɔ mo nkyɛn wɔ honhom fam. Ɛyɛ me anigye nso sɛ monam Kristo mu gyidie so aka mo ho abom gyina hɔ pintinn.
6 Ὡς οὖν παρελάβετε τὸν Χριστὸν Ἰησοῦν τὸν κύριον, ἐν αὐτῷ περιπατεῖτε,
Esiane sɛ moagye Kristo sɛ mo wura enti, mo ne no mmom ntena.
7 ἐρριζωμένοι καὶ ἐποικοδομούμενοι ἐν αὐτῷ καὶ βεβαιούμενοι τῇ πίστει καθὼς ἐδιδάχθητε, περισσεύοντες ἐν εὐχαριστίᾳ.
Monnye nhini wɔ ne mu; momfa mo nkwa nto ne so na mo gyidie mu nyɛ den daa sɛdeɛ wɔkyerɛɛ mo no, na monna no ase.
8 βλέπετε μή τις ὑμᾶς ἔσται ὁ συλαγωγῶν διὰ τῆς φιλοσοφίας καὶ κενῆς ἀπάτης κατὰ τὴν παράδοσιν τῶν ἀνθρώπων, κατὰ τὰ στοιχεῖα τοῦ κόσμου καὶ οὐ κατὰ Χριστόν,
Monhwɛ yie na obi amfa ne nnaadaa a ɛfiri nnipa nkyerɛkyerɛ ne ewiase ahonhom mu a ɛmfiri Kristo no amfa mo nnommum.
9 ὅτι ἐν αὐτῷ κατοικεῖ πᾶν τὸ πλήρωμα τῆς θεότητος σωματικῶς,
Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn tebea nyinaa ara te Kristo onipadua mu,
10 καὶ ἐστὲ ἐν αὐτῷ πεπληρωμένοι, ὅς ἐστιν ἡ κεφαλὴ πάσης ἀρχῆς καὶ ἐξουσίας,
na mo nso Kristo ahyɛ mo ma, na tumidie ne mpaninnie biara hyɛ Kristo ase.
11 ἐν ᾧ καὶ περιετμήθητε περιτομῇ ἀχειροποιήτῳ ἐν τῇ ἀπεκδύσει τοῦ σώματος τῆς σαρκός, ἐν τῇ περιτομῇ τοῦ Χριστοῦ,
Mo ne no ka bɔɔ mu no, wɔtwaa mo twetia a ɛnyɛ onipa na ɔtwaa mo, na mmom, ɛyɛ Kristo no ankasa na ɔtwaa mo twetia de tee mo firii onipadua a ɛho nteɛ no tumi ase.
12 συνταφέντες αὐτῷ ἐν τῷ βαπτίσματι, ἐν ᾧ καὶ συνηγέρθητε διὰ τῆς πίστεως τῆς ἐνεργείας τοῦ θεοῦ τοῦ ἐγείραντος αὐτὸν ἐκ νεκρῶν·
Wɔbɔɔ mo asu no nso, wosiee mo ne Kristo. Afei wonyanee mo baa nkwa mu, ɛfiri sɛ na mowɔ gyidie wɔ Onyankopɔn tumi mu a ɛnyanee Kristo firii awufoɔ mu no.
13 καὶ ὑμᾶς νεκροὺς ὄντας τοῖς παραπτώμασιν καὶ τῇ ἀκροβυστίᾳ τῆς σαρκὸς ὑμῶν, συνεζωοποίησεν ὑμᾶς σὺν αὐτῷ, χαρισάμενος ἡμῖν πάντα τὰ παραπτώματα,
Esiane mo bɔne enti, ɛberɛ bi a atwam no, na moyɛ honhom mu awufoɔ ne amanamanmufoɔ a monni Mmara. Nanso, afei Onyankopɔn anyane yɛn ne Kristo. Onyankopɔn de yɛn nyinaa bɔne akyɛ yɛn.
14 ἐξαλείψας τὸ καθ’ ἡμῶν χειρόγραφον τοῖς δόγμασιν ὃ ἦν ὑπεναντίον ἡμῖν, καὶ αὐτὸ ἦρκεν ἐκ τοῦ μέσου προσηλώσας αὐτὸ τῷ σταυρῷ·
Onyankopɔn pepaa yɛn mmarato; na ɔde ne nyinaa kɔɔ asɛnnua so kɔbɔɔ no asɛnnua mu.
15 ἀπεκδυσάμενος τὰς ἀρχὰς καὶ τὰς ἐξουσίας ἐδειγμάτισεν ἐν παρρησίᾳ, θριαμβεύσας αὐτοὺς ἐν αὐτῷ.
Ɛhɔ na Kristo dii mpaninnie ne tumidie nyinaa so. Ɔmaa ewiase nyinaa hunuu sɛdeɛ ɔfaa wɔn sɛ nneduafoɔ ɛberɛ a ɔhyɛɛ ne nkonimdie ho fa no.
16 Μὴ οὖν τις ὑμᾶς κρινέτω ἐν βρώσει ἢ ἐν πόσει ἢ ἐν μέρει ἑορτῆς ἢ νουμηνίας ἢ σαββάτων,
Enti, mommma obiara nnhyehyɛ mmara a ɛfa deɛ modi anaa monom, deɛ ɛfa nna kronkron anaa deɛ ɛfa asrane foforɔ afahyɛ anaa deɛ ɛfa home nna ho mmma mo.
17 ἅ ἐστιν σκιὰ τῶν μελλόντων, τὸ δὲ σῶμα τοῦ Χριστοῦ.
Saa nneɛma no nyinaa yɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛkyerɛ deɛ ɛyɛ nokorɛ a ɛbɛba no. Kristo ne nokorɛ no.
18 μηδεὶς ὑμᾶς καταβραβευέτω θέλων ἐν ταπεινοφροσύνῃ καὶ θρησκίᾳ τῶν ἀγγέλων, ἃ ἑόρακεν ἐμβατεύων, εἰκῇ φυσιούμενος ὑπὸ τοῦ νοὸς τῆς σαρκὸς αὐτοῦ,
Mommma nnipa a wɔboa pa brɛ wɔn ho ase anaa wɔsom abɔfoɔ nnaadaa mo; wɔhoahoa wɔn ho sɛ wɔanya anisoadehunu. Saa ahantanfoɔ yi wɔ anifire su.
19 καὶ οὐ κρατῶν τὴν κεφαλήν, ἐξ οὗ πᾶν τὸ σῶμα διὰ τῶν ἁφῶν καὶ συνδέσμων ἐπιχορηγούμενον καὶ συνβιβαζόμενον αὔξει τὴν αὔξησιν τοῦ θεοῦ.
Saa nnipa yi nyɛ Kristo a ɔyɛ onipadua no nyinaa Ti no dea bio. Kristo na ɔma onipadua no ahoɔden na ɔka onipadua no akwaa nyinaa bɔ mu, ma ɛnyini sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɛnyini no.
20 εἰ ἀπεθάνετε σὺν Χριστῷ ἀπὸ τῶν στοιχείων τοῦ κόσμου, τί ὡς ζῶντες ἐν κόσμῳ δογματίζεσθε,
Mo ne Kristo awu enti, moate mo ho afiri ahonhom a wɔdi ewiase so no ho. Adɛn enti na mobɔ mo bra sɛ nnipa a wɔhyɛ saa ewiase no ase? Adɛn enti na modi saa mmara no a ɛkyerɛ sɛ,
21 μὴ ἅψῃ μηδὲ γεύσῃ μηδὲ θίγῃς,
“Monnsɔ yei mu, monnni yei, mommfa mo nsa nka!” no so?
22 ἅ ἐστιν πάντα εἰς φθορὰν τῇ ἀποχρήσει, κατὰ τὰ ἐντάλματα καὶ διδασκαλίας τῶν ἀνθρώπων;
Saa mmara ahodoɔ yi nyinaa yɛ nnipa ahyɛdeɛ ne ne nkyerɛkyerɛ a ɛfa nneɛma a yɛyɛ wɔ asase yi so a daakye ɛbɛtwam.
23 ἅτινά ἐστιν λόγον μὲν ἔχοντα σοφίας ἐν ἐθελοθρησκίᾳ καὶ ταπεινοφροσύνῃ καὶ ἀφειδίᾳ σώματος, οὐκ ἐν τιμῇ τινι πρὸς πλησμονὴν τῆς σαρκός.
Ayɛ sɛ saa Mmara yi so die yɛ pa ara, na ɛma wodɔ Onyankopɔn, anaasɛ ɛma wobrɛ wo ho ase ma wohyɛ wo ho so. Nanso, saa mmara yi nni tumi biara wɔ onipa akɔnnɔ bɔne so.