< Προς Τιμοθεον Β΄ 4 >
1 Διαμαρτύρομαι ἐνώπιον τοῦ Θεοῦ καὶ Χριστοῦ Ἰησοῦ, τοῦ μέλλοντος κρίνειν ζῶντας καὶ νεκρούς, καὶ τὴν ἐπιφάνειαν αὐτοῦ καὶ τὴν βασιλείαν αὐτοῦ·
Migyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu a obebu ateasefo ne awufo ntɛn, ne ba a ɔbɛba ne nʼahenni no so hyɛ wo sɛ,
2 κήρυξον τὸν λόγον, ἐπίστηθι εὐκαίρως ἀκαίρως, ἔλεγξον, ἐπιτίμησον, παρακάλεσον, ἐν πάσῃ μακροθυμίᾳ καὶ διδαχῇ.
ka asɛm no, na bere biara gyina ne ka mu dennen yi ntɛn. Ka anim, tu fo na kyerɛkyerɛ wɔ boasetɔ mu.
3 ἔσται γὰρ καιρὸς ὅτε τῆς ὑγιαινούσης διδασκαλίας οὐκ ἀνέξονται, ἀλλὰ κατὰ τὰς ἰδίας ἐπιθυμίας ἑαυτοῖς ἐπισωρεύσουσιν διδασκάλους κνηθόμενοι τὴν ἀκοήν,
Bere bi bɛba a nnipa rentie nkyerɛkyerɛ pa no, na mmom wobedi wɔn ara wɔn asɛde akyi na wɔaboaboa akyerɛkyerɛfo a wɔbɛka nsɛm a wɔrehwehwɛ atie no ano, na wɔaka akyerɛ wɔn.
4 καὶ ἀπὸ μὲν τῆς ἀληθείας τὴν ἀκοὴν ἀποστρέψουσιν, ἐπὶ δὲ τοὺς μύθους ἐκτραπήσονται.
Wɔbɛpo nokware no tie, na wɔatie anansesɛm.
5 σὺ δὲ νῆφε ἐν πᾶσιν, κακοπάθησον, ἔργον ποίησον εὐαγγελιστοῦ, τὴν διακονίαν σου πληροφόρησον.
Nanso mmere nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ wohwɛ wo ho so yiye. Mia wʼani wɔ amanehunu mu. Yɛ ɔsɛmpakafo adwuma na di wo dwuma nyinaa sɛ Onyankopɔn somfo.
6 Ἐγὼ γὰρ ἤδη σπένδομαι, καὶ ὁ καιρὸς τῆς ἀναλύσεώς μου ἐφέστηκεν.
Wogu so rehwie me sɛ afɔre ahwiesa, na bere abɛn sɛ migyaw asetena yi.
7 τὸν καλὸν ἀγῶνα ἠγώνισμαι, τὸν δρόμον τετέλεκα, τὴν πίστιν τετήρηκα·
Ɔko pa no, mako, mmirika no, mawie tu; gyidi no makora.
8 λοιπὸν ἀπόκειταί μοι ὁ τῆς δικαιοσύνης στέφανος, ὃν ἀποδώσει μοι ὁ κύριος ἐν ἐκείνῃ τῇ ἡμέρᾳ, ὁ δίκαιος κριτής, οὐ μόνον δὲ ἐμοὶ ἀλλὰ καὶ πᾶσι τοῖς ἠγαπηκόσι τὴν ἐπιφάνειαν αὐτοῦ.
Afei nea ɛwɔ ma me ne nkonim akyɛde, trenee ahenkyɛw a Awurade a ɔyɛ Otemmufo treneeni no de bɛma me da no, ɛnyɛ me nko, na mmom, wɔn a wɔatena ase wɔ ɔdɔ mu atwɛn no no nyinaa.
9 Σπούδασον ἐλθεῖν πρός με ταχέως·
Bɔ mmɔden bra me nkyɛn ntɛm.
10 Δημᾶς γάρ με ἐγκατέλιπεν ἀγαπήσας τὸν νῦν αἰῶνα, καὶ ἐπορεύθη εἰς Θεσσαλονίκην, Κρήσκης εἰς Γαλατίαν, Τίτος εἰς Δαλματίαν· (aiōn )
Dema dɔɔ nnɛ wiase yi ma ɔyɛɛ saa guan gyaa me hɔ kɔɔ Tesalonika. Kreske kɔɔ Galatia, Tito nso kɔɔ Dalmatia. (aiōn )
11 Λουκᾶς ἐστιν μόνος μετ’ ἐμοῦ. Μᾶρκον ἀναλαβὼν ἄγε μετὰ σεαυτοῦ· ἔστιν γάρ μοι εὔχρηστος εἰς διακονίαν.
Luka nko ara na ɔne me wɔ ha. Fa Marko ka wo ho na wo ne no mmra, efisɛ obetumi aboa me adwuma no yɛ.
12 Τυχικὸν δὲ ἀπέστειλα εἰς Ἔφεσον.
Mesomaa Tihiko kɔɔ Efeso.
13 τὸν φελόνην, ὃν ἀπέλιπον ἐν Τρῳάδι παρὰ Κάρπῳ, ἐρχόμενος φέρε, καὶ τὰ βιβλία, μάλιστα τὰς μεμβράνας.
Sɛ woreba a, fa mʼatade a migyaw wɔ Karpo nkyɛn wɔ Troa no brɛ me. Ɛyɛ a, fa me nwoma mmobɔwee no nso ka ho, ne titiriw no nea wɔde aboa nwoma yɛe no.
14 Ἀλέξανδρος ὁ χαλκεὺς πολλά μοι κακὰ ἐνεδείξατο· ἀποδώσει αὐτῷ ὁ Κύριος κατὰ τὰ ἔργα αὐτοῦ·
Aleksandro, kɔbere dwumfo no, haw me papaapa; Awurade betua no nea ɔyɛɛ no so ka.
15 ὃν καὶ σὺ φυλάσσου· λίαν γὰρ ἀντέστη τοῖς ἡμετέροις λόγοις.
Ɛyɛ a hwɛ wo ho yiye wɔ ne ho, efisɛ na ɔsɔre tia nsɛm a yɛka no mu denneennen.
16 Ἐν τῇ πρώτῃ μου ἀπολογίᾳ οὐδείς μοι παρεγένετο, ἀλλὰ πάντες με ἐγκατέλιπον· μὴ αὐτοῖς λογισθείη·
Bere a mereyi me ho ano no, obiara ammoa me. Wɔn nyinaa guan gyaa me. Onyankopɔn mfa nkyɛ wɔn.
17 ὁ δὲ Κύριός μοι παρέστη καὶ ἐνεδυνάμωσέν με, ἵνα δι’ ἐμοῦ τὸ κήρυγμα πληροφορηθῇ καὶ ἀκούσωσιν πάντα τὰ ἔθνη, καὶ ἐρύσθην ἐκ στόματος λέοντος.
Nanso Awurade ne me tena maa me ahoɔden ma mitumi kaa asɛm no kyerɛɛ amanamanmufo ma wotiei. Ogyee me fii gyata anom.
18 ῥύσεταί με ὁ Κύριος ἀπὸ παντὸς ἔργου πονηροῦ καὶ σώσει εἰς τὴν βασιλείαν αὐτοῦ τὴν ἐπουράνιον· ᾧ ἡ δόξα εἰς τοὺς αἰῶνας τῶν αἰώνων, ἀμήν. (aiōn )
Na Awurade begye me afi bɔne nyinaa mu na ɔde me akɔ ɔsoro Ahenni no mu wɔ asomdwoe mu. Ɔno na anuonyam nka no daa daa. Amen. (aiōn )
19 Ἄσπασαι Πρίσκαν καὶ Ἀκύλαν καὶ τὸν Ὀνησιφόρου οἶκον.
Kyia Priska ne Akwila ne Onesiforo fifo nyinaa ma me.
20 Ἔραστος ἔμεινεν ἐν Κορίνθῳ, Τρόφιμον δὲ ἀπέλιπον ἐν Μιλήτῳ ἀσθενοῦντα.
Erasto kaa Korinto na migyaw Trofimo wɔ Mileto, efisɛ na ɔyare.
21 Σπούδασον πρὸ χειμῶνος ἐλθεῖν. Ἀσπάζεταί σε Εὔβουλος καὶ Πούδης καὶ Λίνος καὶ Κλαυδία καὶ οἱ ἀδελφοὶ πάντες.
Bɔ mmɔden bra ansa na awɔwbere adu. Eubulo ne Pude ne Lino ne Klaudia ne anuanom no nyinaa kyiakyia wo.
22 Ὁ Κύριος μετὰ τοῦ πνεύματός σου. ἡ χάρις μεθ’ ὑμῶν.
Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka mo nyinaa.