< Ῥούθ 3 >

1 εἶπεν δὲ αὐτῇ Νωεμιν ἡ πενθερὰ αὐτῆς θύγατερ οὐ μὴ ζητήσω σοι ἀνάπαυσιν ἵνα εὖ γένηταί σοι
Da bi Naomi ka kyerɛɛ Rut se, “Me babea, bere adu sɛ mehwehwɛ ofi a wobɛtena mu na wubenya nea ehia wo biara.
2 καὶ νῦν οὐχὶ Βοος γνώριμος ἡμῶν οὗ ἦς μετὰ τῶν κορασίων αὐτοῦ ἰδοὺ αὐτὸς λικμᾷ τὸν ἅλωνα τῶν κριθῶν ταύτῃ τῇ νυκτί
Boas yɛ yɛn busuani pɛɛ na wayɛ adɔe mmoroso sɛ wama wo ne nʼadwumayɛfo aboaboa atoko ano. Anadwo yi, obehuhuw atoko so wɔ awiporowbea hɔ.
3 σὺ δὲ λούσῃ καὶ ἀλείψῃ καὶ περιθήσεις τὸν ἱματισμόν σου ἐπὶ σεαυτῇ καὶ ἀναβήσῃ ἐπὶ τὸν ἅλω μὴ γνωρισθῇς τῷ ἀνδρὶ ἕως οὗ συντελέσαι αὐτὸν πιεῖν καὶ φαγεῖν
Enti yɛ nea merekyerɛ wo yi. Guare na tutu aduhuam gu wo ho na fa wo ntade pa bi hyɛ. Afei, kɔ awiporowbea hɔ, nanso mma Boas nhu wo kosi sɛ obedidi awie.
4 καὶ ἔσται ἐν τῷ κοιμηθῆναι αὐτόν καὶ γνώσῃ τὸν τόπον ὅπου κοιμᾶται ἐκεῖ καὶ ἐλεύσῃ καὶ ἀποκαλύψεις τὰ πρὸς ποδῶν αὐτοῦ καὶ κοιμηθήσῃ καὶ αὐτὸς ἀπαγγελεῖ σοι ἃ ποιήσεις
Hwɛ na hu baabi a ɔda hɔ yiye, afei, kɔ na koyi ne nan ho nkataho na da hɔ. Ɔbɛka nea ɔpɛ sɛ woyɛ akyerɛ wo.”
5 εἶπεν δὲ Ρουθ πρὸς αὐτήν πάντα ὅσα ἐὰν εἴπῃς ποιήσω
Rut kae se, “Biribiara a wobɛka akyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛyɛ.”
6 καὶ κατέβη εἰς τὸν ἅλω καὶ ἐποίησεν κατὰ πάντα ὅσα ἐνετείλατο αὐτῇ ἡ πενθερὰ αὐτῆς
Enti ɔkɔɔ awiporowbea hɔ anadwo no, na ɔyɛɛ nea nʼase kyerɛɛ no no mu biara.
7 καὶ ἔφαγεν Βοος καὶ ἠγαθύνθη ἡ καρδία αὐτοῦ καὶ ἦλθεν κοιμηθῆναι ἐν μερίδι τῆς στοιβῆς ἡ δὲ ἦλθεν κρυφῇ καὶ ἀπεκάλυψεν τὰ πρὸς ποδῶν αὐτοῦ
Boas didi wiee no a ne honhom aba ne ho no, ɔkyeaa ne ho too atoko mmoano no ho, na ɔfaa mu dae. Rut yɛɛ nwaa koyii ne nan ho nkataho na ɔdaa hɔ.
8 ἐγένετο δὲ ἐν τῷ μεσονυκτίῳ καὶ ἐξέστη ὁ ἀνὴρ καὶ ἐταράχθη καὶ ἰδοὺ γυνὴ κοιμᾶται πρὸς ποδῶν αὐτοῦ
Anadwo dasum no, Boas bɔɔ pitiri dan ne ho. Ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ohuu sɛ ɔbea da ne nan ase.
9 εἶπεν δέ τίς εἶ σύ ἡ δὲ εἶπεν ἐγώ εἰμι Ρουθ ἡ δούλη σου καὶ περιβαλεῖς τὸ πτερύγιόν σου ἐπὶ τὴν δούλην σου ὅτι ἀγχιστεὺς εἶ σύ
Obisae se, “Na hena ni?” Obuae se, “Ɛyɛ me wo somfo Rut. Trɛw wo nkataso no mu kakra gu me so na woyɛ mʼabusua gyefo.”
10 καὶ εἶπεν Βοος εὐλογημένη σὺ τῷ κυρίῳ θεῷ θύγατερ ὅτι ἠγάθυνας τὸ ἔλεός σου τὸ ἔσχατον ὑπὲρ τὸ πρῶτον τὸ μὴ πορευθῆναί σε ὀπίσω νεανιῶν εἴτοι πτωχὸς εἴτοι πλούσιος
Na Boas kae se, “Awurade nhyira wo, me babea! Worekyerɛ abusua dɔ a bi mmaa da sɛ woankodi aberantewa bi akyi, sɛ ɔwɔ sika anaa ɔyɛ ohiani.
11 καὶ νῦν θύγατερ μὴ φοβοῦ πάντα ὅσα ἐὰν εἴπῃς ποιήσω σοι οἶδεν γὰρ πᾶσα φυλὴ λαοῦ μου ὅτι γυνὴ δυνάμεως εἶ σύ
Afei, me babea, mma hwee nhaw wo. Mɛyɛ nea ehia wo nyinaa. Me kurow yi mu nnipa nyinaa nim sɛ woyɛ ɔbea a wudi wo ho ni.
12 καὶ ὅτι ἀληθῶς ἀγχιστεὺς ἐγώ εἰμι καί γε ἔστιν ἀγχιστεὺς ἐγγίων ὑπὲρ ἐμέ
Nanso akwanside baako wɔ hɔ. Ɛyɛ nokware turodoo sɛ meyɛ mo abusua agyefo mu baako de, nanso ɔbarima foforo bi wɔ hɔ a ɔyɛ obusuani titiriw sen me.
13 αὐλίσθητι τὴν νύκτα καὶ ἔσται τὸ πρωί ἐὰν ἀγχιστεύσῃ σε ἀγαθόν ἀγχιστευέτω ἐὰν δὲ μὴ βούληται ἀγχιστεῦσαί σε ἀγχιστεύσω σε ἐγώ ζῇ κύριος κοιμήθητι ἕως πρωί
Tena ha anadwo yi na sɛ ade kye a, me ne no bɛkasa. Sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ obegye wo a, ɛno de ma ho kwan na ɔnware wo. Na sɛ ɛnyɛ ne pɛ nso a, ɛno de, ɔkwan biara so, sɛ Awurade te ase yi, mɛware wo! Enti da ha ma ade nkye.”
14 καὶ ἐκοιμήθη πρὸς ποδῶν αὐτοῦ ἕως πρωί ἡ δὲ ἀνέστη πρὸ τοῦ ἐπιγνῶναι ἄνδρα τὸν πλησίον αὐτοῦ καὶ εἶπεν Βοος μὴ γνωσθήτω ὅτι ἦλθεν γυνὴ εἰς τὸν ἅλωνα
Enti Rut daa ne nan ho kosii adekyee nanso ɔsɔree ansa na anim tetew. Na Boas ka kyerɛɛ no se, “Ɛnsɛ sɛ obi hu sɛ ɔbea bi bɛdaa awiporowbea ha.”
15 καὶ εἶπεν αὐτῇ φέρε τὸ περίζωμα τὸ ἐπάνω σου καὶ ἐκράτησεν αὐτό καὶ ἐμέτρησεν ἓξ κριθῶν καὶ ἐπέθηκεν ἐπ’ αὐτήν καὶ εἰσῆλθεν εἰς τὴν πόλιν
Boas toaa so kae se, “Fa wʼatade nguguso no bra na trɛw mu.” Ɔsesaw atoko no susukoraa asia guu mu na ɔboaa no ma ɔde hyɛɛ nʼakyi. Na Boas san kɔɔ kurow no mu.
16 καὶ Ρουθ εἰσῆλθεν πρὸς τὴν πενθερὰν αὐτῆς ἡ δὲ εἶπεν τίς εἶ θύγατερ καὶ εἶπεν αὐτῇ πάντα ὅσα ἐποίησεν αὐτῇ ὁ ἀνήρ
Rut baa nʼase Naomi nkyɛn no, obisaa no se, “Me babea, ekosii dɛn?” Rut kaa biribiara a Boas yɛ maa no no kyerɛɛ Naomi,
17 καὶ εἶπεν αὐτῇ τὰ ἓξ τῶν κριθῶν ταῦτα ἔδωκέν μοι ὅτι εἶπεν πρός με μὴ εἰσέλθῃς κενὴ πρὸς τὴν πενθεράν σου
na ɔtoaa so se, “Ɔmaa me atoko susukoraa asia kae se, ‘Mfa nsapan nkɔ wʼase nkyɛn.’”
18 ἡ δὲ εἶπεν κάθου θύγατερ ἕως τοῦ ἐπιγνῶναί σε πῶς οὐ πεσεῖται ῥῆμα οὐ γὰρ μὴ ἡσυχάσῃ ὁ ἀνήρ ἕως ἂν τελέσῃ τὸ ῥῆμα σήμερον
Afei, Naomi kae se, “Me ba, twɛn kosi sɛ wubehu nea ebesi. Ɔbarima no renna so kosi sɛ asɛm no besi nnɛ yi ara.”

< Ῥούθ 3 >