< Πραξεις 22 >

1 Ἄνδρες ἀδελφοὶ καὶ πατέρες, ἀκούσατέ μου τῆς πρὸς ὑμᾶς νυνὶ ἀπολογίας.
“Anuanom ne agyanom, montie mʼanoyie yi.”
2 —ἀκούσαντες δὲ ὅτι τῇ Ἑβραΐδι διαλέκτῳ προσεφώνει αὐτοῖς μᾶλλον παρέσχον ἡσυχίαν. καὶ φησίν—
Wɔtee sɛ ɔka Arameike no, wɔyɛɛ komm koraa. Paulo toaa so sɛ,
3 Ἐγώ εἰμι ἀνὴρ Ἰουδαῖος, γεγεννημένος ἐν Ταρσῷ τῆς Κιλικίας, ἀνατεθραμμένος δὲ ἐν τῇ πόλει ταύτῃ, παρὰ τοὺς πόδας Γαμαλιήλ πεπαιδευμένος κατὰ ἀκρίβειαν τοῦ πατρῴου νόμου, ζηλωτὴς ὑπάρχων τοῦ Θεοῦ καθὼς πάντες ὑμεῖς ἐστε σήμερον·
“Meyɛ Yudani a wɔwoo me wɔ Tarso a ɛwɔ Kilikia. Wɔtetee me wɔ Yerusalem wɔ Gamaliel nan ase. Mesuaa sɛdeɛ wɔdi Yudafoɔ mmara ne wɔn amanneɛ so pɛpɛɛpɛ. Mebɔɔ mmɔden sɛ biribiara a meyɛ no, mede bɛhyɛ Onyankopɔn animuonyam sɛdeɛ mo nyinaa nso reyɛ ɛnnɛ yi.
4 ὃς ταύτην τὴν Ὁδὸν ἐδίωξα ἄχρι θανάτου, δεσμεύων καὶ παραδιδοὺς εἰς φυλακὰς ἄνδρας τε καὶ γυναῖκας,
Metaa nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho no nyinaa ma wɔkunkumm wɔn. Mekyeree mmaa ne mmarima de wɔn guu afiase.
5 ὡς καὶ ὁ ἀρχιερεὺς μαρτυρεῖ μοι καὶ πᾶν τὸ πρεσβυτέριον· παρ’ ὧν καὶ ἐπιστολὰς δεξάμενος πρὸς τοὺς ἀδελφοὺς εἰς Δαμασκὸν ἐπορευόμην, ἄξων καὶ τοὺς ἐκεῖσε ὄντας δεδεμένους εἰς Ἱερουσαλὴμ ἵνα τιμωρηθῶσιν.
Ɔsɔfopanin ne agyinatufoɔ no nyinaa di me adanseɛ sɛ, asɛm a mereka yi yɛ nokorɛ. Wɔn nkyɛn mpo na megyee tumi nwoma sɛ mede rekɔma anuanom Yudafoɔ a wɔwɔ Damasko no. Saa nwoma no na anka mɛgyina so makyekyere nnipa a wɔdi Awurade asɛm so no agu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, de wɔn aba Yerusalem na wɔatwe wɔn aso.
6 Ἐγένετο δέ μοι πορευομένῳ καὶ ἐγγίζοντι τῇ Δαμασκῷ περὶ μεσημβρίαν ἐξαίφνης ἐκ τοῦ οὐρανοῦ περιαστράψαι φῶς ἱκανὸν περὶ ἐμέ,
“Owigyinaeɛ a mereyɛ maduru Damasko no, prɛko pɛ, hann bi twa faa me ho.
7 ἔπεσά τε εἰς τὸ ἔδαφος καὶ ἤκουσα φωνῆς λεγούσης μοι Σαοὺλ Σαούλ, τί με διώκεις;
Metwa hwee fam, na metee nne bi a ɛrebisa me sɛ, ‘Saulo! Saulo! Adɛn enti na wotaa me?’
8 ἐγὼ δὲ ἀπεκρίθην Τίς εἶ, Κύριε; εἶπέν τε πρὸς ἐμέ Ἐγώ εἰμι Ἰησοῦς ὁ Ναζωραῖος, ὃν σὺ διώκεις.
“Mebisaa sɛ, ‘Ɛyɛ wo hwan, Awurade?’ “Ɛnne no buaa me sɛ, ‘Ɛyɛ me Nasareni Yesu a wotaa me no.’
9 οἱ δὲ σὺν ἐμοὶ ὄντες τὸ μὲν φῶς ἐθεάσαντο, τὴν δὲ φωνὴν οὐκ ἤκουσαν τοῦ λαλοῦντός μοι.
Nnipa a na wɔne me nam no hunuu hann no de, nanso wɔante nne a ɛkasa kyerɛɛ me no.
10 εἶπον δέ Τί ποιήσω, Κύριε; ὁ δὲ Κύριος εἶπεν πρός με Ἀναστὰς πορεύου εἰς Δαμασκόν, κἀκεῖ σοι λαληθήσεται περὶ πάντων ὧν τέτακταί σοι ποιῆσαι.
“Mebisaa sɛ, ‘Ɛdeɛn na menyɛ, Awurade?’ “Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sɔre na kɔ Damasko, na ɛhɔ na mɛkyerɛ wo biribiara a mepɛ sɛ woyɛ.’
11 ὡς δὲ οὐκ ἐνέβλεπον ἀπὸ τῆς δόξης τοῦ φωτὸς ἐκείνου, χειραγωγούμενος ὑπὸ τῶν συνόντων μοι ἦλθον εἰς Δαμασκόν.
Hann no hyerɛn ano den maa mʼani firaeɛ enti nnipa a na me ne wɔn rekɔ no sosɔɔ me nsa de me kɔɔ Damasko.
12 Ἀνανίας δέ τις ἀνὴρ εὐλαβὴς κατὰ τὸν νόμον, μαρτυρούμενος ὑπὸ πάντων τῶν κατοικούντων Ἰουδαίων,
“Na Onipa bi a wɔfrɛ no Anania a ɔdi Mose mmara so a na Yudafoɔ nyinaa di no ni no te Damasko hɔ.
13 ἐλθὼν πρὸς ἐμὲ καὶ ἐπιστὰς εἶπέν μοι Σαοὺλ ἀδελφέ, ἀνάβλεψον. κἀγὼ αὐτῇ τῇ ὥρᾳ ἀνέβλεψα εἰς αὐτόν.
Ɔbaa me nkyɛn bɛkaa sɛ, ‘Onua Saulo, hunu adeɛ bio!’
14 ὁ δὲ εἶπεν Ὁ Θεὸς τῶν πατέρων ἡμῶν προεχειρίσατό σε γνῶναι τὸ θέλημα αὐτοῦ καὶ ἰδεῖν τὸν Δίκαιον καὶ ἀκοῦσαι φωνὴν ἐκ τοῦ στόματος αὐτοῦ,
“Ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Yɛn nananom Onyankopɔn ayi wo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛyɛ nʼapɛdeɛ na woahunu ɔteneneeni no, na wobɛte nʼankasa ne nne sɛ ɛkasa kyerɛ wo.
15 ὅτι ἔσῃ μάρτυς αὐτῷ πρὸς πάντας ἀνθρώπους ὧν ἑώρακας καὶ ἤκουσας.
Wobɛdi adanseɛ afa biribiara a woahunu na woate wɔ Awurade ho no akyerɛ nnipa nyinaa.
16 καὶ νῦν τί μέλλεις; ἀναστὰς βάπτισαι καὶ ἀπόλουσαι τὰς ἁμαρτίας σου, ἐπικαλεσάμενος τὸ ὄνομα αὐτοῦ.
Afei, ɛdeɛn na woretwɛn bio? Sɔre na ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne wɔ Yesu din mu.’
17 Ἐγένετο δέ μοι ὑποστρέψαντι εἰς Ἱερουσαλὴμ καὶ προσευχομένου μου ἐν τῷ ἱερῷ γενέσθαι με ἐν ἐκστάσει
“Mesane mekɔɔ Yerusalem na merebɔ mpaeɛ wɔ asɔredan mu no,
18 καὶ ἰδεῖν αὐτὸν λέγοντά μοι Σπεῦσον καὶ ἔξελθε ἐν τάχει ἐξ Ἱερουσαλήμ, διότι οὐ παραδέξονταί σου μαρτυρίαν περὶ ἐμοῦ.
mehunuu Awurade wɔ anisoadehunu mu na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Yɛ ntɛm firi Yerusalem ha, ɛfiri sɛ, nnipa a wɔwɔ ha no rentie adanseɛ a wodi fa me ho no.’
19 κἀγὼ εἶπον Κύριε, αὐτοὶ ἐπίστανται ὅτι ἐγὼ ἤμην φυλακίζων καὶ δέρων κατὰ τὰς συναγωγὰς τοὺς πιστεύοντας ἐπὶ σέ·
“Mekaa sɛ, ‘Awurade, wɔn nyinaa nim pefee sɛ mekɔɔ hyiadan mu kɔkyekyeree asuafoɔ, boroo wɔn.
20 καὶ ὅτε ἐξεχύννετο τὸ αἷμα Στεφάνου τοῦ μάρτυρός σου, καὶ αὐτὸς ἤμην ἐφεστὼς καὶ συνευδοκῶν καὶ φυλάσσων τὰ ἱμάτια τῶν ἀναιρούντων αὐτόν.
Saa ara nso na ɛberɛ a wɔkumm wo danseni Stefano no, na mewɔ hɔ bi. Mepenee ne kum no so, hwɛɛ awudifoɔ no ntoma so.’
21 καὶ εἶπεν πρός με Πορεύου, ὅτι ἐγὼ εἰς ἔθνη μακρὰν ἐξαποστελῶ σε.
“Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sɔre na kɔ, ɛfiri sɛ, mɛsoma wo akɔ akyirikyiri, amanamanmufoɔ nkyɛn!’”
22 Ἤκουον δὲ αὐτοῦ ἄχρι τούτου τοῦ λόγου, καὶ ἐπῆραν τὴν φωνὴν αὐτῶν λέγοντες Αἶρε ἀπὸ τῆς γῆς τὸν τοιοῦτον· οὐ γὰρ καθῆκεν αὐτὸν ζῆν.
Ɛberɛ a Paulo kaa sɛ wɔasoma no amanamanmufoɔ nkyɛn pɛ, ɛdɔm no hyɛɛ aseɛ teateaam denden sɛ, “Monkum no! Ɔmfata sɛ ɔtena ewiase!”
23 κραυγαζόντων τε αὐτῶν καὶ ῥιπτούντων τὰ ἱμάτια καὶ κονιορτὸν βαλλόντων εἰς τὸν ἀέρα,
Nnipa no kɔɔ so teateaam, hugyaa wɔn ntoma, saa mfuturo, to petee ewiem.
24 ἐκέλευσεν ὁ χιλίαρχος εἰσάγεσθαι αὐτὸν εἰς τὴν παρεμβολήν, εἴπας μάστιξιν ἀνετάζεσθαι αὐτὸν, ἵνα ἐπιγνῷ δι’ ἣν αἰτίαν οὕτως ἐπεφώνουν αὐτῷ.
Roma safohene no hyɛɛ sɛ wɔmfa Paulo nkɔ aban mu, nkɔbɔ no mmaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛka deɛ enti a nnipa no nyinaa mpɛ sɛ wɔtie nʼasɛm no.
25 ὡς δὲ προέτειναν αὐτὸν τοῖς ἱμᾶσιν, εἶπεν πρὸς τὸν ἑστῶτα ἑκατόνταρχον ὁ Παῦλος Εἰ ἄνθρωπον Ῥωμαῖον καὶ ἀκατάκριτον ἔξεστιν ὑμῖν μαστίζειν;
Ɛberɛ a wɔkyekyeree no wieeɛ a wɔrebɛbɔ no mmaa no, Paulo bisaa ɔsraani panin a na ɔgyina hɔ no sɛ, “Mowɔ ho ɛkwan sɛ mobɔ Romani a wɔnnii nʼasɛm mmuu no fɔ no mmaa anaa?”
26 ἀκούσας δὲ ὁ ἑκατοντάρχης προσελθὼν τῷ χιλιάρχῳ ἀπήγγειλεν λέγων Τί μέλλεις ποιεῖν; ὁ γὰρ ἄνθρωπος οὗτος Ῥωμαῖός ἐστιν.
Ɛberɛ a ɔsraani panin no tee saa asɛm yi no, ɔkɔɔ ɔsafohene no nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ sɛ woyɛ yi? Onipa no yɛ Romani!”
27 προσελθὼν δὲ ὁ χιλίαρχος εἶπεν αὐτῷ Λέγε μοι, σὺ Ῥωμαῖος εἶ; ὁ δὲ ἔφη Ναί.
Afei, ɔsafohene no kɔɔ Paulo nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Woyɛ Romani anaa?” Paulo buaa no sɛ, “Aane meyɛ Romani.”
28 ἀπεκρίθη δὲ ὁ χιλίαρχος Ἐγὼ πολλοῦ κεφαλαίου τὴν πολιτείαν ταύτην ἐκτησάμην. ὁ δὲ Παῦλος ἔφη Ἐγὼ δὲ καὶ γεγέννημαι.
Ɔsafohene no kaa sɛ, “Metuaa sika bebree na mede tɔɔ me Roma manbayɛ.” Paulo nso kaa sɛ, “Me de wɔwoo me sɛ Romani.”
29 εὐθέως οὖν ἀπέστησαν ἀπ’ αὐτοῦ οἱ μέλλοντες αὐτὸν ἀνετάζειν· καὶ ὁ χιλίαρχος δὲ ἐφοβήθη ἐπιγνοὺς ὅτι Ῥωμαῖός ἐστιν καὶ ὅτι αὐτὸν ἦν δεδεκώς.
Ntɛm ara, nnipa a na wɔrebɛbisa Paulo nsɛm no twee wɔn ho firii ne nkyɛn. Ɔsafohene no tee sɛ Paulo yɛ Romani no, ɔsuroeɛ sɛ wama wɔagu Paulo nkɔnsɔnkɔnsɔn.
30 Τῇ δὲ ἐπαύριον βουλόμενος γνῶναι τὸ ἀσφαλὲς, τὸ τί κατηγορεῖται ὑπὸ τῶν Ἰουδαίων, ἔλυσεν αὐτόν, καὶ ἐκέλευσεν συνελθεῖν τοὺς ἀρχιερεῖς καὶ πᾶν τὸ συνέδριον, καὶ καταγαγὼν τὸν Παῦλον ἔστησεν εἰς αὐτούς.
Esiane sɛ na ɔsafohene no pɛ sɛ ɔhunu deɛ enti a Yudafoɔ no asɔre atia Paulo no enti, adeɛ kyeeɛ no, ɔhyɛ maa wɔyii Paulo firii nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. Ɔmaa asɔfoɔ mpanin ne agyinatufoɔ no nyinaa hyiaeɛ. Afei, ɔde Paulo kɔeɛ sɛ wɔnhwehwɛ nʼasɛm no mu.

< Πραξεις 22 >