< Κατα Ιωαννην 21 >
1 Μετὰ ταῦτα ἐφανέρωσεν ἑαυτὸν πάλιν Ἰησοῦς τοῖς μαθηταῖς ἐπὶ τῆς θαλάσσης τῆς Τιβεριάδος· ἐφανέρωσεν δὲ οὕτως.
Akyiri no Yesu yii ne ho adi bio wɔ Tiberia Po ho kyerɛɛ nʼasuafo no mu bi. Ɔkwan a ɔfaa so yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn no ni:
2 ἦσαν ὁμοῦ Σίμων Πέτρος καὶ Θωμᾶς ὁ λεγόμενος Δίδυμος καὶ Ναθαναὴλ ὁ ἀπὸ Κανᾶ τῆς Γαλιλαίας καὶ οἱ τοῦ Ζεβεδαίου καὶ ἄλλοι ἐκ τῶν μαθητῶν αὐτοῦ δύο.
Saa bere no na Simon Petro ne Toma (a wɔfrɛ no Ata), ne Natanael a ofi Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne Yesu asuafo no mu baanu na na wɔwɔ faako.
3 λέγει αὐτοῖς Σίμων Πέτρος Ὑπάγω ἁλιεύειν. λέγουσιν αὐτῷ Ἐρχόμεθα καὶ ἡμεῖς σὺν σοί. ἐξῆλθον καὶ ἐνέβησαν εἰς τὸ πλοῖον, καὶ ἐν ἐκείνῃ τῇ νυκτὶ ἐπίασαν οὐδέν.
Wɔwɔ hɔ no, Petro ka kyerɛɛ wɔn a wɔaka no se, “Merekoyi nam.” Wɔn a na wɔka ne ho no ka kyerɛɛ no se, “Yɛne wo bɛkɔ.” Wɔn nyinaa kɔtenaa ɔkorow mu, nanso saa anadwo no wɔanyi nam biara.
4 πρωΐας δὲ ἤδη γινομένης ἔστη Ἰησοῦς εἰς τὸν αἰγιαλόν· οὐ μέντοι ᾔδεισαν οἱ μαθηταὶ ὅτι Ἰησοῦς ἐστιν.
Ade kyee anɔpa a anim retetew no, Yesu begyinaa mpoano hɔ, nanso na asuafo no nnim sɛ ɛyɛ ɔno.
5 λέγει οὖν αὐτοῖς Ἰησοῦς Παιδία, μή τι προσφάγιον ἔχετε; ἀπεκρίθησαν αὐτῷ Οὔ.
Ɔfrɛɛ asuafo no bisaa wɔn se, “Anuanom, moayi nam bi ana?” Wobuae se, “Dabi.”
6 ὁ δὲ εἶπεν αὐτοῖς Βάλετε εἰς τὰ δεξιὰ μέρη τοῦ πλοίου τὸ δίκτυον, καὶ εὑρήσετε. ἔβαλον οὖν, καὶ οὐκέτι αὐτὸ ἑλκύσαι ἴσχυον ἀπὸ τοῦ πλήθους τῶν ἰχθύων.
Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mungu mo asau no wɔ nifa fam na mubeyi nam.” Woguu asau no sɛnea ɔkae no. Nam yɛɛ asau no ma sɛɛ tɔ a na wɔtwe a ɛntwe.
7 λέγει οὖν ὁ μαθητὴς ἐκεῖνος ὃν ἠγάπα ὁ Ἰησοῦς τῷ Πέτρῳ Ὁ Κύριός ἐστιν. Σίμων οὖν Πέτρος, ἀκούσας ὅτι ὁ Κύριός ἐστιν, τὸν ἐπενδύτην διεζώσατο, ἦν γὰρ γυμνός, καὶ ἔβαλεν ἑαυτὸν εἰς τὴν θάλασσαν·
Afei osuani a Yesu dɔ no no ka kyerɛɛ Petro se, “Ɛyɛ Awurade.” Bere a Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no ɔhyɛɛ nʼatade, (efisɛ na waworɔw) huruw tɔɔ asu no mu guare kɔɔ mpoano hɔ.
8 οἱ δὲ ἄλλοι μαθηταὶ τῷ πλοιαρίῳ ἦλθον, οὐ γὰρ ἦσαν μακρὰν ἀπὸ τῆς γῆς ἀλλὰ ὡς ἀπὸ πηχῶν διακοσίων, σύροντες τὸ δίκτυον τῶν ἰχθύων.
Asuafo a wɔaka no tenaa ɔkorow no mu baa mpoano hɔ bi. Wɔreba no na wɔretwe asau a na nam ahyɛ no ma sɛɛ tɔ. Ɔkwan a efi faako a wɔwɔ wɔ po no so ba mpoano hɔ no bɛyɛ mita ɔha.
9 ὡς οὖν ἀπέβησαν εἰς τὴν γῆν, βλέπουσιν ἀνθρακιὰν κειμένην καὶ ὀψάριον ἐπικείμενον καὶ ἄρτον.
Woduu mpoano hɔ no wohuu sɛ obi asɔ ogya retoto nam na brodo bi nso gu nkyɛn.
10 λέγει αὐτοῖς ὁ Ἰησοῦς Ἐνέγκατε ἀπὸ τῶν ὀψαρίων ὧν ἐπιάσατε νῦν.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa nam a moayi no bi mmra.”
11 ἀνέβη Σίμων Πέτρος καὶ εἵλκυσεν τὸ δίκτυον εἰς τὴν γῆν μεστὸν ἰχθύων μεγάλων ἑκατὸν πεντήκοντα τριῶν· καὶ τοσούτων ὄντων οὐκ ἐσχίσθη τὸ δίκτυον.
Simon Petro foro kɔɔ ɔkorow no mu kɔtwee asau a na nam akɛse bɛyɛ ɔha aduonum abiɛsa wɔ mu no baa mpoano hɔ. Ɛwɔ mu sɛ na nam ayɛ asau no ma de, nanso antetew.
12 λέγει αὐτοῖς ὁ Ἰησοῦς Δεῦτε ἀριστήσατε. οὐδεὶς ἐτόλμα τῶν μαθητῶν ἐξετάσαι αὐτόν Σὺ τίς εἶ; εἰδότες ὅτι ὁ Κύριός ἐστιν.
Yesu frɛɛ wɔn se, “Mummedidi.” Asuafo no mu biara ammisa no onipa ko a ɔyɛ efisɛ na wonim sɛ ɛyɛ Awurade.
13 ἔρχεται Ἰησοῦς καὶ λαμβάνει τὸν ἄρτον καὶ δίδωσιν αὐτοῖς, καὶ τὸ ὀψάριον ὁμοίως.
Yesu faa brodo no kyekyɛ maa wɔn. Eyi akyi no, ɔkyɛɛ nam no nso maa wɔn.
14 τοῦτο ἤδη τρίτον ἐφανερώθη Ἰησοῦς τοῖς μαθηταῖς ἐγερθεὶς ἐκ νεκρῶν.
Eyi ne ne mprɛnsa so a Yesu sɔre fii awufo mu no, oyii ne ho adi kyerɛɛ nʼasuafo no.
15 Ὅτε οὖν ἠρίστησαν, λέγει τῷ Σίμωνι Πέτρῳ ὁ Ἰησοῦς Σίμων Ἰωάνου, ἀγαπᾷς με πλέον τούτων; λέγει αὐτῷ Ναί, Κύριε, σὺ οἶδας ὅτι φιλῶ σε. λέγει αὐτῷ Βόσκε τὰ ἀρνία μου.
Wodidi wiei no, Yesu bisaa Simon Petro se, “Yohane ba Simon, wodɔ me sen sɛnea eyinom dɔ me no ana?” Petro buae se, “Yiw, Awurade, wunim sɛ medɔ wo.” Yesu ka kyerɛɛ no se, “Yɛn me nguamma.”
16 λέγει αὐτῷ πάλιν δεύτερον Σίμων Ἰωάνου, ἀγαπᾷς με; λέγει αὐτῷ Ναί, Κύριε, σὺ οἶδας ὅτι φιλῶ σε. λέγει αὐτῷ Ποίμαινε τὰ προβάτιά μου.
Yesu san bisaa no se, “Yohane ba Simon, wodɔ me ana?” Petro san buae se, “Yiw, Awurade, wunim sɛ medɔ wo.” Yesu san ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ me nguan.”
17 λέγει αὐτῷ τὸ τρίτον Σίμων Ἰωάνου, φιλεῖς με; ἐλυπήθη ὁ Πέτρος ὅτι εἶπεν αὐτῷ τὸ τρίτον Φιλεῖς με; καὶ εἶπεν αὐτῷ Κύριε, πάντα σὺ οἶδας, σὺ γινώσκεις ὅτι φιλῶ σε. λέγει αὐτῷ Ἰησοῦς Βόσκε τὰ προβάτιά μου.
Yesu bisaa no ne mprɛnsa so se, “Yohane ba Simon, ampa ara sɛ wodɔ me?” Asɛm yi yɛɛ Petro awerɛhow sɛ Yesu abisa no saa asɛm koro no ara mprɛnsa. Enti ɔka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, wunim biribiara, na wunim nso sɛ medɔ wo!” Yesu ka kyerɛɛ no se, “Yɛn me nguan.
18 ἀμὴν ἀμὴν λέγω σοι, ὅτε ἦς νεώτερος, ἐζώννυες σεαυτὸν καὶ περιεπάτεις ὅπου ἤθελες· ὅταν δὲ γηράσῃς, ἐκτενεῖς τὰς χεῖράς σου, καὶ ἄλλος ζώσει σε καὶ οἴσει ὅπου οὐ θέλεις.
Meka nokware akyerɛ wo. Woyɛ aberante no, na wutumi siesie wo ho kɔ baabiara a wopɛ, na woyɛ nea wopɛ biara nso. Nanso sɛ wobɔ akwakoraa a, wobɛteɛ wo nsam na obi asiesie wo ho ama wo, de wo akɔ baabi a anka wompɛ sɛ wokɔ.”
19 τοῦτο δὲ εἶπεν σημαίνων ποίῳ θανάτῳ δοξάσει τὸν Θεόν. καὶ τοῦτο εἰπὼν λέγει αὐτῷ Ἀκολούθει μοι.
Asɛm a Yesu kaa no de kyerɛɛ owu ko a Petro bewu de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam. Yesu ka kyerɛɛ Petro se, “Di mʼakyi.”
20 ἐπιστραφεὶς ὁ Πέτρος βλέπει τὸν μαθητὴν ὃν ἠγάπα ὁ Ἰησοῦς ἀκολουθοῦντα, ὃς καὶ ἀνέπεσεν ἐν τῷ δείπνῳ ἐπὶ τὸ στῆθος αὐτοῦ καὶ εἶπεν Κύριε, τίς ἐστιν ὁ παραδιδούς σε;
Petro twaa nʼani hwɛɛ nʼakyi huu sɛ osuani a Yesu dɔ no no di wɔn akyi. Saa osuani yi ne obi a wɔredidi no, otwiw bɛn Yesu bisaa no se, “Awurade, hena na obeyi wo ama?” no.
21 τοῦτον οὖν ἰδὼν ὁ Πέτρος λέγει τῷ Ἰησοῦ Κύριε, οὗτος δὲ τί;
Petro huu saa osuani no, obisaa Yesu se, “Awurade, na oyi nso dɛn na ɛbɛto no?”
22 λέγει αὐτῷ ὁ Ἰησοῦς Ἐὰν αὐτὸν θέλω μένειν ἕως ἔρχομαι, τί πρὸς σέ; σύ μοι ἀκολούθει.
Yesu buaa no se, “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ mɛsan aba a, ɛfa wo ho bɛn? Wo de, di mʼakyi.”
23 ἐξῆλθεν οὖν οὗτος ὁ λόγος εἰς τοὺς ἀδελφοὺς ὅτι ὁ μαθητὴς ἐκεῖνος οὐκ ἀποθνήσκει· οὐκ εἶπεν δὲ αὐτῷ ὁ Ἰησοῦς ὅτι οὐκ ἀποθνήσκει, ἀλλ’ Ἐὰν αὐτὸν θέλω μένειν ἕως ἔρχομαι, τί πρὸς σέ;
Asɛm a Yesu ka faa saa osuani yi ho no maa Yesu akyidifo no mu pii susuw sɛ, saa osuani no renwu da. Nanso na ɛnyɛ nea Yesu hwehwɛ akyerɛ ne no, bere a ɔkae se, “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ mɛsan aba a, ɛfa wo ho bɛn?”
24 Οὗτός ἐστιν ὁ μαθητὴς ὁ μαρτυρῶν περὶ τούτων καὶ ὁ γράψας ταῦτα, καὶ οἴδαμεν ὅτι ἀληθὴς αὐτοῦ ἡ μαρτυρία ἐστίν.
Saa osuani yi ne onipa a odi eyinom nyinaa ho adanse na ɔkyerɛw nso. Yenim sɛ nʼadansedi no yɛ nokware.
25 Ἔστιν δὲ καὶ ἄλλα πολλὰ ἃ ἐποίησεν ὁ Ἰησοῦς, ἅτινα ἐὰν γράφηται καθ’ ἕν, οὐδ’ αὐτὸν οἶμαι τὸν κόσμον χωρήσειν τὰ γραφόμενα βιβλία.
Nneɛma bebree wɔ hɔ nso a Yesu yɛe a wɔankyerɛw, na sɛ wɔkyerɛw no mmaako mmaako a, anka migye di sɛ ɛrensen wiase.