< Προς Ρωμαιους 6 >

1 τι ουν ερουμεν επιμενουμεν τη αμαρτια ινα η χαρις πλεοναση
Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka? Yɛbɛkɔ so atena bɔne mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a adom bɛdɔɔso anaa?
2 μη γενοιτο οιτινες απεθανομεν τη αμαρτια πως ετι ζησομεν εν αυτη
Ɛnte saa koraa! Yɛawu ama bɔne, na adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tena bɔne mu?
3 η αγνοειτε οτι οσοι εβαπτισθημεν εις χριστον ιησουν εις τον θανατον αυτου εβαπτισθημεν
Anaa monnim sɛ ɛberɛ a wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ ne wuo mu?
4 συνεταφημεν ουν αυτω δια του βαπτισματος εις τον θανατον ινα ωσπερ ηγερθη χριστος εκ νεκρων δια της δοξης του πατρος ουτως και ημεις εν καινοτητι ζωης περιπατησωμεν
Ɛberɛ a wɔbɔɔ yɛn asu no, yɛwuiɛ, na wɔsiee yɛn ne Kristo. Sɛdeɛ Agya Onyankopɔn nam nʼanimuonyam so nyanee Kristo firii awufoɔ mu baa nkwa mu no, saa ara nso na seesei yɛte ase wɔ nkwa foforɔ mu.
5 ει γαρ συμφυτοι γεγοναμεν τω ομοιωματι του θανατου αυτου αλλα και της αναστασεως εσομεθα
Na sɛ yɛne no ayɛ baako wɔ ne wuo mu a, wɔbɛfa saa ɛkwan korɔ no ara so anyane yɛn aba nkwa mu, na yɛne no ayɛ baako.
6 τουτο γινωσκοντες οτι ο παλαιος ημων ανθρωπος συνεσταυρωθη ινα καταργηθη το σωμα της αμαρτιας του μηκετι δουλευειν ημας τη αμαρτια
Yɛnim sɛ wɔbɔɔ yɛn nipadua dada no ne Kristo asɛnnua mu. Wɔyɛɛ yei sɛdeɛ nipadua dada a ɛyɛ bɔne no renyɛ bɔne nkoa bio,
7 ο γαρ αποθανων δεδικαιωται απο της αμαρτιας
ɛfiri sɛ, sɛ onipa wu a, na wɔayi no afiri bɔne tumi ase.
8 ει δε απεθανομεν συν χριστω πιστευομεν οτι και συζησομεν αυτω
Sɛ yɛne Kristo awu a, yɛwɔ gyidie sɛ yɛne no bɛtena.
9 ειδοτες οτι χριστος εγερθεις εκ νεκρων ουκετι αποθνησκει θανατος αυτου ουκετι κυριευει
Ɛfiri sɛ, yɛnim sɛ wɔanyane Kristo afiri owuo mu na ɔrenwu bio. Owuo nni ne so tumi bio.
10 ο γαρ απεθανεν τη αμαρτια απεθανεν εφαπαξ ο δε ζη ζη τω θεω
Owuo a ɔwuiɛ no, ɔwuu prɛko maa bɔne, na ase a ɔte yi, ɔte ase ma Onyankopɔn.
11 ουτως και υμεις λογιζεσθε εαυτους νεκρους μεν ειναι τη αμαρτια ζωντας δε τω θεω εν χριστω ιησου τω κυριω ημων
Ɛno enti, saa ɛkwan korɔ ara so no, ɛsɛ sɛ mofa mo ho sɛ moawu ama bɔne, na mote ase ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu.
12 μη ουν βασιλευετω η αμαρτια εν τω θνητω υμων σωματι εις το υπακουειν αυτη εν ταις επιθυμιαις αυτου
Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo nipadua a ɛwuiɛ no so na amma mo anyɛ bɔne.
13 μηδε παριστανετε τα μελη υμων οπλα αδικιας τη αμαρτια αλλα παραστησατε εαυτους τω θεω ως εκ νεκρων ζωντας και τα μελη υμων οπλα δικαιοσυνης τω θεω
Saa ara nso, ɛnsɛ sɛ mogyaa mo honam akwaa biara ma bɔne sɛ nneɛma a wɔde di amumuyɛsɛm. Na mmom, momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ nnipa a wɔanyane mo afiri owuo mu aba nkwa mu. Momfa mo ho nyinaa mma no, na ɔmfa mo nyɛ tenenee nnwuma.
14 αμαρτια γαρ υμων ου κυριευσει ου γαρ εστε υπο νομον αλλ υπο χαριν
Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo so, ɛfiri sɛ monnhyɛ mmara ase, na mmom, mohyɛ adom ase.
15 τι ουν αμαρτησομεν οτι ουκ εσμεν υπο νομον αλλ υπο χαριν μη γενοιτο
Ɛdeɛn bio? Esiane sɛ yɛnhyɛ mmara ase na yɛhyɛ adom ase no enti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ bɔne anaa? Dabi!
16 ουκ οιδατε οτι ω παριστανετε εαυτους δουλους εις υπακοην δουλοι εστε ω υπακουετε ητοι αμαρτιας εις θανατον η υπακοης εις δικαιοσυνην
Monnim sɛ, deɛ motie no ara na ne nkoa ne mo anaa? Sɛ ɛyɛ bɔne a ɛde kɔ owuo mu, anaasɛ ɔsetie a ɛde kɔ tenenee mu.
17 χαρις δε τω θεω οτι ητε δουλοι της αμαρτιας υπηκουσατε δε εκ καρδιας εις ον παρεδοθητε τυπον διδαχης
Nanso, yɛda Onyankopɔn ase! Ɛfiri sɛ, berɛ bi a atwam no a na moyɛ bɔne nkoa no, mode mo akoma nyinaa tiee nkyerɛkyerɛ a wɔde maa mo no.
18 ελευθερωθεντες δε απο της αμαρτιας εδουλωθητε τη δικαιοσυνη
Wɔagye mo afiri bɔne mu ma moabɛyɛ nkoa ama tenenee.
19 ανθρωπινον λεγω δια την ασθενειαν της σαρκος υμων ωσπερ γαρ παρεστησατε τα μελη υμων δουλα τη ακαθαρσια και τη ανομια εις την ανομιαν ουτως νυν παραστησατε τα μελη υμων δουλα τη δικαιοσυνη εις αγιασμον
Esiane mo nipasu enti, mede nkoasom ho mfonitwa reboa mo ama moate yeinom nyinaa ase. Sɛdeɛ mmerɛ bi mode mo ho nyinaa maeɛ sɛ afideɛ ne amumuyɛsɛm nkoa no, afei deɛ momfa nyɛ nkoa mma tenenee nkɔ kronkronyɛ mu.
20 οτε γαρ δουλοι ητε της αμαρτιας ελευθεροι ητε τη δικαιοσυνη
Ɛberɛ a na moyɛ bɔne nkoa no, na teneneeyɛ nni mo so tumi.
21 τινα ουν καρπον ειχετε τοτε εφ οις νυν επαισχυνεσθε το γαρ τελος εκεινων θανατος
Moyɛɛ nneɛma a afei deɛ mo ani wu wɔ ho no, mfasoɔ bɛn na monyaeɛ? Deɛ ɛkɔwieɛ ne owuo.
22 νυνι δε ελευθερωθεντες απο της αμαρτιας δουλωθεντες δε τω θεω εχετε τον καρπον υμων εις αγιασμον το δε τελος ζωην αιωνιον (aiōnios g166)
Nanso, seesei wɔagye mo afiri owuo mu ama moabɛyɛ Onyankopɔn nkoa. Mfasoɔ a monya wɔ mu no kɔ kronkronyɛ mu, na deɛ ɛfiri mu ba yɛ nkwa a ɛnni awieeɛ. (aiōnios g166)
23 τα γαρ οψωνια της αμαρτιας θανατος το δε χαρισμα του θεου ζωη αιωνιος εν χριστω ιησου τω κυριω ημων (aiōnios g166)
Na bɔne so akatua yɛ owuo, nanso Onyankopɔn akyɛdeɛ yɛ nkwa a ɛnni awieeɛ, wɔ Kristo Yesu yɛn AWURADE mu. (aiōnios g166)

< Προς Ρωμαιους 6 >